< Hiob 35 >
Elihu konuşmasına şöyle devam etti:
2 “Wugye di sɛ, eyi fata? Woka se, ‘Onyankopɔn betwitwa agye me.’
“‘Tanrı'nın önünde haklıyım’ diyorsun. Doğru buluyor musun bunu?
3 Nanso wubisa no se, ‘Mfaso bɛn na menya, na sɛ manyɛ bɔne a, mfaso bɛn na menya?’
Ama hâlâ, ‘Günah işlemezsem Yararım ne, kazancım ne?’ diye soruyorsun.
4 “Mepɛ sɛ mibua wo ne wo nnamfonom nyinaa.
“Ben yanıtlayayım seni Ve arkadaşlarını.
5 Ma wʼani so kyerɛ soro na hwɛ; hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi sorosoro nohɔ.
Göklere bak da gör, Üzerinde yükselen bulutlara göz gezdir.
6 Sɛ woyɛ bɔne a, ɔkwan bɛn so na ɛfa haw no? Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuanso bɛn na enya wɔ ne so?
Günah işlersen, Tanrı'ya ne zararı olur? İsyanların çoksa ne olur O'na?
7 Sɛ woteɛ a, dɛn na wode ma no anaasɛ dɛn na onya fi wo nsam?
Doğruysan, O'na verdiğin nedir, Ya da ne alır O senin elinden?
8 Wʼamumɔyɛ ka onipa a ɔte sɛ wo na wo trenee ka nnipa mma nko ara.
Kötülüğün ancak senin gibi birine zarar verir, Doğruluğun ise yalnız insanoğlu içindir.
9 “Nnipa su bere a wɔhyɛ wɔn so; na wɔsrɛ mmoa fi nea ɔwɔ tumi nsam.
“İnsanlar ağır baskı altında feryat ediyor, Güçlülere karşı yardım istiyor.
10 Nanso obi mmisa se, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfo no wɔ, nea ɔma nnwom anadwo no,
Ama kimse, ‘Nerede Yaratıcım Tanrı?’ demiyor; O Tanrı ki, gece bize ezgiler verir,
11 nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sen asase so mmoa na ɔma yehu nyansa sen wim nnomaa no?’
Yeryüzündeki hayvanlardan çok bize öğretir Ve bizi gökteki kuşlardan daha bilge kılar.
12 Sɛ nnipa su teɛ mu a, ommua, amumɔyɛfo ahantan nti.
Kötülerin gururu yüzünden insanlar feryat ediyor, Ama yanıtlayan yok.
13 Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no; na Otumfo remmu.
Gerçek şu ki, Tanrı boş feryadı dinlemez, Her Şeye Gücü Yeten bunu önemsemez.
14 Ɛno de adɛn na ɔrentie bere a woka se wunhu no, na woka se wʼasɛm wɔ nʼanim enti ɛsɛ sɛ wotwɛn no,
O'nu görmediğini söylediğin zaman bile Davan O'nun önündedir, bekle;
15 na bio, nʼabufuw mmfa asotwe mma na nʼani nni amumɔyɛsɛm akyi pii?
Madem bu öfkeyle şimdi cezalandırmadı, İsyana da pek aldırmaz diyorsun.
16 Enti Hiob bue nʼano ka nsɛnhunu; nimdeɛ a onni nti, ɔkeka nsɛm bebree.”
Bu yüzden Eyüp ağzını boş yere açıyor, Bilgisizce konuştukça konuşuyor.”