< Hiob 11 >
1 Na Naamani Sofar buae se,
Na Naamani Sofar buaa sɛ,
2 “Ɛnsɛ sɛ woyi saa nsɛm yi ano ana? Ɛsɛ sɛ wobu saa ɔkasafo yi bem ana?
“Ɛnsɛ sɛ wɔyi saa nsɛm yi ano anaa? Ɛsɛ sɛ wɔbu saa ɔkasafoɔ yi bem anaa?
3 Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm ana? Sɛ wudi fɛw a obiara nka wʼanim ana?
Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm anaa? Sɛ wodi fɛ a obiara renka wʼanim anaa?
4 Woka kyerɛ Onyankopɔn se, ‘Me gyidi ho nni asɛm na meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’
Woka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Me gyidie ho nni asɛm na meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’
5 Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa, anka ɔnkasa ntia wo
Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa, anka ɔnkasa ntia wo
6 na ommue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo, efisɛ nyansa turodoo yɛ afanu. Hu sɛ Onyankopɔn werɛ afi wo bɔne no bi mpo.
na ɔmmue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo, ɛfiri sɛ nyansa turodoo yɛ afanu. Hunu yei sɛ, Onyankopɔn werɛ afiri wo bɔne no bi mpo.
7 “Wubetumi ate Onyankopɔn anwonwade ase ana? Wubetumi abɔre ahu nea Otumfo no tumi kɔpem ana?
“Wobɛtumi ate Onyankopɔn anwanwadeɛ ase anaa? Wobɛtumi abɔre ahunu deɛ Otumfoɔ no tumi kɔpem anaa?
8 Ɛkorɔn sen ɔsoro, dɛn na wubetumi ayɛ? Emu dɔ sen ɔda ase tɔnn, dɛn na wubetumi ahu? (Sheol )
Ɛkorɔn sene ɔsoro, ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ? Emu dɔ sene damena ase tɔnn, ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu? (Sheol )
9 Ne nsusuwii mu ware sen asase na ɛtrɛw sen po.
Ne nsusuiɛ mu ware sene asase na ɛtrɛ sene ɛpo.
10 “Sɛ ɔba de wo bɛto afiase ansa na osi nkongua a, hena na obetumi asiw no kwan?
“Sɛ ɔba na ɔde wo to nneduadan mu ansa na wasi nkonnwa a, hwan na ɔbɛtumi asi no ɛkwan?
11 Ampa ara ohu nnipa nnaadaafo; na sɛ ohu bɔne a, ɔnhyɛ ne nsow ana?
Ampa ara ɔhyɛ nnipa nnaadaafoɔ nso; na sɛ ɔhunu amumuyɛ a, ɔnhyɛ ne nso anaa?
12 Nanso ogyimifo rentumi nyɛ onyansafo da na wɔawo afurum ba sɛ onipa.
Nanso ogyimifoɔ rentumi nyɛ onyansafoɔ sɛdeɛ wɔrentumi nwo afunumu ba sɛ onipa no.
13 “Na sɛ wode wo koma ma no na wopagyaw wo nsa kyerɛ no,
“Na sɛ wode wʼakoma ma no na wopagya wo nsa kyerɛ no,
14 sɛ wugyaa bɔne a wukura no mu na woamma amumɔyɛ antena wo ntamadan mu a
sɛ wogyaa bɔne a wokura no mu na woamma amumuyɛ antena wo ntomadan mu a,
15 ɛno de, bɔne nni wo ho, wobɛma wo ti so; wubegyina pintinn a worensuro.
ɛnneɛ, wobɛpagya wo ti a womfɛre; wobɛgyina pintinn a wonsuro.
16 Wo werɛ befi wʼahokyere, na wɔbɛkae no sɛ nsu a asen kɔ.
Wo werɛ bɛfiri wʼahokyere, na ɛbɛyɛ wo sɛ nsuo a asene korɔ.
17 Abrabɔ bɛhyerɛn asen owigyinae, na sum bɛyɛ sɛ adekyee hann.
Wʼabrabɔ bɛhyerɛn asene owigyinaeɛ, na esum bɛyɛ sɛ adekyeɛ hann.
18 Wubenya bammɔ, efisɛ anidaso wɔ hɔ; wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoe mu.
Wobɛnya banbɔ, ɛfiri sɛ anidasoɔ wɔ hɔ; wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoeɛ mu.
19 Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo, na bebree bɛhwehwɛ mmoa afi wo nkyɛn.
Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo, na bebree bɛhwehwɛ mmoa afiri wo nkyɛn.
20 Amumɔyɛfo ani befura, wɔrentumi nguan; na wɔn anidaso bɛdan owu ahomegu.”
Amumuyɛfoɔ ani bɛfira, wɔrentumi nnwane; na wɔn anidasoɔ bɛdane owuo ahomeguo.”