< Hiob 17 >

1 Me honhom atɔ beraw, me nna so atwa, na ɔda retwɛn me.
我的心靈消耗,我的日子滅盡; 墳墓為我預備好了。
2 Ampa ara fɛwdifo atwa me ho ahyia; ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutuwpɛ.
真有戲笑我的在我這裏, 我眼常見他們惹動我。
3 “Ao Onyankopɔn, hyɛ me bɔ a wuhia. Hena bio na ɔbɛma me bammɔ?
願主拿憑據給我,自己為我作保。 在你以外誰肯與我擊掌呢?
4 Wɔato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase; enti woremma wonni nkonim.
因你使他們心不明理, 所以你必不高舉他們。
5 Sɛ obi sopa ne nnamfonom de gye akatua a, ɛbɛhwere ne mma aniwa.
控告他的朋友、以朋友為可搶奪的, 連他兒女的眼睛也要失明。
6 “Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano, obi a wɔte ntasu gu nʼani so.
上帝使我作了民中的笑談; 他們也吐唾沫在我臉上。
7 Awerɛhow ama mʼani ayɛ siamoo me nipadua nyinaa yɛ sunsuma.
我的眼睛因憂愁昏花; 我的百體好像影兒。
8 Ɛyɛ atreneefo nwonwa; wɔn a wodi bem tia wɔn a wonni nyamesu.
正直人因此必驚奇; 無辜的人要興起攻擊不敬虔之輩。
9 Nanso atreneefo bɛkɔ wɔn anim, na wɔn a wɔn nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.
然而,義人要持守所行的道; 手潔的人要力上加力。
10 “Mo nyinaa monsan mmra mmɛsɔ nhwɛ! Na merennya onyansafo wɔ mo mu.
至於你們眾人,可以再來辯論吧! 你們中間,我找不着一個智慧人。
11 Me nna atwa mu, me nhyehyɛe apansam. Nanso me koma apɛde
我的日子已經過了; 我的謀算、我心所想望的已經斷絕。
12 ma anadwo dan awia; sum mu koraa no hann bɛn.
他們以黑夜為白晝, 說:亮光近乎黑暗。
13 Sɛ ofi a mʼani da so nkutoo ne ɔda, sɛ mesɛw me kɛtɛ wɔ sum mu, (Sheol h7585)
我若盼望陰間為我的房屋, 若下榻在黑暗中, (Sheol h7585)
14 sɛ meka kyerɛ porɔwee se, ‘Wo yɛ mʼagya,’ ne osunson se, ‘Me na’ anaa ‘Me nuabea’ a,
若對朽壞說:你是我的父; 對蟲說:你是我的母親姊妹;
15 na afei mʼanidaso wɔ he? Hena na obetumi anya anidaso bi ama me?
這樣,我的指望在哪裏呢? 我所指望的誰能看見呢?
16 Ebesian akɔ owu pon ano ana? Yɛn nyinaa besian akɔ mfutuma mu ana?” (Sheol h7585)
等到安息在塵土中, 這指望必下到陰間的門閂那裏了。 (Sheol h7585)

< Hiob 17 >