< Hiob 19 >
2 “Mobɛhyɛ me ɔyaw na mode nsɛm abubu me akosi da bɛn?
“How long will you go on tormenting me? How long will you go on crushing me with words?
3 Mpɛn du ni a moasopa me; mo ani nwu sɛ motow hyɛ me so.
Ten times already you have humiliated me. Aren't you ashamed for treating me so badly?
4 Sɛ ɛyɛ nokware sɛ mafom ɔkwan a, me mfomso yɛ me nko ara asɛm.
Even if I did sin, that's my problem, and has nothing to do with you.
5 Sɛ ampa sɛ mobɛma mo ho so asen me na mode mʼanimguase ayɛ adanse atia me a,
You think you're so much better than me, and you use my degradation against me.
6 ɛno de munhu sɛ Onyankopɔn ayɛ me bɔne na ɔde ne tan atwa me ho ahyia.
But you should realize that it's God who has wronged me, he has trapped me in his net.
7 “Ɛwɔ mu, misu se, ‘Wɔafom me’ de, nanso obiara mmua me; meteɛ mu pɛ mmoa, nanso atɛntrenee biara nni hɔ.
Even though I cry for help, I get no answer; even though I shout my objections, I get no justice.
8 Wasiw me kwan enti mintumi nsen; ɔde sum aduru mʼakwan so.
God has walled me in so I can't escape; he has plunged my path into darkness.
9 Wayi mʼanuonyam afi me so na watu mʼahenkyɛw afi me ti so.
He has stripped my honor from me; he has taken away my reputation.
10 Wasɛe me akwannuasa nyinaa so de awie me; watu mʼanidaso ase te sɛ dua.
He tears me down from all sides until I am finished; he has destroyed my hope like a tree that is uprooted.
11 Nʼabufuw huru tia me; na wakan me afra nʼatamfo mu.
His anger burns against me; he treats me as one of his enemies.
12 Nʼakofo ba anibere so; wosisi mpie de tia me na wotwa me ntamadan ho hyia.
God's troops assemble to attack me. They build ramparts against me. They encircle and besiege my home.
13 “Wayi me nuabarimanom afi me ho; na mʼamanifo atwe wɔn ho koraa.
He has driven my brothers far away from me; all my former friends are estranged from me.
14 Mʼabusuafo kɔ; na me nnamfonom werɛ afi me.
My relatives have abandoned me; my close friends have forgotten me.
15 Mʼahɔho ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔho; mete sɛ ɔnanani ma wɔn.
My house guests and my maidservants treat me as a stranger—to them I have become a foreigner.
16 Mefrɛ me somfo, na ommua; mpo, metew mʼano srɛ no.
I call my servant, but he doesn't reply. I have to beg him!
17 Me home bɔn me yere; me ho afono mʼankasa nuabarimanom.
I am repulsive to my wife, and I am loathsome to my own brothers.
18 Mpo, mmarimaa nkumaa bu me animtiaa; sɛ mipue a wodi me ho fɛw.
Even young children despise me; when I stand up they ridicule me.
19 Me nnamfo ankasa nyinaa kyi me; mʼadɔfo asɔre atia me.
All my closest friends despise me, and those I loved have turned on me.
20 Maka were ne nnompe, nea mede aguan nkutoo ne me se akyi nam.
I've been reduced to skin and bones and I survive by the skin of my teeth.
21 “Munhu me mmɔbɔ, me nnamfonom, munhu mmɔbɔ, na Onyankopɔn nsa abɔ me.
Have pity on me, my friends, have pity on me, because God has struck me down!
22 Adɛn nti na motaa me sɛnea Onyankopɔn yɛ no? Na mommfa me honam yi saa ara?
Why are you persecuting me like God does? Aren't you satisfied with getting your pound of flesh?
23 “Ao, sɛ anka wɔde me nsɛm bɛhyɛ nhoma mu, anka wɔbɛkyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so,
I wish my words could be written down, recorded in a book,
24 anka wɔde dade pɛe bɛkyerɛw wɔ sumpii so, anaa wobekuruakyerɛw wɔ ɔbotan so afebɔɔ!
or engraved with an iron pen and molten lead in the rock forever.
25 Minim sɛ me dimafo te ase, na awiei no ɔbɛsɔre agyina asase so.
I know my Redeemer is alive, and that he shall finally take the stand for me on the earth.
26 Na wɔasɛe me were awie no, mefi me were mu ahu Onyankopɔn.
Even though my skin is destroyed, in my body I shall see God.
27 Me ara mehu no mede mʼani, na ɛnyɛ obi foforo ani, behu no. Sɛnea me koma ho pere wɔ me mu!
I myself will see him—with my own eyes, and not those of someone else! The thought overcomes me!
28 “Sɛ moka se, ‘Yɛbɛteetee no, efisɛ ɔhaw no fi ɔno ara a,’
You say to yourselves, ‘How can we make him suffer so he can see he is the source of his problems?’
29 ɛsɛ sɛ mo ankasa musuro afoa no na abufuw nam afoa so de asotwe bɛba, na mubehu sɛ atemmu wɔ hɔ.”
You yourselves should fear being punished by God, for you know anger brings God's punishment that accompanies judgment.”