< Hiob 32 >

1 Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, efisɛ na ɔteɛ wɔ ɔno ara ani so.
Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, ɛfiri sɛ, na ɔtene wɔ ɔno ara ani so.
2 Na Busini Barakel babarima Elihu a ofi Ram abusua mu no bo fuw Hiob yiye sɛ obu ne ho bem na ommu Onyankopɔn mmom bem.
Na Busini Barakel babarima Elihu a ɔfiri Ram abusua mu no bo fuu Hiob yie sɛ ɔbu ne ho bem na ɔmmu Onyankopɔn mmom bem.
3 Ne bo fuw nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinaso bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wobuu no fɔ.
Ne bo fuu nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinasoɔ bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wɔbuu no fɔ.
4 Elihu twɛn sɛ afoforo no bɛkasa akyerɛ Hiob, efisɛ na wɔanyinyin sen no.
Elihu twɛnee sɛ afoforɔ no bɛkasa akyerɛ Hiob, ɛfiri sɛ, na wɔanyinyini sene no.
5 Na ohuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuw no sɔree.
Na ɔhunuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuo sɔreeɛ.
6 Enti Busini Barakel babarima Elihu kae se, “Meyɛ abofra, na moyɛ mpanyimfo; ɛno nti na misuroo sɛ mɛka nea minim akyerɛ mo.
Enti Busini Barakel babarima Elihu kaa sɛ, “Meyɛ abɔfra, na moyɛ mpanimfoɔ; ɛno enti na mesuroo sɛ mɛka deɛ menim akyerɛ mo.
7 Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kasa; ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afi kyerɛ nyansa.’
Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ kasa; ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afire kyerɛ nyansa.’
8 Nanso honhom a ɛte onipa mu, Otumfo no home no na ɛma ntease.
Nanso honhom a ɛte onipa mu, Otumfoɔ no ahomeɛ no na ɛma nteaseɛ.
9 Ɛnyɛ mpanyimfo nko na wɔyɛ anyansafo, ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afi nko na wɔte nea eye ase.
Ɛnyɛ mpanimfoɔ nko na wɔyɛ anyansafoɔ, ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afire nko na wɔte deɛ ɛyɛ ase.
10 “Enti mise: Muntie me; me nso mɛka mʼadwene.
“Enti mese: Montie me; me nso mɛka mʼadwene.
11 Metwɛn wɔ bere a na morekasa, mitiee mo adwenkyerɛ; bere a na munhu nea monka no,
Metwɛneeɛ wɔ ɛberɛ a morekasa, metiee mo adwenkyerɛ; ɛberɛ a na monhunu deɛ monka no,
12 meyɛɛ aso maa mo pa ara, nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomso; mo mu biara anyi ne nsɛm no ano.
meyɛɛ aso maa mo pa ara, nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomsoɔ; mo mu biara anyi nʼanosɛm ano.
13 Monnka se, ‘Yɛahu nyansa; momma Onyankopɔn mmɔ nʼasɛm no ngu, na ɛnyɛ onipa.’
Monnka sɛ, ‘Ɔnim nyansa; Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi asesa nʼadwene.’
14 Nanso Hiob nkasa ntia me, na merennyina mo adwenkyerɛ so mmua no.
Sɛ Hiob ne me kasaeɛ a, anka merennyina mo adwenkyerɛ no so mmua no.
15 “Wɔn ho adwiriw wɔn, wonni hwee ka bio; wɔn nsɛm asa.
“Mo ho adwiri mo, monni hwee ka bio; mo nsɛm asa.
16 So ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ bere a wɔayɛ komm yi, saa bere yi a wogyinagyina ha yi a wonni mmuae biara no?
Ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ ɛberɛ a moayɛ komm yi, saa ɛberɛ a mo monni mmuaeɛ biara de ma yi?
17 Me nso mɛka bi me nso mɛka mʼadwene.
Me nso mɛka bi me nso mɛka mʼadwene.
18 Efisɛ nsɛm ahyɛ mʼanom ma, na honhom a ɛte me mu no hyɛ me sɛ menka;
Ɛfiri sɛ, nsɛm ahyɛ mʼanomu ma, na honhom a ɛte me mu no hyɛ me sɛ menka;
19 Me mu no, mete sɛ nsa a ɛhyɛ toa mu te sɛ nsa kotoku foforo a ɛrebɛpae.
Me mu no, mete sɛ nsa a ɛhyɛ toa mu; Me te sɛ nsã kotokuo foforɔ a ɛrebɛpae.
20 Ɛsɛ sɛ mekasa na me ho tɔ me; ɛsɛ sɛ mibue mʼano na mema mmuae.
Ɛsɛ sɛ mekasa na me ho tɔ me; ɛsɛ sɛ mebue mʼano na me ma mmuaeɛ.
21 Merenyɛ nhwɛanim na merennɛfɛdɛfɛ obiara;
Merenyɛ animhwɛ na merenkorɔkorɔ obiara.
22 na sɛ makwadaw adɛfɛdɛfɛ mu a, anka me Yɛfo beyi me afi hɔ ntɛm so.
Na sɛ makwadare akorɔkorɔ mu a, anka me Yɛfoɔ bɛyi me afiri hɔ ntɛm so.

< Hiob 32 >