< Hiob 22 >
1 Na Temanni Elifas buae se,
Elifaz temanita habló otra vez:
2 “Onyankopɔn benya onipa so mfaso ana? Mpo onyansafo so bɛba no mfaso ana?
¿Puede el hombre dar provecho a ʼElohim? ¿Puede el hombre vigoroso serle útil?
3 Sɛ woyɛ ɔtreneeni a, anigye bɛn na Otumfo no benya? Sɛ wʼakwan ho nni asɛm a, mfaso bɛn na obenya?
¿ʼEL-Shadday tiene deleite en que tú seas justo? ¿Qué gana Él si tus caminos son rectos?
4 “Wo kronkronyɛ nti na ɔka wʼanim na ɔbɔ wo kwaadu ana?
¿Te reprocha o te lleva a juicio por tu reverencia a Él?
5 Ɛnyɛ wʼamumɔyɛ na ɛso? Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo?
¿No son grandes tus perversidades, y tus iniquidades no tienen fin?
6 Wopɛɛ bammɔ fii wo nuanom nkyɛn a emfi hwee so; wopaa nnipa ho ntama ma wɔdaa adagyaw.
Porque sin razón tomaste prendas a tus hermanos y al desnudo despojaste de sus ropas.
7 Woamma abrɛfo nsu annom na wode aduan kamee nea ɔkɔm de no,
No diste de beber al sediento y negaste el pan al hambriento.
8 nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, wɔ nsase, onuonyamfo a ɔte so.
Pero la tierra pertenece al hombre poderoso, honorable que vive en ella.
9 Wopam akunafo ma wɔkɔɔ nsapan na womaa ayisaa nso ahoɔden sae.
Despediste a las viudas con las manos vacías, y los brazos de los huérfanos fueron quebrantados.
10 Ɛno nti na mfiri atwa wo ho ahyia, na amanehunu a ɛba ntɛm so bɔ wo hu yi,
Por eso hay trampas alrededor de ti, te espantan terrores repentinos,
11 ɛno nti na sum kabii aduru a wunhu ade, na asorɔkye akata wo so yi.
o hay oscuridad para que no veas, y te cubre la abundancia de aguas.
12 “So Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri ana? Hwɛ sɛnea ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn!
¿No está ʼEloah en la altura del cielo? ¡Mira cuán elevadas están las estrellas!
13 Nanso woka se, ‘Dɛn na Onyankopɔn nim? Sum yi mu na obu atɛn ana?
Y dijiste: ¿Qué sabe ʼElohim? ¿Podrá distinguir a través de la oscuridad?
14 Omununkum kabii akata nʼanim nti onhu yɛn bere a ɔnenam ɔsoro kontonkurowi mu.’
Las nubes son un lugar de escondite para Él, así que no puede ver. Él pasea por la bóveda celeste.
15 So wobɛkɔ so afa ɔkwan dedaw a abɔnefo anantew so no so ana?
¿Seguirás en la senda antigua que pisaron los hombres perversos,
16 Wɔpraa wɔn kɔe ansa na wɔn bere reso, na nsuyiri hohoroo wɔn fapem.
los cuales fueron arrastrados antes de tiempo, cuyos cimientos fueron arrasados por un río?
17 Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn se, ‘Gyaa yɛn! Dɛn na Otumfo betumi ayɛ yɛn?’
Ellos decían a ʼElohim: ¡Apártate de nosotros! ¿Qué puede hacernos ʼEL-Shadday?
18 Nanso ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afi mu, nti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho.
Aunque Él llenó sus viviendas de bienes, lejos esté de mí el consejo de los perversos.
19 Atreneefo hu wɔn asehwe ma wɔn ani gye; na wɔn a wɔn ho nni asɛm serew wɔn ka se,
Los justos lo ven y se alegran. El inocente se burla de ellos:
20 ‘Wɔasɛe yɛn atamfo, na ogya ahyew wɔn agyapade.’
¡En verdad nuestros adversarios fueron destruidos, y lo que queda de ellos lo devora el fuego!
21 “Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoe wɔ ne mu; saa ɔkwan yi so na yiyedi bɛfa ayɛ wo kyɛfa.
Reconcíliate y tendrás paz con Él, y por ello te vendrá bien.
22 Tie akwankyerɛ a efi nʼanom, na fa ne nsɛm sie wo koma mu.
Acepta la instrucción de su boca, y guarda sus dichos en tu corazón.
23 Sɛ wosan kɔ Otumfo no nkyɛn a obegye wo ato mu bio: sɛ wuyi amumɔyɛsɛm fi wo ntamadan mu
Si te vuelves a ʼEL-Shadday, serás reedificado. Si alejas la iniquidad de tu casa,
24 na wotow wo sika mpɔw gu mfutuma mu ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abon mu no so a,
y lanzas tu tesoro al polvo, y el oro de Ofir, como piedras del arroyo.
25 ɛno de Otumfo bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ ɔbɛyɛ dwetɛ ankasa ama wo.
Entonces ʼEL-Shadday será tu oro y plata preciosa para ti.
26 Afei nokware wubenya anigye wɔ Otumfo mu na wobɛpagyaw wʼani akyerɛ Onyankopɔn.
Entonces te deleitarás en ʼEL-Shadday, y levantarás tu rostro hacia ʼElohim.
27 Wobɛbɔ no mpae, na obetie wo, na wubedi wo bɔhyɛ so.
Orarás a Él, y te escuchará, y tú podrás pagar tus votos.
28 Nea woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu, na hann bɛtɔ wʼakwan so.
Cuando decidas una cosa, te será establecida y brillará la luz en tus caminos.
29 Sɛ nnipa hwe ase na woka se, ‘Ma wɔn so!’ a, obegye wɔn a wɔahwe ase no nkwa.
Cuando estés abatido, hablarás con confianza: ¡Y a la persona humilde Él salvará!
30 Obegye abɔnefo mpo, ɔnam wo nsa a ɛho nni fi so begye wɔn.”
Librará al inocente. Escapará a causa de la limpieza de tus manos.