< Hiob 2 >
1 Da foforo bi, abɔfo no baa Awurade anim bio na Satan nso kaa wɔn ho bae.
Ɛda foforɔ bi, abɔfoɔ no baa Awurade anim bio na Satan nso kaa wɔn ho baeɛ.
2 Awurade bisaa Satan se, “Wufi he na wobaa ha?” Satan buaa Awurade se, “Mifi asase so akyinkyinakyinkyin ne emu akɔneabadi mu.”
Awurade bisaa Satan sɛ, “Wofiri he na wobaa ha?” Satan buaa Awurade sɛ, “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu.”
3 Na Awurade bisaa Satan se, “Woadwene mʼakoa Hiob ho ana? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔteɛ. Ɔyɛ onipa a osuro Onyankopɔn na okyi bɔne. Ɛwɔ mu sɛ wohyɛɛ me sɛ mensɛe no a minni nnyinaso biara de, nanso ɔda so gyina ne pɛpɛyɛ no mu.”
Na Awurade bisaa Satan sɛ, “Woadwene mʼakoa Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene. Ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne. Ɛwom sɛ wohyɛɛ me sɛ mensɛe no a menni nnyinasoɔ biara deɛ, nanso ɔda so gyina ne pɛpɛyɛ no mu.”
4 Satan buaa Awurade sɛ, “Were pere were. Onipa de nea ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa.
Satan buaa Awurade sɛ, “Wedeɛ pere wedeɛ. Onipa de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa.
5 Sɛ ebetumi a teɛ wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!”
Sɛ ɛbɛtumi a tene wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!”
6 Awurade ka kyerɛɛ Satan se, “Eye, ɔwɔ wo nsam na ne nkwa de gyaa mu ma no.”
Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Ɛyɛ, ɔwɔ wo nsam na ne nkwa deɛ, gyaa mu ma no.”
7 Enti Satan fii Awurade anim, na ɔmaa akuru a ɛyɛ yaw totɔɔ Hiob ho fi ne nʼanan ase kosii nʼapampam.
Enti, Satan firii Awurade anim, na ɔmaa akuro a ɛyɛ yea totɔɔ Hiob ho firi ne nan ase kɔsii nʼapampam.
8 Afei, na kyɛmfɛre na Hiob de twiw ne ho, bere a ɔte nsõ mu.
Afei, na kyɛmferɛ na Hiob de dwi ne ho, ɛberɛ a ɔte nsõ mu.
9 Ne yere bisaa no se, “Woda so kura wo pɛpɛyɛ no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!”
Ne yere bisaa no sɛ, “Woda so kura wo pɛpɛyɛ no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!”
10 Na Hiob buaa no sɛ, “Wokasa sɛ ɔbea a ɔyɛ ɔkwasea. Ade pa de yɛagye afi Onyankopɔn nsam na ade bɔne na yɛmpo ana?” Eyi nyinaa mu no, Hiob anka asɛm bɔne.
Na Hiob buaa no sɛ, “Wokasa sɛ ɔbaa a ɔyɛ ɔkwasea. Ade pa deɛ, yɛagye afiri Onyankopɔn nsam na ade bɔne na yɛmpo anaa?” Yei nyinaa mu, Hiob anka asɛm bɔne.
11 Bere a Hiob nnamfo baasa bi a wɔne Temanni Elifas, Suhini Bildad ne Naamani Sofar tee amanehunu a aba Hiob so no, wofii wɔn afi mu, hyia yɛɛ adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ no na wɔakyekye ne werɛ.
Ɛberɛ a Hiob nnamfo baasa bi a wɔne Temanni Elifas, Suhini Bildad ne Naamani Sofar tee amanehunu a aba Hiob so no, wɔfirii wɔn afie mu, hyia yɛɛ adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ no na wɔakyekye ne werɛ.
12 Wohuu Hiob fii akyiri no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ ase twaa agyaadwo, sunsuan wɔn ntade mu, tuu mfutuma guu wɔn ti so.
Wɔhunuu Hiob firii akyiri no, wɔanhunu sɛ ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ aseɛ twaa agyaadwoɔ, sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mfuturo guu wɔn tiri so.
13 Na wɔne no tenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Na obiara ankasa, efisɛ wohuu sɛ nʼamanehunu no nyɛ adewa.
Na wɔne no tenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Na obiara ankasa, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ nʼamanehunu no nyɛ asɛmwa.