< Yeremia 1 >

1 Nsɛm a efi Yeremia nkyɛn ni. Yeremia yɛ Hilkia babarima a na ɔyɛ Anatot asɔfo no mu baako wɔ Benyamin asase so.
The words of Jeremiah, the son of Hilkiah, one of the priests, who dwelt in Anathoth in the land of Benjamin;
2 Awurade asɛm baa ne nkyɛn wɔ Yosia a ɔyɛ Yuda hene Amon babarima adedi afe a ɛto so dumiɛnsa no mu.
to whom the word of Jehovah came in the days of Josiah, the son of Amon, king of Judah, in the thirteenth year of his reign;
3 Ɛtoaa so wɔ Yuda hene Yosia babarima Yehoiakim bere so, kosii Yuda hene Yosia babarima Sedekia bere so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ adedi no afe a ɛto so dubaako no ɔsram a ɛto so anum no mu.
to whom it also came in the days of Jehoiakim, the son of Josiah, king of Judah, until the end of the eleventh year of Zedekiah, the son of Josiah, king of Judah, until the carrying away of Jerusalem into captivity in the fifth month.
4 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
The word of Jehovah came to me, saying:
5 “Ansa na mereyɛ wo wɔ awotwaa mu no na minim wo; ansa na wɔrebɛwo wo no, miyii wo sii nkyɛn; meyɛɛ wo odiyifo maa aman no.”
Before I formed thee in the womb, I knew thee; and before thou camest into the world, I chose thee; I appointed thee to be a prophet to the nations.
6 Mekae se, “Aa, Otumfo Awurade minnim kasa; meyɛ abofra.”
Then said I, Alas, O Lord Jehovah! Behold, I am not able to speak; for I am a child.
7 Awurade ka kyerɛɛ me se, “Nka se ‘meyɛ abofra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo no nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no.
But Jehovah said to me, Say not, I am a child; but go to whomever I send thee, and speak whatever I command thee!
8 Nsuro wɔn, efisɛ meka wo ho, na magye wo,” nea Awurade se ni.
Be not afraid of them! For I am with thee to help thee, saith Jehovah.
9 Na Awurade teɛɛ ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me se, “Mprempren mede me nsɛm ahyɛ wʼanom.
Then Jehovah put forth his hand, and touched my mouth. Jehovah also said to me, Behold, I have put my words in thy mouth.
10 Hwɛ, nnɛ, mede wo asi aman ne ahenni so sɛ, tutu na dwiriw gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.”
Behold, I have set thee this day over nations and over kingdoms, to root out, and to pull down, and to destroy, and to overthrow; and to build, and to plant.
11 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Dɛn na wuhu yi, Yeremia?” Na mibuae se, “Mihu ɔsonkoran dubaa.”
Then the word of Jehovah came to me, saying, What seest thou, Jeremiah? And I said, I see a rod of almond-wood.
12 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Wahu no yiye, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.”
And Jehovah said to me, Thou hast seen right; for I am watchful over my word to perform it.
13 Awurade asɛm baa me nkyɛn bio se, “Dɛn na wuhu yi?” Mibuae se, “Mihu kuku a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn fi atifi fam.”
And the word of Jehovah came to me a second time, saying, What seest thou? And I said, I see a boiling pot, whose face is turned from the north.
14 Awurade ka kyerɛɛ me se, “Wobefi atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so.
And Jehovah said to me, From the north shall evil break forth upon all the inhabitants of the land.
15 Merebɛfrɛ atifi ahenni mu nnipa nyinaa,” nea Awurade se ni. “Wɔn ahemfo de wɔn ahengua bɛba abesisi Yerusalem kuropɔn apon ano; wɔbɛtow ahyɛ nʼafasu a atwa ahyia ne Yuda nkurow nyinaa so.
For, behold, I will call all the tribes of the kingdoms of the north, saith Jehovah; and they shall come, and shall set every one his throne at the entrance of the gates of Jerusalem, and against all her walls around, and against all the cities of Judah.
16 Mebu me nkurɔfo atɛn wɔ wɔn amumɔyɛ sɛ wɔagyaw me, sɛ wɔhyew nnuhuam ma anyame afoforo na wɔkotow sɔre nea wɔde wɔn nsa ayɛ.
And I will pronounce my judgments against them for all their wickedness, in that they have forsaken me, and have burned incense to other gods, and worshipped the work of their own hands.
17 “Siesie wo ho! Sɔre na ka nea mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim.
Thou, therefore, gird up thy loins, and arise, and speak to them all that I command thee; be not afraid of them, lest I confound thee before them.
18 Nnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ bammɔ, dadedum ne kɔbere fasu sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfo, asɔfo ne nnipa a wɔwɔ asase no so.
For, behold, I make thee this day a fortified city, and a pillar of iron, and a wall of brass against all this land, against the kings of Judah, against the princes thereof, against the priests thereof, and against the people of the land.
19 Wɔbɛko atia wo, nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, efisɛ meka wo ho na megye wo,” sɛnea Awurade se ni.
They shall fight against thee, but they shall not prevail against thee; for I will be with thee, saith Jehovah, to help thee.

< Yeremia 1 >