< Hiob 13 >
1 “Mʼani ahu eyinom nyinaa, mʼaso ate, na ate ase.
He aquí que todas estas cosas han visto mis ojos, y oído y entendido para sí mis oídos.
2 Nea wunim no, me nso minim; wonyɛ abomfiaa mma me.
Como vosotros lo sabéis, lo sé yo: no soy menos que vosotros.
3 Nanso mepɛ sɛ mekasa kyerɛ Otumfo no na mekyerɛkyerɛ mʼasɛm mu kyerɛ Onyankopɔn.
Mas yo hablaría con el Todopoderoso, y querría disputar con Dios.
4 Mode atoro mmom na asra me ho; mo nyinaa moyɛ ayaresafo a munsi hwee!
Que ciertamente vosotros sois componedores de mentira, todos vosotros sois médicos de nada.
5 Sɛ mobɛyɛ komm koraa a ɛno na ɛbɛyɛ nyansa ama mo!
Ojalá callando callarais del todo, porque os fuera en lugar de sabiduría.
6 Afei muntie mʼano asɛm; muntie mʼanoyi.
Oíd pues ahora mi disputa, y estád atentos a los argumentos de mis labios.
7 Mobɛka amumɔyɛsɛm ama Onyankopɔn ana? Mobɛka nnaadaasɛm ama no ana?
¿Habéis de hablar iniquidad por Dios? ¿habéis de hablar por él engaño?
8 Mobɛkyea mo aso ama no? Mobɛka Onyankopɔn asɛm ama no ana?
¿Habéis vosotros de hacerle honra? ¿habéis de pleitear vosotros por Dios?
9 Sɛ ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi mo yiye ana? Mubetumi adaadaa no sɛnea modaadaa nnipa no ana?
¿Sería bueno que él os escudriñase? ¿Burlaros heis con él, como quien se burla con algún hombre?
10 Sɛ mokyeaa mo aso wɔ kokoa mu a, sɛnea ɛte biara, ɔbɛka mo anim
El arguyendo os argüirá duramente, si en lo secreto le hicieseis tal honra.
11 Nʼanuonyam mmɔ mo hu ana? Ne ho suro ntɔ mo so ana?
Ciertamente su alteza os había de espantar, y su pavor había de caer sobre vosotros.
12 Mo kasatɔmmɛ yɛ mmɛbu a ɛte sɛ nsõ; mo anoyi yɛ dɔte twann anoyi.
Vuestras memorias serán comparadas a la ceniza, y vuestros cuerpos como cuerpos de lodo.
13 “Monyɛ komm mma menkasa; na nea ɛbɛyɛ me biara mmra me so.
Escuchádme, y hablaré yo, y véngame después lo que viniere.
14 Adɛn nti na mede me ho to amane mu na mede me nkwa to me nsam?
¿Por qué quitaré yo mi carne con mis dientes, y pondré mi alma en mi palma?
15 Ɛwɔ mu sɛ okum me de, nanso ne so na mʼani bɛda; ampa ara medi mʼakwan ho adanse wɔ nʼanim.
Aun cuando me matare, en él esperaré: empero mis caminos defenderé delante de él.
16 Nokware, eyi na ɛbɛyɛ me nkwagye, efisɛ nea onsuro Onyankopɔn no rentumi nkɔ nʼanim!
Y él también me será salud, porque no entrará en su presencia el impío.
17 Muntie me nsɛm yi yiye; monyɛ aso mma nea meka.
Oíd con atención mi razón, y mi denunciación con vuestros oídos.
18 Afei a masiesie me nkurobɔ yi, minim sɛ medi bem.
He aquí ahora, que si yo me apercibiere a juicio, yo sé que seré justificado.
19 Obi betumi abɔ me kwaadu ana? Sɛ ɛte saa de a, anka mɛyɛ komm na mawu.
¿Quién es el que pleiteará conmigo? porque si ahora callase, me moriría.
20 “Onyankopɔn, yɛ saa nneɛma abien yi pɛ ma me, na afei meremfa me ho nhintaw wo:
A lo menos dos cosas no hagas conmigo, y entonces no me esconderé de tu rostro.
21 Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri, na gyae wo ho hu a wode hunahuna me no.
Aparta de mí tu mano, y no me asombre tu terror:
22 Ɛno de, samena me na mɛba, anaa ma menkasa na bua me.
Y llama, y yo responderé: o yo hablaré, y respóndeme tú:
23 Mfomso ne bɔne dodow ahe na mayɛ? Kyerɛ me me mfomso ne me bɔne.
¿Cuántas iniquidades y pecados tengo yo? Házme entender mi prevaricación y mi pecado.
24 Adɛn nti na wode wʼanim asie me na wudwen sɛ meyɛ wo tamfo?
¿Por qué escondes tu rostro, y me cuentas por tu enemigo?
25 Wobɛyɛ ahaban a mframa rebɔ no ayayade ana? Wobɛtaa ntɛtɛ a awo ana?
¿A la hoja arrebatada del aire has de quebrantar? ¿y a una arista seca has de perseguir?
26 Wokyerɛw sobo a ɛyɛ yaw tia me, na woka me mmabunmmere mu bɔne nyinaa gu me so.
¿Por qué escribes contra mí amarguras, y me haces cargo de los pecados de mi mocedad;
27 Wode nkyehama gu mʼanan; wohwɛ mʼanammɔnkwan nyinaa so yiye na wode agyiraehyɛde ayeyɛ mʼanammɔn mu.
Y pones mis pies en el cepo, y guardas todos mis caminos, imprimiéndolo a las raíces de mis pies?
28 “Enti onipa nkwa sa te sɛ ade a aporɔw, te sɛ atade a nwewee adi.
Siendo el hombre como carcoma que se envejece: y como vestido que se come de polilla.