< Hiob 14 >

1 “Nnipa a ɔbea awo wɔn nna yɛ tiaa bi na ɔhaw ahyɛ mu mma.
女から生れる人は日が短く、悩みに満ちている。
2 Ɔfefɛw te sɛ nhwiren na etwintwam; ɔte sɛ sunsuma a ɛretwa mu akɔ, ɔntena hɔ nkyɛ.
彼は花のように咲き出て枯れ、影のように飛び去って、とどまらない。
3 Woma wʼani kɔ saa onipa yi so? Wode no bɛba wʼanim abebu no atɛn ana?
あなたはこのような者にさえ目を開き、あなたの前に引き出して、さばかれるであろうか。
4 Hena na obetumi ayi nea ɛyɛ kronkron afi fi mu? Obiara nni hɔ.
だれが汚れたもののうちから清いものを出すことができようか、ひとりもない。
5 Woahyehyɛ onipa nkwa nna; woahyɛ nʼasram dodow ato hɔ na woahyɛ no bere a ɔrentumi ntra.
その日は定められ、その月の数もあなたと共にあり、あなたがその限りを定めて、越えることのできないようにされたのだから、
6 Enti yi wʼani fi ne so na ɔnyɛ nea ɔpɛ, kosi sɛ obewie nʼadwuma sɛ ɔpaani.
彼から目をはなし、手をひいてください。そうすれば彼は雇人のように、その日を楽しむことができるでしょう。
7 “Dua mpo anidaso wɔ hɔ ma no: Sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw bio, na ne mman foforo no rempenpan.
木には望みがある。たとい切られてもまた芽をだし、その若枝は絶えることがない。
8 Ne ntin betumi anyin akyɛ asase mu na ne dunsin nso awu wɔ dɔte mu,
たといその根が地の中に老い、その幹が土の中に枯れても、
9 nanso, onya nsu a ɛfefɛw, na eyiyi mman sɛ dua a wɔatɛw.
なお水の潤いにあえば芽をふき、若木のように枝を出す。
10 Nanso sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam; ɔhome nea etwa to a, na afei onni hɔ bio.
しかし人は死ねば消えうせる。息が絶えれば、どこにおるか。
11 Sɛnea nsu tu yera wɔ po mu no, anaa sɛnea suka mu yowee no,
水が湖から消え、川がかれて、かわくように、
12 saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio; enkosi sɛ ɔsoro betwa mu no, nnipa rensɔre na wɔrennyan wɔn mfi wɔn nna mu.
人は伏して寝、また起きず、天のつきるまで、目ざめず、その眠りからさまされない。
13 “Sɛ anka wode me besie ɔda mu de me ahintaw kosi sɛ wʼabufuw betwa mu! Sɛ anka wobɛhyɛ me bere na afei woakae me! (Sheol h7585)
どうぞ、わたしを陰府にかくし、あなたの怒りのやむまで、潜ませ、わたしのために時を定めて、わたしを覚えてください。 (Sheol h7585)
14 Sɛ onipa wu a ɔbɛba nkwa mu bio ana? Mʼaperedi nna mu nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me foforoyɛ bɛba.
人がもし死ねば、また生きるでしょうか。わたしはわが服役の諸日の間、わが解放の来るまで待つでしょう。
15 Wobɛfrɛ na megye wo so; wʼani begyina abɔde a wo nsa ayɛ.
あなたがお呼びになるとき、わたしは答えるでしょう。あなたはみ手のわざを顧みられるでしょう。
16 Afei wobɛkan mʼanammɔntu na worenni me bɔne akyi.
その時あなたはわたしの歩みを数え、わたしの罪を見のがされるでしょう。
17 Wɔbɛsɔ me bɔne ano wɔ kotoku mu, na woakata mʼamumɔyɛ so.
わたしのとがは袋の中に封じられ、あなたはわたしの罪を塗りかくされるでしょう。
18 “Nanso sɛnea mmepɔw so hohoro na ɛpompono na ɔbotan nso twe fi ne sibea no,
しかし山は倒れてくずれ、岩もその所から移される。
19 sɛnea nsu yiyi abo ho na osuhweam twe dɔte kɔ no saa ara na wosɛe onipa anidaso.
水は石をうがち、大水は地のちりを洗い去る。このようにあなたは人の望みを断たれる。
20 Wutintim ne so prɛko pɛ, na otwa mu kɔ; wosakra ne nipasu na wugya no kwan.
あなたはながく彼に勝って、彼を去り行かせ、彼の顔かたちを変らせて追いやられる。
21 Sɛ wɔhyɛ ne mmabarima anuonyam a, onnim; na sɛ wɔbrɛ wɔn ase a, onhu.
彼の子らは尊くなっても、彼はそれを知らない、卑しくなっても、それを悟らない。
22 Ɔno ara were mu yaw na ɔtee na ɔno ara ne ho na ogyam.”
ただおのが身に痛みを覚え、おのれのために嘆くのみである」。

< Hiob 14 >