< Hiob 25 >

1 Na Suhini Bildad buae se,
Na Suhini Bildad buaa sɛ,
2 “Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.
“Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.
3 Wobetumi akan nʼakofo ana? Hena na ne hann nhyerɛn wɔ ne so?
Wɔbɛtumi akan nʼakodɔm anaa? Hwan na ne hann nto ngu ne soɔ?
4 Ɛno de, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim? Ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no bɛyɛ kronn?
Ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no ho bɛteɛ?
5 Mpo sɛ ɔsram nhyerɛn na nsoromma nyɛ kronn wɔ nʼani so a,
Mpo sɛ ɔsrane nhyerɛn na nsoromma ho nte wɔ nʼani so a,
6 na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaammoa, onipa ba a ɔyɛ osunson bi kɛkɛ!”
na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaama, onipa ba a ɔyɛ ɔsonsono kɛkɛ!”

< Hiob 25 >