< Hiob 33 >

1 “Na afei, Hiob, tie me nsɛm; yɛ aso ma biribiara a mɛka.
“Na afei, Hiob, tie me nsɛm; yɛ aso ma biribiara a mɛka.
2 Merebebue mʼano; me nsɛm aba me tɛkrɛma so.
Merebɛbue mʼano; me nsɛm aba me tɛkrɛma so.
3 Me nsɛm fi koma a ɛteɛ mu; na mʼano de ahonim pa ka nea minim.
Me nsɛm firi akoma a ɛtene mu; na mʼano de ahonim pa ka deɛ menim.
4 Onyankopɔn Honhom na abɔ me; Otumfo no home ma me nkwa.
Onyankopɔn Honhom na abɔ me; Otumfoɔ no ahome ma me nkwa.
5 Sɛ wubetumi a, ma me mmuae; siesie wo ho, na ka si mʼanim.
Sɛ wobɛtumi a, ma me mmuaeɛ; siesie wo ho, na ka si mʼanim.
6 Wo ne me nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim; me nso wɔbɔɔ me fii dɔte mu.
Wo ne me nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim; me nso wɔbɔɔ me firii dɔteɛ mu.
7 Ɛnsɛ sɛ wusuro me, na ɛnsɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ wo so.
Ɛnsɛ sɛ wosuro me, na ɛnsɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ wo so.
8 “Nanso woaka ama mate, mete saa nsɛm no, na wokae se,
“Nanso woaka ama mate, metee saa nsɛm no, na wokaa sɛ,
9 ‘Meyɛ kronkron na minni bɔne; me ho tew na afɔdi biara nni me ho.
‘Meyɛ kronn na menni bɔne; me ho te na afɔdie biara nni me ho.
10 Nanso Onyankopɔn anya me ho mfomso wafa me sɛ ne tamfo.
Nanso Onyankopɔn anya me ho mfomsoɔ; wafa me sɛ ne ɔtamfoɔ.
11 Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu; na nʼani wɔ mʼakwan nyinaa so.’
Ɔde me nan ahyɛ mpɔkyerɛ mu; na nʼani wɔ mʼakwan nyinaa so.’
12 “Nanso meka mekyerɛ wo se, eyi mu de woayɛ mfomso, efisɛ Onyankopɔn so sen ɔdesani.
“Nanso meka mekyerɛ wo sɛ, yei mu deɛ, woayɛ mfomsoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn so sene ɔdasani.
13 Na adɛn nti na wunwiinwii hyɛ no sɛ ommua onipa nsɛm biara ana?
Na adɛn enti na wonwiinwii hyɛ no sɛ ɔmmua onipa nsɛm biara anaa?
14 Nanso Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahorow so, na ebia nnipa nte.
Nanso, Onyankopɔn kasa wɔ akwan ahodoɔ so, na ebia nnipa nte.
15 Ɔkasa wɔ daeso ne anadwo anisoadehu mu, bere a nna afa nnipa na wɔada hatee wɔ wɔn mpa so no,
Ɔkasa wɔ daeɛso ne anadwo anisoadehunu mu, ɛberɛ a nna afa nnipa na wɔretu nkorɔmo wɔ wɔn mpa so,
16 otumi kasa gu wɔn asom na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu,
ɔtumi kasa gu wɔn asom na ɔde kɔkɔbɔ yi wɔn hu,
17 sɛ ɔbɛdan onipa afi nneyɛe bɔne ho na watwe no afi ahantan ho,
sɛ ɔbɛdane onipa afiri nneyɛɛ bɔne ho na watwe no afiri ahantan ho,
18 sɛ ɔmma ne kra nkɔ amoa mu na ɔnhwere ne nkwa wɔ afoa ano.
sɛ ɔmma ne ɔkra nnkɔ amena mu na ɔnhwere ne nkwa wɔ akofena ano.
