< Hiob 15 >
1 Na Temanni Elifas buae se,
Na Temanni Elifas buaa sɛ,
2 “Enti onyansafo de nsɛm a aba biara nni mu beyi nʼano anaasɛ ɔde apuei mframa a emu yɛ hyew bɛhyɛ nʼafuru ma?
“Enti onyansafoɔ de nsɛm a aba biara nni muo bɛyi nʼano anaasɛ ɔde apueeɛ mframa a emu yɛ hye bɛhyɛ nʼafuru ma?
3 Ɔde nsɛm huhuw begye akyinnye, aka nsɛm a mfaso biara nni so ana?
Ɔde nsɛm huhuo bɛdi anobaabaeɛ, aka nsɛm a ɛntu bunu biara anaa?
4 Wototo onyamesuro ase mmom na wusiw Onyankopɔn som ho kwan.
Wototo onyamesuro ase mmom na wosi Onyankopɔn mu ahotosoɔ ho ɛkwan.
5 Wo bɔne kyerɛ wʼano nea ɔnka; na woafa anitew tɛkrɛma.
Wo bɔne kyerɛ wʼano deɛ ɔnka; na woafa aniteɛ tɛkrɛma.
6 Wʼankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me de; wʼankasa wʼano di adanse tia wo.
Wo ankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me deɛ; wʼankasa wʼano di adanseɛ tia wo.
7 “Wone onipa a wɔwoo wo dii kan ana? Wɔwoo wo ansa na wɔrewo nkoko ana?
“Wone onipa a wɔwoo wo dii ɛkan? Wɔwoo wo ansa na wɔrewo nkokoɔ?
8 Wutie Onyankopɔn afotu ana? Wo nko ara na wunim nyansa ana?
Wotie Onyankopɔn afotuo anaa? Wo nko ara na wonim nyansa anaa?
9 Dɛn na wunim a, yennim? Nhumu bɛn na wowɔ a yenni?
Ɛdeɛn na wonim a, yɛnnim? Nhunumu bɛn na wowɔ a yɛnnie?
10 Nea wafuw dwen ne akwakoraa wɔ yɛn afa wɔn a wɔanyinyin sen wʼagya mpo.
Deɛ wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn afa, wɔn a wɔanyini sene wʼagya mpo.
11 Onyankopɔn awerɛkyekye ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo ana?
Onyankopɔn awerɛkyekyerɛ ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo anaa?
12 Adɛn nti na wo koma atwe wo akɔ adɛn nti na wʼani asɔ gya,
Adɛn enti na wʼakoma atwe wo korɔ adɛn enti na wʼani asɔ ogya,
13 na woadan wʼabufuw agu Onyankopɔn so na woma saa nsɛm yi pue fi wʼano?
na woadane wʼabofuo agu Onyankopɔn so na woma saa nsɛm yi pue firi wʼano?
14 “Ɔdesani ne hena a obetumi ayɛ pɛ, anaasɛ nea ɔbea awo no bɛn na obetumi ayɛ ɔtreneeni?
“Ɔdasani ne hwan a ɔbɛtumi ayɛ pɛ, anaasɛ deɛ ɔbaa awo noɔ bɛn na ɔbɛtumi ayɛ ɔteneneeni?
15 Onyankopɔn nni ahotoso wɔ nʼakronkronfo mu ɔsorosoro mpo nyɛ kronkron wɔ nʼani so,
Onyankopɔn nni ahotosoɔ wɔ nʼakronkronfoɔ mu. Ɔsorosoro mpo nnyɛ kronn wɔ nʼani so,
16 na me ne onipa debɔneyɛfo ne omumɔyɛfo a ɔnom bɔne sɛ nsu.
na nkantom onipa bɔnefoɔ ne omumuyɛfoɔ a ɔnom awurukasɛm sɛ nsuo.
