< Yeremia 9 >
1 Ao, sɛ me ti yɛ asuti, na mʼaniwa yɛ nusu abura a! Mɛtew nusu awia ne anadwo ama me nkurɔfo a wɔakunkum wɔn no.
O that my head were waters, And mine eyes a fountain of tears, That I might weep day and night For the slain of the daughter of my people!
2 Ao, sɛ mewɔ akwantufo asoɛe wɔ nweatam no so a anka megyaw me nkurɔfo hɔ na mafi wɔn nkyɛn; efisɛ wɔn nyinaa yɛ nguaman, nnipakuw a wonni nokware.
O that I had a traveller's lodge in the wilderness, That I might leave my people, and go from them! For they are all adulterers; An assembly of revolters.
3 “Wosiesie wɔn tɛkrɛma te sɛ agyan de di atoro; Ɛnyɛ nokware so na wɔnam di yiye wɔ asase yi so. Wɔyɛ bɔne toatoa so; na wonnye me nto mu,” Awurade na ose.
They bend their tongues, like their bows, for lies, And not by truth do they grow mighty in the earth; They proceed from wickedness to wickedness, And have no regard to me, saith Jehovah.
4 “Monhwɛ yiye wɔ mo nnamfonom ho; munnye obiara nni wɔ mo abusua mu. Efisɛ wɔn mu biara yɛ ɔdaadaafo, na adamfo biara yɛ ɔsɛefo.
Be on your guard each one against his neighbor, And trust ye not in any brother; For every brother will supplant, And every neighbor will slander.
5 Adamfo daadaa adamfo, na wɔn mu biara nka nokware. Wɔn tɛkrɛma akokwaw atorodi mu, wɔde bɔneyɛ haw wɔn ho.
They deceive every one his neighbor, And do not speak the truth; They have accustomed their tongues to speak lies; They weary themselves in doing iniquity.
6 Wote nnaadaa mfimfini; na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wogye me to mu,” sɛnea Awurade se ni.
Thy habitation is in the midst of deceit, [[O prophet!]] Through deceit they refuse to know me, saith Jehovah.
7 Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade se, “Hwɛ, mɛnan wɔn asɔ wɔn ahwɛ, na dɛn bio na metumi ayɛ esiane me nkurɔfo yi bɔne nti?
Therefore thus saith Jehovah of hosts: Behold I will melt them and try them; For what else can I do on account of the daughter of my people?
8 Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ bɔre; ɛka nnaadaasɛm. Obiara kasa asomdwoe mu kyerɛ ne yɔnko, nanso ne koma mu de, osum no afiri.
Their tongue is a deadly arrow; Every one of them speaketh treachery; With their mouth they speak peace to their neighbor, But in their heart they lay snares for him.
9 Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyi ho?” Sɛɛ na Awurade se. “Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?
Shall I not punish them for these things? saith Jehovah; Shall I not be avenged on such a nation as this?
10 Mesu na metwa adwo ama mmepɔw no, mɛbɔ abubuw a ɛfa nweatam adidibea ho. Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio, na wɔnte anantwi su wɔ hɔ. Wim nnomaa no atutu kɔ na mmoa no nso aguan kɔ.
For the mountains will I lift up a weeping and wailing, And for the pastures of the plains a lamentation, For they are burned up, so that none can pass through them; No more is heard the voice of the cattle; Both the birds of the heavens and the beasts have fled, and are gone.
11 “Mɛyɛ Yerusalem mmubui siw, sakraman atu; na mɛma Yuda nkurow ada mpan sɛnea obiara ntumi ntena hɔ.”
I will make Jerusalem heaps of stones, The dwelling-place of jackals; And I will make the cities of Judah desolate, without an inhabitant.
12 Onipa bɛn na onim nyansa ara sɛ ɔbɛte eyi ase? Hena na Awurade akyerɛkyerɛ no a obetumi akyerɛ ase? Adɛn nti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ nweatam a obiara ntumi mfa so?
Who is the wise man, that he may understand this, And he to whom the mouth of the Lord hath spoken, that he may declare it? Why is it that the land perisheth, That it is burned up like a desert, which none passeth through?
