< Hiob 37 >

1 “Eyi ma me koma bɔ kitirikitiri na ehuruw fi nʼatenae.
“Yei ma mʼakoma bɔ paripari na ɛbɔ denden pa ara.
2 Tie! Tie ne nne mmubomu, ne huuyɛ a efi nʼanom reba no.
Tie! Tie ne nne mmobom, ne hooyɛ a ɛfiri nʼanom reba.
3 Ogyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa na ɔma ekodu asase ano.
Ɔgyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa na ɔma ɛkɔduru asase ano.
4 Ɛno akyi na ne mmubomu no ba; ɔde nne kɛse bobɔ mu. Sɛ ɔkasa a, biribiara nsianka no.
Ɛno akyi na ne mmobom no ba; ɔde nne kɛseɛ bobom. Sɛ ɔkasa a, biribiara nsianka no.
5 Onyankopɔn nne bobɔ mu ma no yɛ nwonwa; ɔyɛ nneɛma akɛse a ɛboro yɛn adwene so.
Onyankopɔn nne bobom ma no yɛ nwanwa; ɔyɛ nneɛma akɛseɛ a ɛboro yɛn adwene so.
6 Ɔka kyerɛ sukyerɛmma se, ‘Tɔ gu asase so,’ ne osu nso se, ‘Yɛ osutɔ kɛse.’
Ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asase so,’ ne osutɔ nso sɛ, ‘Yɛ osutɔ kɛseɛ.’
7 Sɛnea nnipa a wabɔ wɔn nyinaa behu nʼadwuma nti, ɔma nnipa nyinaa gyae wɔn adwumayɛ.
Sɛdeɛ nnipa a wabɔ wɔn nyinaa bɛhunu nʼadwuma enti, ɔma obiara gyae nʼadwuma.
8 Wuram mmoa kɔtetɛw; wɔkɔhyehyɛ wɔn abon mu.
Wiram mmoa kɔtetɛ; wɔkɔhyehyɛ wɔn abɔn mu.
9 Ahum tu fi ne pia mu, na awɔw nso fi mframa a ɛrebɔ mu.
Ahum tu firi ne pia mu, na awɔ nso firi mframa a ɛrebɔ mu.
10 Onyankopɔn home de sukyerɛmma ba, na nsu tamaa no kyen.
Onyankopɔn ahome de nsukyeneeɛ ba, na nsuo hahanaa no kyene.
11 Ɔde fuonwini hyɛ omununkum ma; na otwa nʼanyinam fa mu.
Ɔde fɔnwuni hyɛ omununkum ma; na ɔtwa nʼanyinam fa mu.
12 Ɔhyɛ ma wokyinkyin fa asase so nyinaa hyia yɛ nea ɔhyɛ sɛ wɔnyɛ biara.
Ɔhyɛ ma wɔkyinkyini fa asase so nyinaa so hyia yɛ deɛ ɔkyerɛ sɛ wɔnyɛ biara.
13 Ɔde omununkum ba bɛtwe nnipa aso, anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔe.
Ɔde omununkum ba de bɛtwe nnipa aso, anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔeɛ.
14 “Tie eyi, Hiob; gyae na dwene Onyankopɔn anwonwade ho.
“Tie yei, Hiob; gyae na dwene Onyankopɔn anwanwadeɛ ho.
15 Wunim sɛnea Onyankopɔn si fa di omununkum so, na ɔma nʼanyinam twa?
Wonim sɛdeɛ Onyankopɔn danedane omununkum, na ɔma anyinam tete firi mu?
16 Wunim sɛnea omununkum si fa sensɛn wim, nea ɔwɔ nimdeɛ a so nni no anwonwade no?
Wonim sɛdeɛ omununkum sensɛn ewiem, deɛ ɔyɛ nyansaboakwa no anwanwadeɛ?
17 Mo a mufi fifiri wɔ mo ntade mu bere a anafo mframa ma asase no yɛ dinn no,
Mo a mote fifire wɔ mo ntadeɛ mu ɛberɛ a anafoɔ mframa ma asase no yɛ dinn no,
18 wubetumi aboa no ama watrɛw wim, a ɛyɛ den sɛ kɔbere mfrafrae ahwehwɛ?
wobɛtumi aboa no ama watrɛ ewiem, a ɛyɛ dene sɛ kɔbere mfrafraeɛ ahwehwɛ?
19 “Kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no; yɛrentumi nka yɛn asɛm, efisɛ yennim.
“Kyerɛ yɛn deɛ ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no; yɛrentumi nka yɛn asɛm, ɛsiane sɛ yɛnnim enti.
20 Ɛsɛ sɛ wɔka nea mepɛ sɛ meka kyerɛ no ana? Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no ana?
Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn nkaeɛ sɛ mepɛ sɛ me ne no kasa anaa? Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no anaa?
21 Obiara rentumi nhwɛ owia, sɛnea ɛhyerɛn wɔ wim bere a mframa abɔ ama wim atew.
Obiara rentumi nhwɛ owia, sɛdeɛ ɛhyerɛn wɔ ewiem ɛberɛ a mframa abɔ ama ewiem ateɛ.
22 Ofi atifi fam ba wɔ anuonyam sononko mu; Onyankopɔn ba wɔ ahenni nwonwaso mu.
Ɔfiri atifi fam ba wɔ animuonyam sononko mu; Onyankopɔn ba wɔ surokronkron tumi mu.
23 Otumfo no korɔn wɔ yɛn so na wɔpagyaw no wɔ tumi mu; nʼatɛntrenee ne treneeyɛ kɛse akyi no mpo, ɔnyɛ nhyɛso.
Yɛnhunu Otumfoɔ deɛ, nanso ne tumi yɛ kɛseɛ; nʼatɛntenenee ne teneneeyɛ kɛseɛ akyi mpo ɔnyɛ nhyɛsoɔ.
24 Ɛno nti nnipa de nidi ma no, efisɛ onnwen koma mu anyansafo nyinaa ho ana?”
Ɛno enti nnipa de anidie ma no, na ɔmmu akoma mu anyansafoɔ biara.”

< Hiob 37 >