< Hiob 34 >
2 “Mo anyansafo, muntie me nsɛm; mo nimdefo monyɛ aso mma me.
“Mo anyansafoɔ, montie me nsɛm; mo animdefoɔ monyɛ aso mma me.
3 Efisɛ aso sɔ nsɛm hwɛ sɛnea tɛkrɛma ka aduan hwɛ no.
Ɛfiri sɛ aso sɔ nsɛm hwɛ sɛdeɛ tɛkrɛma ka aduane hwɛ no.
4 Momma yɛnsese, nhu nea eye ma yɛn. Momma yɛn nyinaa mmɔ mu nsua nea eye.
Momma yɛnsese nhunu deɛ ɛyɛ ma yɛn. Momma yɛn nyinaa mmɔ mu nsua deɛ ɛyɛ.
5 “Hiob ka se, ‘Me ho nni asɛm, nanso Onyankopɔn abu me ntɛnkyew.
“Hiob kaa sɛ, ‘Me ho nni asɛm, nanso Onyankopɔn abu me ntɛnkyea.
6 Ɛwɔ mu sɛ mʼasɛm da kwan mu, nanso wobu me ɔtorofo; ɛwɔ mu sɛ menyɛɛ bɔne biara, nanso ne bɛmma no ama me apirakuru a enwu da.’
Ɛwom sɛ mʼasɛm da ɛkwan mu, nanso, wɔbu me ɔtorofoɔ; ɛwom sɛ menyɛɛ bɔne biara, nanso ne bɛmma no ama me apirakuro a ɛnnwu da.’
7 Onipa bɛn na ɔte sɛ Hiob a ɔnom animtiaabu sɛ nsu?
Onipa bɛn na ɔte sɛ Hiob a ɔnom animtiabuo sɛ nsuo?
8 Ɔne amumɔyɛfo nantew; na ɔne atirimɔdenfo nso bɔ.
Ɔne amumuyɛfoɔ nante; na ɔne atirimuɔdenfoɔ nso bɔ.
9 Efisɛ ɔka se, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a onnya so mfaso biara.’
Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɔnnya ho mfasoɔ biara.’
10 “Enti mo mmarima a mowɔ ntease muntie me. Ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, sɛ Otumfo no bɛyɛ mfomso.
“Enti mo mmarima a mowɔ nteaseɛ montie me. Ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, sɛ Otumfoɔ no bɛyɛ mfomsoɔ.
11 Nnipa nneyɛe so na ɔhwɛ tua wɔn ka; nea ɛfata ne nneyɛe na ɔma ɛba ne so.
Nnipa nneyɛeɛ so na ɔhwɛ tua wɔn ka; deɛ ɛfata ne nneyɛeɛ na ɔma ɛba ne so.
12 Ɛmfata sɛ wɔde mfomso susuw Onyankopɔn, na ɛmfata sɛ wɔde ntɛnkyew susuw Otumfo.
Ɛmfata sɛ wɔde mfomsoɔ susu Onyankopɔn, na ɛmfata sɛ wɔde ntɛnkyea susu Otumfoɔ.
13 Hena na ɔde no sii asase so? Hena na ɔde wiase nyinaa hyɛɛ ne nsa?
Hwan na ɔde no sii asase so? Hwan na ɔde ewiase nyinaa hyɛɛ ne nsa?
14 Sɛ ɛyɛɛ ne pɛ na oyii ne Honhom ne nʼahome a,
Sɛ ɛyɛɛ ne pɛ na ɔyii ne Honhom ne nʼahome a,
15 anka adesamma nyinaa bɛbɔ mu ayera, na onipa bɛsan akɔ mfutuma mu.
anka adasamma nyinaa bɛbɔ mu ayera, na onipa bɛsane akɔ mfuturo mu.
16 “Sɛ mowɔ nhumu a, muntie eyi; muntie nea meka.
“Sɛ mowɔ nhunumu a, montie yei; montie deɛ meka.
17 So obi a okyi atɛntrenee betumi adi nnipa so? Mubetumi abu Ɔtreneeni kɛse no fɔ ana?
Obi a ɔkyiri atɛntenenee bɛtumi adi nnipa so? Mobɛtumi abu Ɔteneneeni kɛseɛ no fɔ anaa?
18 Ɛnyɛ Ɔno na ɔka kyerɛ ahemfo se, ‘Mo so nni mfaso,’ na ɔka kyerɛɛ atitiriw se, ‘Moyɛ atirimɔdenfo,’
Ɛnyɛ Ɔno na ɔka kyerɛ ahemfo sɛ, ‘Mo ho nni mfasoɔ,’ na ɔka kyerɛɛ atitire sɛ, ‘Moyɛ atirimuɔdenfoɔ’?
19 nea ɔnhwɛ mmapɔmma anim na onyiyi adefo ne ahiafo mu, efisɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.
Ɔnhwɛ mmapɔmma anim na ɔnyiyi adefoɔ ne ahiafoɔ mu, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.
