< Hiob 29 >

1 Hiob toaa so se,
Hiob toaa so sɛ,
2 “Mʼani agyina asram a atwa mu no, nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no,
“Mafe abosome a atwam no, nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no,
3 bere a ne kanea hyerɛn mʼatifi na mede ne kanea nantewee sum mu no!
ɛberɛ a ne kanea hyerɛn mʼatifi na mede ne kanea menantee esum mu no!
4 Ao, nna a misii so no, bere a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fi,
Ao, ɛnna a mesii soɔ no, ɛberɛ a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fie,
5 bere a na Otumfo no da so ka me ho na me mma atwa me ho ahyia no,
ɛberɛ a na Otumfoɔ da so ka me ho na me mma atwa me ho ahyia,
6 bere a na nufusu mu srade afɔw mʼakwan na abotan hwiee ngo sɛ nsu maa me no.
ɛberɛ a na nufosuo mu sradeɛ afɔ mʼakwan na abotan hwiee ngo sɛ nsuo maa me.
7 “Bere a na mekɔ kuropɔn pon ano mekɔtena mʼagua so wɔ ɔmanfo aguabɔbea,
“Ɛberɛ a na mekɔ kuropɔn ɛpono ano mekɔtena mʼadwa so wɔ ɔmanfoɔ adwaberem,
8 mmerante hu me a, wogyina nkyɛn na mpanyimfo sɔre gyina hɔ;
mmeranteɛ hunu me a, wɔgyina nkyɛn na mpanimfoɔ sɔre gyina hɔ;
9 atitiriw gyae kasa na wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;
atitire gyae kasa na wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;
10 mmapɔmma tɛm dinn, na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dudom.
mmapɔmma tɛm dinn, na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dodom.
11 Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa, na wɔn a wohu me nyinaa kamfo me,
Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa, na wɔn a wɔhunu me nyinaa kamfo me,
12 efisɛ meboaa ahiafo a wosu pɛɛ mmoa, ne ayisaa a wonni aboafo.
ɛfiri sɛ, meboaa ahiafoɔ a wɔsu pɛɛ mmoa, ne nwisiaa a wɔnni aboafoɔ.
13 Onipa a na ɔrewu no hyiraa me; na memaa akunafo ani gyee wɔn koma mu.
Onipa a na ɔrewuo no hyiraa me; na memaa akunafoɔ ani gyee wɔn akoma mu.
14 Mede trenee furaa sɛ mʼadurade; atɛntrenee yɛɛ me nkataso ne mʼabotiri.
Mede tenenee firaa sɛ mʼaduradeɛ; atɛntenenee yɛɛ me nkatasoɔ ne mʼabotire.
15 Meyɛɛ aniwa maa anifuraefo, ne anan maa mmubuafo.
Meyɛɛ aniwa maa anifirafoɔ, ne ɛnan maa abubuafoɔ.
16 Meyɛɛ ahiafo agya; na mekaa ahɔho asɛm maa wɔn.
Meyɛɛ ahiafoɔ agya; na mekaa ahɔhoɔ asɛm maa wɔn.
17 Mibubuu amumɔyɛfo se na mihwim wɔn a wodi wɔn nya no fii wɔn anom.
Mebubuu amumuyɛfoɔ se na mehwim wɔn a wɔdi wɔn nya no firii wɔn anom.
18 “Medwenee sɛ, ‘Mewu wɔ mʼankasa me fi mu, na me nna dɔɔso sɛ nwea.
“Medwenee sɛ, ‘Mɛwu wɔ mʼankasa me fie mu, na me nna adɔɔso sɛ anwea.
19 Me ntin beduu nsu ano, na obosu agugu me mman so anadwo mu nyinaa.
Me nhini bɛduru nsuo ano, na obosuo agugu me mman so anadwo mu nyinaa.
20 Mʼanuonyam rempa da, na agyan ayɛ foforo wɔ me nsam daa.’
Mʼanimuonyam bɛkɔ so ayɛ frɔmm wɔ me so, na mʼahoɔden ayɛ foforɔ.’
21 “Nnipa hwehwɛɛ sɛ wotie me, wɔyɛɛ dinn, twɛn mʼafotu.
“Nnipa hwehwɛɛ sɛ wɔtie me, wɔyɛɛ dinn, twɛnee mʼafotuo.
22 Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio, efisɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yiye.
Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio, ɛfiri sɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yie.
23 Wɔtwɛn me sɛnea wɔtwɛn osu a ɛpete, na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ bere nsu.
Wɔtwɛnee me sɛdeɛ wɔtwɛne osutɔ, na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ berɛ nsuo.
24 Sɛ meserew mekyerɛ wɔn a, wɔntaa nnye nni; mʼanimtew som bo ma wɔn.
Wɔn abasa mu buiɛ no, mesere kyerɛɛ wɔn; mʼanimteɛ som bo ma wɔn.
25 Mebɔɔ kwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn hene; metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼasraafo mu; meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekye agyaadwotwafo werɛ.
Mebɔɔ ɛkwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn ɔhene; metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼakodɔm mu; meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekyere agyaadwotwafoɔ werɛ.

< Hiob 29 >