< Hiob 36 >

1 Elihu toaa ne kasa so se,
Elihu toaa ne kasa so sɛ,
2 “Montɔ mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛ aka bebree a ɛsɛ sɛ yɛka ma Onyankopɔn.
“Monto mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛ aka bebree a ɛsɛ sɛ yɛka ma Onyankopɔn.
3 Minya me nimdeɛ fi akyirikyiri; mɛka se me Yɛfo bu atɛntrenee.
Menya me nimdeɛ firi akyirikyiri; mɛka sɛ me Yɛfoɔ bu atɛntenenee.
4 Munnye nto mu sɛ me nsɛm yɛ nokware turodoo; na meyɛ obi a ne nimdeɛ so wɔ mo mu.
Monnye ntom sɛ me nsɛm yɛ nokorɛ turodoo; na meyɛ obi a ne nimdeɛ so wɔ mo mu.
5 “Onyankopɔn so, nanso, ontwiri nnipa; ɔkorɔn na osi pi wɔ ne botae mu.
“Onyankopɔn so, nanso, ɔntwiri nnipa; ɔkorɔn na ɔnhinhim ne botaeɛ mu.
6 Ɔmma amumɔyɛfo ntena nkwa mu, na ɔde amanehunufo kyɛfa ma wɔn.
Ɔmma amumuyɛfoɔ ntena nkwa mu, na ɔde amanehunufoɔ kyɛfa ma wɔn.
7 Onnyi nʼani mfi ɔtreneeni so, ɔma wɔne ahemfo di ade na ɔma wɔn so afebɔɔ.
Ɔnnyi nʼani mfiri ɔteneneeni so. Ɔma wɔne ahemfo di adeɛ na ɔma wɔn so afebɔɔ.
8 Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa na amanehunu hama akyekyere wɔn papee a,
Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa na amanehunu ahoma akyekyere wɔn papee a,
9 ɔka nea wɔayɛ kyerɛ wɔn sɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.
ɔka deɛ wɔayɛ kyerɛ wɔn sɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.
10 Ɔma wotie nteɛso na ɔhyɛ wɔn sɛ wonnu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho.
Ɔma wɔtie ntenesoɔ na ɔhyɛ wɔn sɛ wɔnnu wɔn ho wɔn bɔne ho.
11 Sɛ wɔyɛ osetie na wɔsom no a, wobedi yiye wɔ wɔn nna a aka no mu na wɔn mfe nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn.
Sɛ wɔyɛ ɔsetie na wɔsom no a, wɔbɛdi yie wɔ wɔn ɛnna a aka no mu na wɔn mfeɛ nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn.
12 Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ afoa ano, na wɔawuwu a wonni nimdeɛ.
Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ akofena ano, na wɔawuwu a wɔnni nimdeɛ.
13 “Wɔn a wonnim Nyame no kora abufuw so; mpo sɛ ogu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a wonsu mpɛ mmoa.
“Wɔn a wɔnnim Onyame no kora abufuo so; mpo sɛ ɔgu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a, wɔnsu mpɛ mmoa.
14 Wowuwu wɔ wɔn mmabunmmere mu, wɔ mmarima nguamanfo a wɔtete abosonnan mu.
Wɔwuwu wɔn mmabunuberɛ mu wɔ adwaman mu, wɔ mmarima adwamanfoɔ a wɔtete abosonnan mu mu.
15 Nanso wɔn a wohu amane no, ogye wɔn; na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu.
Nanso, wɔn a wɔhunu amane no, ɔgye wɔn; na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu.
16 “Ɔregye wo afi ahohia mu de wo akɔ beae a hɔ bae a ahokyere nni, nea wowɔ asomdwoe, na nnuan pa ayɛ wo pon so ma.
“Ɔregye wo afiri ahohiahia mu de wo akɔ petee mu a ahokyere nnie, deɛ wowɔ asomdwoeɛ, na nnuane pa ayɛ wo ɛpono so ma.
