< Hiob 24 >

1 “Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛ bere mma atemmu? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wonim no no hwɛ saa da no anim nanso ɛmma da?
なにゆゑに全能者時期を定めおきたまはざるや 何故に彼を知る者その日を見ざるや
2 Nnipa yiyi abo a wɔde ato ɔhye; na wɔde nguankuw a wɔawia kɔ hɔ adidi.
人ありて地界を侵し群畜を奪ひて牧ひ
3 Wɔpam ayisaa mfurum na wogye akunafo anantwi sɛ awowaside.
孤子の驢馬を驅去り 寡婦の牛を取て質となし
4 Wosum ahiafo fi kwan so na wɔhyɛ asase no so ahiafo ma wɔkɔtetɛw.
貧しき者を路より推退け 世の受難者をして盡く身を匿さしむ
5 Sɛnea sare so mfurum yɛ no saa ara na ahiafo no yɛ wɔn adwuma de pɛ aduan; asase kesee no so na wonya aduan ma wɔn mma.
視よ彼らは荒野にをる野驢馬のごとく出て業を爲て食を求め 野原よりその子等のために食物を得
6 Wɔboaboa mmoa aduan ano wɔ mfuw no so na wodi mpɛpɛ wɔ amumɔyɛfo bobe nturo mu.
圃にて惡き者の麥を刈り またその葡萄の遺餘を摘む
7 Wonni ntama, na wɔda adagyaw anadwo; wonni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔw mu.
かれらは衣服なく裸にして夜を明し 覆ふて寒氣を禦ぐべき物なし
8 Mmepɔw so osu tɔ fɔw wɔn kyam na wɔtetare abotan no ho, efisɛ wonni nnae.
山の暴風に濡れ 庇はるるところ無して岩を抱く
9 Wɔtew ayisaa fi nufu ano; na wɔfa ohiani abotafowa de si ne ka anan mu.
孤子を母の懷より奪ふ者あり 貧しき者の身につける物を取て質となす者あり
10 Wɔnenam adagyaw a wonni ntama; wɔsoa awi afiafi, nanso ɔkɔm de wɔn ara.
貧き者衣服なく裸にて歩き 飢つつ麥束を擔ふ
11 Wokyi ngo wɔn adan mu; wotiatia nsakyiamoa mu, nanso osukɔm de wɔn.
人の垣の内にて油を搾め また渇きつつ酒醡を踐む
12 Wɔn a wɔrewuwu no apinisi fi kuropɔn no mu, na apirafo kra su pɛ mmoa. Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.
邑の中より人々の呻吟たちのぼり 傷つけられたる者の叫喚おこる 然れども神はその怪事を省みたまはず
13 “Ebinom wɔ hɔ a wɔsɔre tia hann no, wɔn a wonnim nʼakwan anaasɛ wɔnnantew nʼatempɔn so no.
また光明に背く者あり 光の道を知らず 光の路に止らず
14 Sɛ adekyee hann no kɔ a, owudifo no sɔre na okum ohiani ne mmɔborɔni; anadwo, mu owiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfo.
人を殺す者昧爽に興いで 受難者や貧しき者を殺し 夜は盜賊のごとくす
15 Ɔwaresɛefo twɛn bere a anim rebiribiri; ɔka se, ‘obiara renhu me,’ na ɔde nʼanim hintaw.
姦淫する者は我を見る目はなからんと言てその目に昏暮をうかがひ待ち而してその面に覆ふ物を當つ
16 Sum mu na nnipa bubu apon wura afi mu, na adekyee, wɔtoto wɔn ho apon mu; wɔne hann nni hwee yɛ.
また夜分家を穿つ者あり 彼等は晝は閉こもり居て光明を知らず
17 Sum kabii yɛ adekyee ma wɔn nyinaa; wɔne sum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo.
彼らには晨は死の蔭のごとし 是死の蔭の怖ろしきを知ばなり
18 “Nanso wɔte sɛ ahuru a ɛte nsu ani; wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so, enti obiara nkɔ bobe nturo no mu.
彼は水の面に疾ながるる物の如し その産業は世の中に詛はる その身重ねて葡萄圃の路に向はず
19 Sɛnea ɔhyew ne ɔpɛ hwim sukyerɛmma a anan kɔ no, saa ara na ɔda de wɔn a wɔayɛ bɔne kɔ ne no. (Sheol h7585)
亢旱および炎熱は雪水を直に乾涸す 陰府が罪を犯せし者におけるも亦かくのごとし (Sheol h7585)
20 Awotwaa werɛ fi wɔn, na osunson di wɔn nam; nnipa bɔne de wɔnnkae wɔn bio na mmom wobubu te sɛ dua.
これを宿せし腹これを忘れ 蛆これを好みて食ふ 彼は最早世におぼえらるること無く その惡は樹を折るるが如くに折る
21 Wɔde ɔbea bonin a onni ba yɛ hanam, na wonhu akunafo mmɔbɔ.
是すなはち孕まず産ざりし婦人をなやまし 寡婦を憐れまざる者なり
22 Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfo kɔ; ɛwɔ mu sɛ wonya asetena pa de, nanso wonni nkwa ho bɔhyɛ.
神はその權能をもて強き人々を保存へさせたまふ 彼らは生命あらじと思ふ時にも復興る
23 Otumi ma wɔn tena ase asomdwoe mu, nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.
神かれらに安泰を賜へば彼らは安らかなり 而してその目をもて彼らの道を見そなはしたまふ
24 Wɔma wɔn so bere tiaa bi, na afei wonni hɔ bio; wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa; wotwitwa wɔn gu te sɛ aburow ti.
かれらは旺盛になり暫時が間に無なり卑くなりて一切の人のごとくに沒し麥の穗のごとくに斷る
25 “Sɛ eyi nte saa a, hena na obetumi agye me akyinnye na ama nea maka no ayɛ nsɛnhunu?”
すでに是のごとくなれば誰か我の謬まれるを示してわが言語を空しくすることを得ん

< Hiob 24 >