< Hiob 18 >

1 Na Suhini Bildad buae se,
Then answered Bildad the Shuhite, and said,
2 “Bere bɛn na wubegyae kasa tenten yi? Dwene ho yiye, na afei yebetumi akasa.
How long will it be ere ye make an end of words? mark, and afterwards we will speak.
3 Adɛn nti na wofa yɛn sɛ anantwi na wususuw sɛ yennim nyansa yi?
Wherefore are we counted as beasts, and reputed vile in your sight?
4 Wo a wode abufuw tetew wo mu nketenkete, wo nti na yemfi asase so anaasɛ wonnwiriw abotan mfi wɔn sibea ana?
He teareth himself in his anger: shall the earth be forsaken for thee? and shall the rock be removed out of his place?
5 “Omumɔyɛfo kanea adum; na ne gya nnɛw bio.
Yea, the light of the wicked shall be put out, and the spark of his fire shall not shine.
6 Hann a ɛwɔ ne ntamadan mu duru sum; kanea a esi ne ho no dum.
The light shall be dark in his tabernacle, and his candle shall be put out with him.
7 Nʼanammɔntu mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase; nʼankasa nhyehyɛe hwe no ase.
The steps of his strength shall be straitened, and his own counsel shall cast him down.
8 Nʼanammɔn de no kɔ afiri mu, na okyinkyin kɔtɔ ne tan mu.
For he is cast into a net by his own feet, and he walketh upon a snare.
9 Afiri so ne nantin na eso ne mu dennen.
The gin shall take him by the heel, and the robber shall prevail against him.
10 Wɔasum no afiri ahintaw wɔ fam; afiri wɔ ne kwan mu.
The snare is laid for him in the ground, and a trap for him in the way.
11 Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa na ɛhaw no wɔ nʼanammɔntu biara mu.
Terrors shall make him afraid on every side, and shall drive him to his feet.
12 Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no; na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.
His strength shall be hungerbitten, and destruction shall be ready at his side.
13 Ɛwewe ne honam ani baabi; na owu di kan sɛe nʼakwaa.
It shall devour the strength of his skin: even the firstborn of death shall devour his strength.
14 Wɔtwe no fi ne ntamadan bammɔ mu na wɔde no brɛ ahunahunahene.
His confidence shall be rooted out of his tabernacle, and it shall bring him to the king of terrors.
15 Ogya te ne ntamadan mu; na wɔabɔ sufre a ɛredɛw apete nʼatenae.
It shall dwell in his tabernacle, because it is none of his: brimstone shall be scattered upon his habitation.
16 Ne ntin wuwu wɔ ase na ne mman nso wu wɔ soro.
His roots shall be dried up beneath, and above shall his branch be cut off.
17 Wɔnnkae no asase so bio; na onni din wɔ asase so.
His remembrance shall perish from the earth, and he shall have no name in the street.
18 Wɔka no fi hann mu kɔ sum mu na wɔpam no fi wiase.
He shall be driven from light into darkness, and chased out of the world.
19 Onni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfo mu, na nʼaseni biara renka wɔ baabi a ɔtenae.
He shall neither have son nor nephew among his people, nor any remaining in his dwellings.
20 Nnipa a wofi atɔe fam ho adwiriw wɔn wɔ nea ato no no ho; na aninyanne bunkam wɔn a wɔwɔ apuei fam no so.
They that come after him shall be astonied at his day, as they that went before were affrighted.
21 Ampa ara, sɛɛ na omumɔyɛfo atenae te; sɛɛ ne beae a nea onnim Onyankopɔn no te.”
Surely such are the dwellings of the wicked, and this is the place of him that knoweth not God.

< Hiob 18 >