< Hiob 10 >
1 “Abrabɔ afono me; enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie na mɛkasa afi me kra yawdi mu.
I hate my life! Let me speak freely about my complaints—I can't keep my bitterness to myself.
2 Mɛka akyerɛ Onyankopɔn se: Mmu me kumfɔ, na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me.
I will tell God, “Don't just condemn me—tell me what you have against me.
3 Ɛyɛ wo fɛ sɛ wohyɛ me so, de po wo nsa ano adwuma, na woserew hwɛ amumɔyɛfo nhyehyɛe?
Do you enjoy accusing me? Why do you reject me, someone you made with your own hands, and yet smile on the scheming of the wicked?
4 Wowɔ ɔhonam mu ani ana? Wuhu ade te sɛ ɔdesani ana?
Do you have human eyes? Do you see like human beings do?
5 Wo nkwanna te sɛ ɔdesani anaa wo mfe te sɛ onipa hoɔdenfo,
Is your life as short as mortal beings? Are your years as brief as those of humanity,
6 a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomso na wopɛɛpɛɛ me bɔne mu?
that you have to examine my wrongs and investigate my sins?
7 Ɛwɔ mu, wunim sɛ minni fɔ, na obiara nso ntumi nnye me mfi wo nsam.
Even though you know I'm not guilty, no one can save me from you.
8 “Wo nsa na ɛnwenee me na ɛbɔɔ me. Afei wobɛdan wo ho asɛe me ana?
You made me and shaped me with your own hands, and yet you destroy me.
9 Kae sɛ wonwen me sɛ dɔte. Na wobɛdan me ayɛ me mfutuma bio ana?
Remember that you shaped me like a piece of clay—are you now going to turn me back into dust?
10 So woanhwie me sɛ nufusu na woammɔ me toa sɛ srade,
You poured me out like milk, you curdled me like cheese.
11 amfa were ne honam ankata me ho ankeka nnompe ne ntin antoatoa mu ana?
You clothed me with skin and flesh; you wove my body together with bones and muscles.
12 Womaa me nkwa, yii ayamye kyerɛɛ me, na ɔhwɛsie mu wohwɛɛ me honhom so.
You granted me life and showed me your kindness; you have taken great care of me.
13 “Nanso eyi na wode siee wo koma mu, na minim sɛ na eyi wɔ wʼadwene mu.
But you kept these things hidden in your heart. I know your purpose was
14 Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me na wobɛma me so asotwe.
to watch me, and if I sinned, then you would not forgive my wrongs.
15 Na sɛ midi fɔ a, nnome nka me! Na sɛ mpo midi bem a, merentumi mma me ti so, efisɛ aniwu ahyɛ me ma na mʼamanehunu amene me.
If I'm guilty I'm in trouble, if I'm innocent I can't hold my head high because I'm totally disgraced as I look at my sufferings.
16 Na sɛ mema me ti so a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata, na bio woda wʼanwonwatumi no adi tia me.
If I do hold my head high you hunt me down like a lion, showing how powerful you are in hurting me.
17 Wode nnansefo foforo betia me na woma wʼabufuw ano yɛ den wɔ me so; wʼasraafo tu ba me so bere biara.
You repeat your arguments against me, you pour out more and more of your anger against me, you send fresh armies against me.
18 “Adɛn nti na woma wɔwoo me? Ɛkaa me nko a anka miwui ansa na ani bi rehu me.
So why did you allow me to be born? I wish that I had died, and nobody had ever seen me!
19 Sɛ anka mamma nkwa yi mu, anaasɛ wɔsoaa me fi awotwaa mu de me kɔɔ ɔda mu tee!
It would have been better if I had never existed, taken straight from the womb to the grave.
20 So ɛnkaa kakraa bi na me nna kakraa no to ntwaa ana? Gyaa me na minya anigye bere tiaa bi
I only have a few days left, so why don't you leave me alone so I can have a little peace
21 ansa na makɔ koransan kusuuyɛ ne sunsuma kabii asase so,
before I go to where I shall never return from, the land of darkness and the shadow of death—
22 asase a ɛyɛ anadwo sum kabii, sum kabii ne sakasaka, baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ sum.”
the land of total darkness where death's shadow lies, a place of chaos where light itself is darkness.”