< Yeremia 8 >

1 “‘Saa bere no, sɛnea Awurade se ni, wobeyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfo nnompe, asɔfo ne adiyifo nnompe ne Yerusalemfo nnompe afi wɔn nna mu.
“‘Saa ɛberɛ no, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, wɔbɛyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfoɔ nnompe, asɔfoɔ ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn nnamena mu.
2 Wɔbɛsɛw no kɛtɛ wɔ owia ne ɔsram ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔe, na wɔsomee, na wodii akyi kɔɔ so abisa na wɔsɔree no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn; mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam.
Wɔbɛsɛ no kɛtɛ wɔ awia ne ɔsrane ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔɔɛ na wɔsomeeɛ na wɔdii akyire no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn, mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam.
3 Baabiara a metwa saa ɔman bɔne yi nkae no asu akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wobewu sen sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛnea Asafo Awurade se ni.’
Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛwu sene sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.’
4 “Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni: “‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre ana? Sɛ onipa dan ne ho a, ɔnsan nʼakyi ana?
“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: “‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa? Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa?
5 Afei adɛn nti na saa nnipa yi adan wɔn ho? Adɛn nti na Yerusalem dan ne ho daa yi? Wokura nnaadaa mu pintinn; na wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.
Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho? Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi? Wɔkura nnaadaa mu pintinn; na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi.
6 Mawɛn mʼaso atie, nanso wɔnnka nea ɛteɛ. Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumɔyɛ ho, na ɔka se, “Dɛn na mayɛ?” Obiara fa ne kwan te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrepem akɔ akono.
Mawɛn maso matie, nanso wɔnnka deɛ ɛtene. Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho, na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?” Obiara fa ɔno ara ɛkwan so te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm.
7 Mpo aturukuku a ɔwɔ wim nim ne mmere a wɔahyehyɛ ama no, na asukɔnkɔn, asomfena ne agyenkuku hu bere a wotu kɔtena baabi, nanso me nkurɔfo nnim nea Awurade hwehwɛ.
Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiem nim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no, na aturukuku, asomfena ne anyankuku hunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi, nanso me nkurɔfoɔ nnim deɛ Awurade hwehwɛ.
8 “‘Adɛn na mutumi ka se, “Yenim nyansa, efisɛ yɛwɔ Awurade mmara,” wɔ bere a akyerɛwfo kyerɛwdua torofo de atoro adannan mu?
“‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa, ɛfiri sɛ yɛwɔ Awurade mmara,” wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔ de atorɔ adanedane mu?
9 Anyansafo no anim begu ase; wɔn ho bedwiriw wɔn na afide ayi wɔn. Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a, na nyansa bɛn na wɔwɔ?
Anyansafoɔ no anim bɛgu ase; wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn. Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a, na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ?
10 Mede wɔn yerenom bɛma mmarima afoforo ne wɔn mfuw nso ama afoforo. Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya; adiyifo ne asɔfo te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifo.
Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ. Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya; adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.
11 Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru te sɛnea ɛnyɛ hu. Wɔka se, “Asomdwoe, asomdwoe” wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.
Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro te sɛ deɛ ɛnyɛ hu. Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ” wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.
12 Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana? Dabi da, wɔn ani nnwu koraa; wonnim fɛre mpo. Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu; wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a, sɛnea Awurade se ni.
Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa? Dabi, wɔn ani nnwu koraa; wɔnnim fɛreɛ mpo. Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu; sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase, sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
13 “‘Mɛfa wɔn twabere nnɔbae akɔ, nea Awurade se ni. Aba biara remma bobe nnua no so. Aba biara remma borɔdɔma nnua no so, ɛso nhaban begunguan. Nea mede ama wɔn no, wobegye afi wɔn nsam.’”
“‘Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ, deɛ Awurade seɛ nie. Aba biara remma bobe nnua no so. Aba biara remma borɔdɔma nnua no so, ɛso nhahan bɛdwindwan. Deɛ mede ama wɔn no wɔbɛgye afiri wɔn nsam.’”
14 Adɛn nti na yɛtete ha? Mommoaboa mo ho ano! Momma yenguan nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ mu na yenkowuwu wɔ hɔ! efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn abu yɛn kumfɔ na wama yɛn nsu a awuduru wɔ mu sɛ yɛnnom, efisɛ yɛayɛ bɔne atia no.
Adɛn enti na yɛtete ha? Mommoaboa mo ho ano! Momma yɛnnwane nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ mu na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ! Ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn abu yɛn kumfɔ na wama yɛn nsuo a awuduro wɔ mu sɛ yɛnnom, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne atia no.
15 Yɛhwɛɛ kwan sɛ yebenya asomdwoe nanso biribi pa biara amfi mu amma, yɛhwɛɛ ayaresabere kwan nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.
Yɛhwɛɛ ɛkwan sɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ nanso biribi pa biara amfiri mu amma, yɛhwɛɛ ayaresa berɛ ɛkwan nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.
16 Wɔte atamfo no apɔnkɔ home fii Dan; na wɔn apɔnkɔnini su ma asase no nyinaa wosow. Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe asase no ne so nneɛma nyinaa, kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.
Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homee firi Dan; na wɔn apɔnkɔnini su ma asase no nyinaa woso. Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe asase no ne ɛso nneɛma nyinaa, kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.
17 “Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ bɔre aba mo mu, nhurutoa a wontumi nnwudwo wɔn, na wɔbɛkeka mo,” nea Awurade se ni.
“Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ borɔ aba mo mu, nhurutoa a wɔntumi nnwodwo wɔn, na wɔbɛkeka mo,” deɛ Awurade seɛ nie.
18 Wone mʼawerɛhow mu Werɛkyekyefo, me koma abotow wɔ me mu.
Ao mʼawerɛhoɔ mu ɔwerɛkyekyefoɔ, mʼakoma aboto wɔ me mu.
19 Tie me nkurɔfo sufrɛ; a efi akyirikyiri asase so: “Awurade nni Sion ana? Ne Hene no nni hɔ bio ana?” “Adɛn nti na wɔde wɔn nsɛsode ahyɛ me abufuw, wɔn ananafo ahoni huhuw no?”
Tie me nkurɔfoɔ sufrɛ a ɛfiri akyirikyiri asase so: “Awurade nni Sion anaa? Ne Ɔhene no nni hɔ bio anaa?” “Adɛn enti na wɔde wɔn nsɛsodeɛ ahyɛ me abufuo, wɔn ananafoɔ ahoni huhuo no?”
20 “Otwabere no atwa mu, ahuhuru bere no aba awiei, na wonnnyee yɛn nkwa.”
“Otwa berɛ no atwam, ahuhuro berɛ no aba awieeɛ, na wɔnnyee yɛn nkwa.”
21 Sɛ wɔadwerɛw me nkurɔfo no nti, wɔadwerɛw me; midi awerɛhow, na ahodwiriw akyekyere me.
Sɛ wɔadwerɛ me nkurɔfoɔ no enti, wɔadwerɛ me; medi awerɛhoɔ, na ahodwirie akyekyere me.
22 Aduru bi nni Gilead ana? Ɔyaresafo bi nni hɔ ana? Na afei adɛn nti na ayaresa nni hɔ mma me nkurɔfo apirakuru?
Aduro bi nni Gilead anaa? Ɔyaresafoɔ bi nni hɔ anaa? Na afei adɛn enti na ayaresa nni hɔ mma me nkurɔfoɔ apirakuro?

< Yeremia 8 >