17 “Tie me, na mɛkyerɛ wo mu; ma menka nea mahu nkyerɛ wo,
“Tie me, na mɛkyerɛ wo mu; ma menka deɛ mahunu nkyerɛ wo,
18 nea anyansafo apae mu aka, a wɔamfa biribiara a wonya fii wɔn agyanom hɔ no ansie
deɛ anyansafoɔ apae mu aka, a wɔamfa biribiara a wɔnya firii wɔn agyanom hɔ no ansie
19 (wɔn nko ara na wɔde asase no maa wɔn bere a ananafo biara nni wɔn mu):
(wɔn a wɔde asase no maa wɔn ɛberɛ a ananafoɔ biara nni hɔ):
20 Omumɔyɛfo kɔ ahohia mu, ne nkwanna nyinaa, na basabasayɛni nso, ne mfe a wɔahyehyɛ ama no nyinaa.
Omumuyɛfoɔ kɔ ahohiahia mu ne nkwanna nyinaa. Na basabasayɛni nso, wɔahyehyɛ ne mfeɛ nyinaa ama no.
21 Nnyigyei a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma; na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yiye ma no a, akorɔmfo tow hyɛ ne so.
Nnyegyeɛ a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma; na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yie ma no a, akorɔmfoɔ to hyɛ ne so.
22 Ɔpa abaw sɛ obeguan afi sum mu; wɔabɔ no ato hɔ ama afoa.
Ɔpa aba sɛ ɔbɛdwane afiri esum mu; wɔabɔ no ato hɔ ama akofena.
23 Okyinkyin hwehwɛ aduan; onim sɛ sum da no abɛn.
Ɔkyinkyini hwehwɛ aduane; ɔnim sɛ esum da no abɛn.
24 Ɔhaw ne ahoyeraw yi no hu; ɛhyɛ ne so sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko,
Ɔhaw ne ahoyera yi no hu; ɛhyɛ ne so sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko,
25 efisɛ ɔteɛteɛ ne nsa kyerɛ Onyankopɔn na ɔma ne ho so tia Otumfo,
ɛfiri sɛ ɔtenetene ne nsa kyerɛ Onyankopɔn na ɔma ne ho so tia Otumfoɔ.
26 wɔde nkatabo a mu piw na ɛyɛ den kɔ ne so a, onsuro obiara.
Wɔde akokyɛm a emu pi na ɛyɛ den kɔ ne so a wɔnsuro no.
27 “Ɛwɔ mu sɛ srade ama nʼafono atotɔ na nʼasen mu nam abubu agu so de,
“Ɛwom sɛ sradeɛ ama wɔn afono atotɔ na wɔn asene mu ɛnam agu mmɛbɛ deɛ,
28 nanso ɔbɛtena nkurow a agu so na watena afi a obi nte mu, afi a ɛrebubu mu.
nanso wɔbɛtena nkuro a aguo so na wɔatena afie a obi nte mu, afie a ɛrebubu mu.
29 Ɔrenkɔ so nyɛ ɔdefo bio, na nʼahonya rennyina, na nʼagyapade so bɛtew na ayera wɔ asase so.
Wɔrenkɔ so nyɛ adefoɔ bio, na wɔn ahonya rennyina, na wɔn agyapadeɛ so bɛte na ayera wɔ asase so.
30 Ɔrenguan sum no; ogyaframa bɛhyew ne mman, na Onyankopɔn anom ahomegu bɛsoa no akɔ.
Esum bɛduru wɔn; ogyaframa bɛkusa wɔn mman, na Onyankopɔn anom ahomeguo bɛsoa wɔn akɔ.
31 Ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho to nneɛma huhuw so de daadaa ne ho, efisɛ ɔrennya hwee mfi mu.
Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho to nneɛma huhuo so de daadaa wɔn ho, ɛfiri sɛ wɔrennya hwee mfiri mu.
32 Ansa na ne da bedu no, wobetua no ka a bi nka, na ne mman renyɛ frɔmfrɔm.
Ansa na wɔn da bɛduru no, wɔbɛtua wɔn ka a ebi renka, na wɔn mman renyɛ frɔmfrɔm.
33 Ɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔaporow so aba a ennyin ɛ, te sɛ ngodua a ne nhwiren reporow gu fam.
Wɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔapore so aba a ɛnnyiniiɛ, te sɛ ngo dua a ne nhyerɛnne repore gu fam.
34 Na abɔnefo fekuw a wonnim Onyankopɔn no rensow aba, na ogya bɛhyew wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntamadan.
Na abɔnefoɔ fekuo a wɔnnim Onyankopɔn no renso aba, na ogya bɛhye wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntomadan.
35 Wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne; wɔn awotwaa siesie nnaadaa.”
Wɔnyinsɛn ɔhaw na wɔwo amumuyɛ; wɔn awotwaa siesie nnaadaa.”