17 Nanso mprempren, atemmu a ɛfata amumɔyɛfo na aba wo so; atemmu ne atɛntrenee aso wo mu.
Nanso seesei, atemmuo a ɛfata amumuyɛfoɔ na aba wo so; atemmuo ne atɛntenenee asɔ wo mu.
18 Hwɛ yiye na obi amfa ahonya annaadaa wo; mma adanmude kɛse bi ntwe wo.
Hwɛ yie na obi amfa ahonya annaadaa wo; mma adanmudeɛ kɛseɛ bi ntwe wo.
19 Wʼahonya anaasɛ mpo wʼahohia bebrebe nyinaa nti, worenkɔ amanehunu mu ana?
Wʼahonya anaasɛ mpo wʼahohaw bebrebe nyinaa enti, worenkɔ amanehunu mu anaa?
20 Mpere anadwo ho, sɛ ammɛpra nnipa mfi wɔn afi mu.
Mpere anadwo ho, sɛ ɛmmɛpra nnipa mfiri wɔn afie mu.
21 Hwɛ na woannan ankɔ bɔne ho, nea ayɛ sɛ wopɛ sen amanehunu.
Hwɛ na woannane ankɔ bɔne ho, deɛ ayɛ sɛ wopɛ sene amanehunu.
22 “Onyankopɔn yɛ ɔkɛse wɔ ne tumi mu. Hena na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ɔno?
“Onyankopɔn yɛ kɛseɛ wɔ ne tumi mu. Hwan na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ ɔno?
23 Hena na wahyehyɛ nʼakwan ama no anaa waka akyerɛ no se, ‘Woayɛ mfomso.’
Hwan na wahyehyɛ nʼakwan ama no anaa waka akyerɛ no sɛ, ‘Woayɛ mfomsoɔ.’
24 Kae na kamfo nʼadwuma a nnipa de nnwonto akamfo no.
Kae na kamfo nʼadwuma a nnipa de nnwontoɔ akamfo no.
25 Adesamma nyinaa ahu; nnipa fi akyirikyiri hwɛ no haa.
Adasamma nyinaa ahunu; nnipa hwɛ haa firi akyirikyiri.
26 Onyankopɔn yɛ ɔkɛse, ɛboro yɛn ntease so! Ne mfe dodow mu nni hwehwɛbea.
Onyankopɔn yɛ kɛseɛ, ɛboro yɛn nteaseɛ so! Ne mfeɛ dodoɔ mu nni hwehwɛbea.
27 “Ɔtwetwe nsu a ɛsosɔ, ma ɛdan osu gu nsuten mu;
“Ɔtwetwe nsuo a ɛsosɔ, ma ɛdane osutɔ gu asutene mu;
28 na omununkum tɔ obosu gu fam na osu pete mmoroso gu adesamma so.
na omununkum tɔ bosuo gu fam na osutɔ bebree gu adasamma so.
29 Hena na obetumi ate sɛnea ɔtrɛtrɛw omununkum mu no ase, sɛnea ɔbobɔ mu fi ne suhyɛ ase no?
Hwan na ɔbɛtumi ate sɛdeɛ ɔtrɛtrɛ omununkum mu ase, sɛdeɛ ɔbobɔ mu firi nʼatenaeɛ?
30 Hwɛ sɛnea ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho ma ɛkɔ po bun mu.
Hwɛ sɛdeɛ ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho ma ɛkɔ ɛpo bunu mu.
31 Eyi ne ɔkwan a ɔfa so di amanaman no so na ɔma aduan bu wɔn so.
Yei ne ɛkwan a ɔfa so di amanaman no so na ɔma aduane bu wɔn so.
32 Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma na ɔhyɛ no sɛ ɛmpa nʼagyiraehyɛ.
Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma na ɔhyɛ no sɛ ɛnsi nʼagyiraeɛ.
33 Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkae; na anantwi mpo ma wohu sɛ ɛreba.
Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkaeɛ; na anantwie mpo ma wɔhunu sɛ ɛreba.

< Hiob 36 >