20 Wowuwu mmere tiaa bi mu, wɔ anadwo dasu mu; nnipa no ho wosow na wɔsen kɔ; ahoɔdenfo totɔ a emfi nipa.
Wɔwuwu mmerɛ tiawa bi mu, wɔ anadwo dasuo mu; nnipa no ho woso na wɔsene kɔ; ahoɔdenfoɔ totɔ a ɛmfiri onipa.
21 “Nʼani hwɛ nnipa akwan; na ohu wɔn anammɔntu biara.
“Nʼani hwɛ nnipa akwan; na ɔhunu wɔn anammɔntuo biara.
22 Baabiara nni hɔ a aduru sum, sum kabii, a amumɔyɛfo betumi ahintaw.
Baabiara nni hɔ a aduru sum, esum kabii, a amumuyɛfoɔ bɛtumi ahinta.
23 Ɛho nhia Onyankopɔn sɛ ɔbɛhwehwɛ nnipa mu bio, a enti ɛsɛ sɛ wɔba nʼanim begye atemmu.
Ɛho nhia Onyankopɔn sɛ ɔbɛhwehwɛ nnipa mu bio, a enti ɛsɛ sɛ wɔba nʼanim bɛgye atemmuo.
24 Ɔbobɔ abirɛmpɔn gu a ɔnyɛ nhwehwɛmu biara, na ɔde afoforo sisi wɔn anan mu.
Ɔbobɔ aberempɔn gu a ɔnyɛ nhwehwɛmu biara, na ɔde afoforɔ sisi wɔn ananmu.
25 Efisɛ ohu wɔn nneyɛe, otu wɔn gu anadwo na wɔdwerɛw wɔn.
Ɛfiri sɛ ɔhunu wɔn nneyɛeɛ, ɔtu wɔn gu anadwo na wɔdwerɛ wɔn.
26 Otua wɔn amumɔyɛsɛm so ka wɔ faako a obiara betumi ahu wɔn,
Ɔtua wɔn amumuyɛsɛm so ka wɔ baabi a obiara bɛtumi ahunu wɔn,
27 efisɛ wɔman fii nʼakyi kɔe na wɔampɛ nʼakwan biara anhwɛ.
ɛfiri sɛ, wɔmane firii nʼakyi kɔeɛ na wɔampɛ nʼakwan biara anhwɛ.
28 Wɔmaa ahiafo sufrɛ duu nʼanim na ɛma ɔtee mmɔborɔni su.
Wɔmaa ahiafoɔ sufrɛ duruu nʼanim na ɛma ɔtee mmɔborɔni su.
29 Nanso sɛ ɔyɛ komm a, hena na obetumi abu no fɔ? Sɛ ɔde nʼanim hintaw nso a, hena na obehu no? Nanso odi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ,
Nanso sɛ ɔyɛ komm a, hwan na ɔbɛtumi abu no fɔ? Sɛ ɔde nʼanim hinta nso a, hwan na ɔbɛhunu no? Nanso ɔdi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ,
30 ɔmma onipa a onnim Nyame nni hene, sɛnea ɔrensum nnipa no mfiri.
ɔmma onipa a ɔnnim Onyame nni ɔhene, sɛdeɛ wɔnnsum nnipa no mfidie.
31 “Sɛ ɛba sɛ onipa ka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Mayɛ bɔne na merenyɛ bɔne bio.
“Adɛn enti na onipa nka nkyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Mayɛ bɔne na merenyɛ bɔne bio.
32 Kyerɛ me na minhu; na sɛ mayɛ bɔne a, merenyɛ saa bio.’
Kyerɛ me na menhunu; na sɛ mayɛ bɔne a, merenyɛ saa bio.’
33 So ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina nea woka so tua wo ka, wɔ bere a woayɛ sɛ worennu wo ho ana? Ɛsɛ sɛ wusi gyinae, ɛnyɛ me; enti ka nea wunim kyerɛ me.
Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina deɛ wode wʼano aka so tua wo ka, wɔ ɛberɛ a woayɛ sɛ worennu wo ho anaa? Ɛsɛ sɛ wosi gyinaeɛ, ɛnyɛ me; enti ka deɛ wonim kyerɛ me.
34 “Nnipa a wɔwɔ ntease pae mu ka, nimdefo a wotie me ka kyerɛ me se,
“Nnipa a wɔwɔ nteaseɛ pae mu ka, animdefoɔ a wɔtie me ka kyerɛ me sɛ,
35 ‘Hiob nkasa nimdeɛ kwan so; aba biara nni ne kasa mu.’
‘Hiob nnkasa nimdeɛ kwan so; aba biara nni ne kasa mu.’
36 Ao, sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛ kɔɔ akyiri a anka eye, efisɛ oyiyii nsɛm ano sɛ omumɔyɛfo!
Ao, sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛeɛ kɔɔ akyiri a anka ɛyɛ, ɛfiri sɛ ɔyiyii nsɛm ano sɛ omumuyɛfoɔ!
37 Ɔde atuatew ka ne bɔne ho; ɔde ahantan bɔ ne nsam gu yɛn so na ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso.”
Ɔde atuateɛ ka ne bɔne ho; ɔde ahantan bɔ ne nsam gu yɛn so na ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso.”