< Hiob 20 >

1 Na Naamani Sofar buae se,
Na Naamani Sofar buaa sɛ,
2 Me tirim mu ntew me, na ɛhyɛ me sɛ mimmua efisɛ me ho yeraw me yiye.
“Me tiri mu ntene me, na ɛhyɛ me sɛ memmua ɛfiri sɛ me ho yera me yie.
3 Mate animka bi a egu me ho fi, na ntease a minya no hyɛ me sɛ mimmua.
Mate animka bi a ɛgu me ho fi, na nteaseɛ a menya no hyɛ me sɛ memmua.
4 “Ampa ara wunim sɛnea nneɛma te fi tete, efi bere a wɔde nnipa duaa asase so no,
“Ampa ara wonim sɛdeɛ nneɛma teɛ firi tete, ɛfiri ɛberɛ a wɔde nnipa duaa asase so,
5 sɛ amumɔyɛfo ani gye bere tiaa bi mu, na wɔn a wonsuro nyame nso anigye nkyɛ.
sɛ amumuyɛfoɔ ani gye ɛberɛ tiawa bi mu, na wɔn a wɔnnsuro nyame nso anigyeɛ nkyɛ.
6 Ɛwɔ mu sɛ nʼahohoahoa kodu ɔsoro, na ne ti kɔpem omununkum koraa a,
Ɛwom sɛ nʼahohoahoa kɔduru ɔsoro, na ne tiri kɔpem omununkum deɛ,
7 ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa nʼagyanan; na wɔn a wohuu no no bebisa se, ‘Ɔwɔ he?’
nanso, ɔbɛyera afebɔɔ te sɛ nʼankasa agyanan; na wɔn a wɔhunuu no no bɛbisa sɛ, ‘Ɔwɔ he?’
8 Otu kɔ te sɛ ɔdae, na wɔrenhu no bio, wɔn werɛ fi te sɛ anadwo mu anisoadehu.
Ɔtu kɔ te sɛ daeɛ, na wɔrenhunu no bio. Wɔtwam kɔ te sɛ anadwo mu anisoadehunu.
9 Ani a ehuu no no renhu no bio; na ne sibea nso renhu no bio.
Ani a ɛhunu noɔ no renhunu no bio; na ne siberɛ nso renhunu no bio.
10 Ne mma bɛpata ahiafo; ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya san ma.
Ne mma bɛsrɛ adeɛ afiri ahiafoɔ hɔ; ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya sane ma.
11 Ne mmerantebere mu ahoɔden a ahyɛ ne nnompe ma no ne no bɛkɔ mfutuma mu.
Ne mmeranteberɛ mu ahoɔden a ahyɛ ne nnompe ma no ne no bɛkɔ mfuturo mu.
12 “Ɛwɔ mu sɛ bɔne yɛ nʼanom dɛ na ɔde sie ne tɛkrɛma ase,
“Ɛwom sɛ bɔne yɛ nʼanom dɛ na ɔde sie ne tɛkrɛma ase;
13 ɛwɔ mu sɛ ontumi nnyaa mu na ɔma ɛka ne dudom,
ɛwom sɛ ɔntumi nnyaa mu na ɔma ɛka ne dodom,
14 nanso, nʼaduan bɛyɛ nwen wɔ ne yafunu mu; ɛbɛyɛ ɔwɔ ano bɔre wɔ ne mu.
nanso, nʼaduane bɛyɛ nwono wɔ ne yafunu mu; ɛbɛyɛ ɔtweaseɛ ano borɔ wɔ ne mu.
15 Ɔbɛfe ahonyade a ɔmenee no; Onyankopɔn bɛma ne yafunu apuw agu.
Ɔbɛfe ahonyadeɛ a ɔmeneeɛ no; Onyankopɔn bɛma ne yafunu apu agu.
16 Ɔbɛfefe awɔ bɔre; Ɔnanka se bekum no.
Ɔbɛfefe awɔ borɔ; Ɔnanka se bɛkum no.
17 Ɔrennya nsuwansuwa no nnom nsubɔnten a nufusu ne ɛwo sen wɔ mu no.
Ɔrennya nsuwansuwa no nnom nsubɔntene a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ mu no.
18 Ɔbɛdan nea ɔbrɛ nyae no aba a ɔrenni bi; ɔremfa nʼaguadi mu mfaso nnye nʼani.
Ɔbɛdane deɛ ɔbrɛ nyaeɛ no aba a ɔrenni bi; ɔremfa nʼadwadie mu mfasoɔ nnye nʼani.
19 Efisɛ ɔhyɛɛ ahiafo so ma wodii ohia buruburoo; ɔde ne nsa ato afi a ɛnyɛ ɔno na osii so.
Ɛfiri sɛ ɔhyɛɛ ahiafoɔ so ma wɔdii ohia buruburo; ɔde ne nsa ato afie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ so.
20 “Ampa ara ɔrennya ahomegye mfi nea wapere anya no mu; ɔrentumi mfa nʼademude nnye ne ho nkwa.
“Ampa ara ɔrennya ahomegyeɛ mfiri deɛ wapere anya no mu; ɔrentumi mfa nʼakoradeɛ nnye ne ho nkwa.
21 Wafom nneɛma nyinaa awie; ne nkɔso nnu baabiara.
Wafom nneɛma nyinaa awie; ne nkɔsoɔ nnuru baabiara.
22 Nʼadedodow nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu; na amanehunu a emu yɛ den bɛto no.
Nʼadedodoɔ nyinaa mu no, ɔbɛkɔ ɔhaw mu; na amanehunu a emu yɛ den bɛto no.
23 Bere a nʼafuru ayɛ ma no, Onyankopɔn bɛtɔ nʼabufuw gya agu ne so na wabobɔ no basabasa.
Ɛberɛ a nʼafuru ayɛ ma no, Onyankopɔn bɛtɔ nʼabufuo ogya agu ne so na wabobɔ no basabasa.
24 Ɛwɔ mu sɛ oguan fi dade akode ano nanso bɛmma a ano yɛ kɔbere mfrafrae bɛwɔ no.
Ɛwom sɛ ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ ano nanso bɛmma a ano yɛ kɔbere mfrafraeɛ bɛwɔ no.
25 Ɔtwe bɛmma no fi nʼakyi, ano hyɛnhyɛn no fi ne brɛbo mu. Ehu bɛba ne so;
Wɔbɛtwe bɛmma no firi nʼakyi, ano hyɛnhyɛn no bɛfiri ne brɛboɔ mu. Ehu bɛba ne so;
26 sum kabii retwɛn nʼademude. Ogya a ɛnnɛw mu bɛhyew no, na asɛe nea aka wɔ ne ntamadan mu.
esum kabii bɛduru nʼakoradeɛ. Ogya a wɔmfite mu bɛhye no, na asɛe deɛ aka wɔ ne ntomadan mu.
27 Ɔsoro bɛda nʼafɔdi adi, na asase asɔre atia no.
Ɔsoro bɛda nʼafɔdie adi, na asase asɔre atia no.
28 Nsuyiri bɛtwe ne fi akɔ, saa ara na asuworo bɛyɛ Onyankopɔn abufuwhyew da no.
Nsuyire bɛtwe ne fie akɔ, saa ara na nsuworosoɔ bɛyɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no.
29 Eyi ne nkrabea a Onyankopɔn de ma amumɔyɛfo, agyapade a Onyankopɔn de ato hɔ ama wɔn ne no.”
Yei ne hyɛberɛ a Onyankopɔn de ma amumuyɛfoɔ, awugyadeɛ a Onyankopɔn de ato wɔn hɔ.”

< Hiob 20 >