< Hiob 27 >
1 Hiob toaa nʼasɛm so se,
ヨブまた語を繼ていはく
2 “Sɛ Onyankopɔn te ase yi, nea wammu me atɛntrenee no, Otumfo a wama madi me kra mu awerɛhow,
われに義しき審判を施したまはざる神 わが心魂をなやまし給ふ全能者 此神は活く
3 mmere dodow a nkwa wɔ me mu, na Onyankopɔn home wɔ me mu yi,
(わが生命なほ全くわれの衷にあり 神の氣息なほわが鼻にあり)
4 mʼano renka amumɔyɛsɛm, na me tɛkrɛma rentwa nkontompo.
わが口は惡を言ず わが舌は謊言を語らじ
5 Merennye nto mu da sɛ nea woka no yɛ nokware; merenka me mudi nhyɛ, kosi sɛ mewu.
我決めて汝等を是とせじ 我に死るまで我が罪なきを言ことを息じ
6 Mekura me trenee mu, merennyaa mu; sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ.
われ堅くわが正義を持ちて之を棄じ 我は今まで一日も心に責られし事なし
7 “Ma mʼatamfo nyɛ sɛ amumɔyɛfo, na wɔn a wokyi me nyɛ sɛ atorofo.
我に敵する者は惡き者と成り我を攻る者は義からざる者と成るべし
8 Anidaso bɛn na wɔn a wonni nyamesu no wɔ wɔ wɔn wu akyi, bere a Onyankopɔn agye wɔn nkwa afi wɔn nsam no?
邪曲なる者もし神に絶れその魂神を脱とらるるに於ては何の望かあらん
9 So Onyankopɔn tie wɔn sufrɛ bere a amanehunu aba wɔn so no ana?
かれ艱難に罹る時に神その呼號を聽いれたまはんや
10 So wɔn ani begye wɔ Otumfo no mu? Wobesu afrɛ Onyankopɔn bere biara ana?
かれ全能者を喜こばんや 常に神を龥んや
11 “Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ; meremfa Otumfo no akwan nhintaw.
われ神の御手を汝等に教へん 全能者の道を汝等に隱さじ
12 Mo ankasa moahu eyinom nyinaa. Afei nsɛnhunu yi ase ne dɛn?
視よ汝等もみな自らこれを觀たり 然るに何ぞ斯愚蒙をきはむるや
13 “Eyi ne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumɔyɛfo, agyapade a otirimɔdenfo nya fi Otumfo no nkyɛn:
惡き人の神に得る分 強暴の人の全能者より受る業は是なり
14 Sɛ ɔwɔ mma dodow dɛn ara, wɔn nkrabea ne afoa; na nʼasefo rennidi mmee da.
その子等蕃れば劍に殺さる その子孫は食物に飽ず
15 Ɔyaredɔm besie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi, na wɔn akunafo rensu wɔn.
その遺れる者は疫病に斃れて埋められ その妻等は哀哭をなさず
16 Ɛwɔ mu sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfutuma na ɔboa ntama ano sɛ dɔte,
かれ銀を積むこと塵のごとく衣服を備ふること土のごとくなるとも
17 nea ɔpɛ gu hɔ no, atreneefo na wobefura na pɛpɛyɛfo no nso akyekyɛ dwetɛ no.
その備ふる者は義き人これを着ん またその銀は無辜者これを分ち取ん
18 Ofi a osi no te sɛ ananse abubummaba, ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfo abɔ.
その建る家は蟲の巣のごとく また番人の造る茅家のごとし
19 Ɔda hɔ te sɛ ɔdefo, nanso ɔrenna saa bio; ɔbɛtew nʼani no na ne nyinaa atu ayera.
彼は富る身にて寢臥し重ねて興ること無し また目を開けば即ちその身きえ亡す
20 Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyiri; ahum hwim no kɔ anadwo.
懼ろしき事大水のごとく彼に追及き 夜の暴風かれを奪ひ去る
21 Apuei mframa soa no kɔ, na onni hɔ bio; ɛtwe no fi ne tenabea.
東風かれを颺げて去り 彼をその處より吹はらふ
22 Ɛbɔ no a ahummɔbɔ nni mu bere a ɔreguan afi ne tumi ase.
神かれを射て恤まず 彼その手より逃れんともがく
23 Ɔde fɛw bɔ ne nsam na ɔpam no fi ne tenabea.”
人かれに對ひて手を鳴し嘲りわらひてその處をいでゆかしむ