19 Anaasɛ wotumi de mpa so yaw twe onipa aso nnompe mu yaw a ennyae da,
Onyankopɔn tumi de yea twe onipa aso ɛberɛ a ɔda mpa so na ne nnompe mu yea nnyae da,
20 kosi sɛ ne kɔn nnɔ aduan na ne kra nso po aduan a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara;
kɔsi sɛ ne kɔn nnɔ aduane na ne ɔkra nso po aduane a ɛyɛ akɔnnɔ pa ara;
21 ɔfɔn yɛ basaa, na ne nnompe a anka ɛho akata no, ho da hɔ.
ɔfɔn yɛ basaa, na ne nnompe a anka ɛho akata no ho da hɔ.
22 Ne kra bɛn ɔda, na ne nkwa bɛn owu abɔfo.
Ne ɔkra bɛn damena, na ne nkwa bɛn owuo abɔfoɔ.
23 “Nanso sɛ ɔbɔfo bi wɔ nʼafa sɛ odimafo a, ɛyɛ apem mu baako, na ɔbɛkyerɛ no nea eye ma no,
“Nanso sɛ abɔfoɔ apem no mu baako wɔ nʼafa sɛ ɔdimafoɔ a ɔbɛkyerɛ no deɛ ɛyɛ ma no a,
24 obehu no mmɔbɔ na waka se, ‘Munnyaa no na wankɔ ɔda mu; na manya mpatade ama no,’
ɔbɛhunu no mmɔbɔ na waka sɛ, ‘Monnyaa no na wankɔ damena mu; na manya mpatadeɛ ama no,’
25 afei ne were yɛ foforo sɛ abofra; na esi ne dedaw mu yɛ sɛ mmerantebere mu de.
afei ne wedeɛ bɛyɛ foforɔ sɛ abɔfra deɛ, na asi ne dada mu sɛ mmeranteberɛ mu deɛ.
26 Ɔbɔ Onyankopɔn mpae na onya adom fi ne hɔ, ohu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛw teɛ mu; na Onyankopɔn gye no bio sɛ ɔtreneeni.
Sɛ ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ a, ɔbɛnya adom afiri ne hɔ, ɔbɛhunu Onyankopɔn anim na ɔde ahosɛpɛ ateam na Onyankopɔn agye no bio sɛ ɔteneneeni.
27 Afei ɔba nnipa mu bɛka se, ‘Meyɛɛ bɔne na mekyeaa nea ɛteɛ, nanso mannya nea ɛfata me.
Afei ɔbɛba nnipa mu abɛka sɛ, ‘Meyɛɛ bɔne na mekyeaa deɛ ɛtene, nanso wantwe mʼaso sɛdeɛ ɛfata me.
28 Ogyee me kra na wamma no ankɔ ɔda mu, enti mɛtena ase na madi hann no mu dɛ.’
Ɔgyee me ɔkra na wamma no ankɔ damena mu, enti mɛtena ase na madi hann no mu dɛ.’
29 “Onyankopɔn yɛ eyinom nyinaa ma onipa, mprenu ne ne mprɛnsa so,
“Onyankopɔn yɛ yeinom nyinaa ma onipa, mprɛnu ne ne mprɛnsa so,
30 sɛnea ne kra renkɔ ɔda mu, na nkwa hann no ahyerɛn ne so.
sɛdeɛ onipa kra renkɔ damena mu, na nkwa hann no ahyerɛn ne so.
31 “Yɛ aso, Hiob, na tie me; yɛ dinn na menkasa.
“Yɛ aso, Hiob, na tie me; yɛ dinn na menkasa.
32 Na sɛ wowɔ biribi ka a, bua me; kasa, na mepɛ sɛ wobu wo bem.
Na sɛ wowɔ biribi ka a, bua me; kasa, na mepɛ sɛ wɔbu wo bem.
33 Sɛ ɛnte saa nso a, ɛno de tie me. Yɛ dinn na mɛkyerɛ wo nyansa.”
Sɛ ɛnte saa nso a, ɛnneɛ tie me. Yɛ dinn na mɛkyerɛ wo nyansa.”

< Hiob 33 >