13 Awurade kae se, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no nti, wɔanyɛ osetie amma me na wɔanni me mmara so.
Jehovah himself hath said: It is because they have forsaken my law, Which I set before them, And have not hearkened to my voice, Nor walked according to it;
14 Mmom, wɔadi wɔn koma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛnea wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.”
But have walked after the obstinacy of their own heart, And after the Baals, as their fathers taught them.
15 Ɛno nti, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduan a ɛyɛ nwen na wɔanom nsu a wɔde awuduru afra.
Therefore thus saith Jehovah of hosts, the God of Israel: Behold, I will feed this people with wormwood, And give them water of hemlock to drink.
16 Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so no so, na mede afoa bɛtaa wɔn kosi sɛ mɛsɛe wɔn.”
I will also scatter them among nations Which neither they nor their fathers have known, And I will send after them the sword, Till I have made an end of them.
17 Sɛnea Awurade tumfo se ni: “Dwene ho! Frɛ mmea agyaadwotwafo no, frɛ wɔn a wɔakwadaw mu pa ara.
Thus saith Jehovah of hosts: Consider ye, and call for the mourning women, that they may come, And send to the skilful ones, that they may come;
18 Ma wɔmmra ntɛm mmesu ngu yɛn so kosi sɛ yɛn ani so bɛtaa nusu na nusu aguare yɛn.
Let them make haste, and lift up a wailing for us, That our eyes may run down with tears, And our eyelids gush forth with waters.
19 Wɔte agyaadwotwa nnyigyei fi Sion se, ‘Wɔasɛe yɛn! Yɛn anim agu ase yiye! Ɛsɛ sɛ yetu fi yɛn asase so efisɛ yɛn afi abubu.’”
Behold, a voice of wailing is heard from Zion: “How are we spoiled! How are we put to shame! We must leave our native land; They have cast down our habitations.”
20 Afei, mo mmea, muntie Awurade asɛm; monyɛ aso mma nsɛm a efi nʼanom. Monkyerɛ mo mmabea sɛnea wotwa dwo; monkyerɛ mo ho mo ho abubuwbɔ.
Hear, O ye women, the word of Jehovah! Let your ear receive the word of his mouth! Teach your daughters a lamentation, And every one her companion a mournful dirge!
21 Owu aforo afa yɛn mfɛnsere mu ahyɛn yɛn aban mu; apam mmofra afi mmɔnten so ne mmerante afi ɔman aguabɔbea.
For death cometh in through our windows, It entereth our palaces; It cutteth off the children from the street, And the young men from the public places.
22 Ka se, “Sɛɛ Na Awurade se, “‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ te sɛ sumina a egugu petee mu, te sɛ aburow a nnɔbaetwafo atwa agu nʼakyi a obiara mmoaboaa ano.’”
Declare it, saith Jehovah! The dead bodies of men shall fall as dung upon the open field, And as the handful behind the reaper, Which none gathereth up.
23 Eyi ne nea Awurade se: “Mma onyansafo mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho anaa ɔhoɔdenfo mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho anaa ɔdefo mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.
Thus saith Jehovah: Let not the wise man glory in his wisdom, Nor let the mighty glory in his might, Nor let the rich glory in his riches!
24 Mmom ma nea ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ ɔwɔ nhumu, na onim sɛ, me ne Awurade a ɔyɛ adɔe, na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so, efisɛ eyinom na ɛsɔ mʼani,” sɛnea Awurade se ni.
But let him that glorieth glory in this, That he hath regard to me, and knoweth me, That I am Jehovah, who exercise loving-kindness, Justice, and righteousness upon the earth; For in these do I delight, saith Jehovah.
25 “Nna no reba,” Awurade na ose, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso:
Behold the days come, saith Jehovah, That I will punish all the circumcised with the uncircumcised,
26 Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo ne wɔn a wɔtete nweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokware, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofo na mpo Israelfi nyinaa yɛ koma mu momonotofo.”
Egypt, and Judah, and Edom, And the sons of Ammon and Moab, And all with shaven cheeks, that dwell in the wilderness. For all the nations are uncircumcised, And all the house of Israel is uncircumcised in heart.