< Hiob 26 >

1 Na Hiob kasaa bio se,
욥이 대답하여 가로되
2 “Woaboa nea onni tumi! Woagye basa a enni ahoɔden!
네가 힘 없는 자를 참 잘 도왔구나 기력 없는 팔을 참 잘 구원하였구나
3 Woatu nea onnim nyansa fo! Na woada nhumu pa ara adi!
지혜 없는 자를 참 잘 가르쳤구나 큰 지식을 참 잘 나타내었구나
4 Hena na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi? Hena honhom na ɛkasa faa wo mu?
네가 누구를 향하여 말을 내었느냐 뉘 신이 네게서 나왔느냐
5 “Awufo wɔ ahoyeraw kɛse mu, wɔn a wɔwɔ nsu ase ne nea ɛte mu nyinaa.
음령들이 큰 물과 수족 밑에서 떠나니
6 Asaman da adagyaw Onyankopɔn anim; Ɔsɛe nso nni nkataso. (Sheol h7585)
하나님 앞에는 음부도 드러나며 멸망의 웅덩이도 가리움이 없음이니라 (Sheol h7585)
7 Ɔtrɛw wim atifi fam kata nea ɛda mpan so; na ɔde asase sensɛn ohunu so.
그는 북편 하늘을 허공에 펴시며 땅을 공간에 다시며
8 Ɔbɔ nsu boa hyɛ ne omununkum mu, nanso nsu no mu duru ntumi mpae no.
물을 빽빽한 구름에 싸시나 그 밑의 구름이 찢어지지 아니하느니라
9 Ɔtrɛw ne omununkum mu de kata ɔsram ani.
그는 자기의 보좌 앞을 가리우시고 자기 구름으로 그 위에 펴시며
10 Ɔhyɛ agyirae wɔ nsu so de to ɔhye wɔ hann ne sum ntam.
수면에 경계를 그으셨으되 빛과 어두움의 지경까지 한정을 세우셨느니라
11 Ɔsoro nnyinaso wosow, na nʼanimka ma wɔn ho dwiriw wɔn.
그가 꾸짖으신즉 하늘 기둥이 떨며 놀라느니라
12 Ɔde ne tumi wosow po ne nyansa mu, otwitwaa Rahab mu asinasin.
그는 권능으로 바다를 흉용케 하시며 지혜로 라합을 쳐서 파하시며
13 Ɔde ne home maa wim tewee; na ne nsa wɔɔ ɔwɔ a ɔrewea.
그 신으로 하늘을 단장하시고 손으로 날랜 뱀을 찌르시나니
14 Eyinom yɛ ne nnwuma kakraa bi; ne tumi kakraa bi kɛkɛ! Na hena na obetumi ate ne tumi mmubomu no ase?”
이런 것은 그 행사의 시작점이요 우리가 그에게 대하여 들은 것도 심히 세미한 소리뿐이니라 그 큰 능력의 우뢰야 누가 능히 측량하랴

< Hiob 26 >