< Yeremia 7 >

1 Eyi ne asɛm a efi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn:
The word that came to Jeremiah from the LORD, saying,
2 “Gyina Awurade asɔredan no pon ano, na ka saa asɛm yi: “‘Muntie Awurade asɛm, mo nnipa a mowɔ Yuda nyinaa a mofa apon yi ano kɔsom Awurade.
Stand in the gate of the LORD’s house, and proclaim there this word, and say, Hear the word of the LORD, all you of Judah, that enter in at these gates to worship the LORD.
3 Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: Monsakra mo akwan ne mo nneyɛe, na mɛma mo atena ha.
Thus says the LORD of hosts, the God of Israel, Amend your ways and your doings, and I will cause you to dwell in this place.
4 Mommfa mo ho nto nnaadaasɛm so na monnka se, “Eyi ne Awurade asɔredan, Awurade asɔredan, Awurade asɔredan!”
Trust you not in lying words, saying, The temple of the LORD, The temple of the LORD, The temple of the LORD, are these.
5 Sɛ mosakra mo akwan ne mo nneyɛe nokware mu, na mo ne mo ho mo ho di no trenee mu,
For if you thoroughly amend your ways and your doings; if you thoroughly execute judgment between a man and his neighbor;
6 sɛ moanhyɛ ɔhɔho, ayisaa anaa okunafo so, na moanhwie mogya a edi bem angu wɔ ha, na moanni anyame foforo akyi ankɔ mo ara ɔsɛe mu a,
If you oppress not the stranger, the fatherless, and the widow, and shed not innocent blood in this place, neither walk after other gods to your hurt:
7 ɛno de, mɛma mo atena ha, asase a mede maa mo agyanom afebɔɔ no so.
Then will I cause you to dwell in this place, in the land that I gave to your fathers, for ever and ever.
8 Nanso monhwɛ, mode mo ho ato nnaadaa nsɛm a so nni mfaso so.
Behold, you trust in lying words, that cannot profit.
9 “‘Mobɛbɔ korɔn na moadi awu, mobɛbɔ aguaman na moadi adansekurum, mobɛhyew nnuhuam ama Baal na moadi anyame afoforo a munnim wɔn akyi,
Will you steal, murder, and commit adultery, and swear falsely, and burn incense to Baal, and walk after other gods whom you know not;
10 na afei, moaba abegyina mʼanim wɔ ofi a me din da so na moaka se, “Yenni ɔhaw,” sɛ moyɛ akyiwade yi nyinaa a na munni ɔhaw ana?
And come and stand before me in this house, which is called by my name, and say, We are delivered to do all these abominations?
11 Na ofi a me din da so yi, abɛyɛ adwowtwafo tu ama mo ana? Nanso migu so rehwɛ! Awurade na ose.
Is this house, which is called by my name, become a den of robbers in your eyes? Behold, even I have seen it, says the LORD.
12 “‘Na afei monkɔ Silo, faako a midii kan bɔɔ atenae de me Din too so, na monhwɛ nea meyɛɛ no esiane me nkurɔfo Israelfo amumɔyɛ nti.
But go you now to my place which was in Shiloh, where I set my name at the first, and see what I did to it for the wickedness of my people Israel.
13 Bere a moreyɛ eyinom nyinaa, Awurade na ose, mekasa kyerɛɛ mo mpɛn bebree, nanso moantie; mefrɛɛ mo, nanso moannye so.
And now, because you have done all these works, says the LORD, and I spoke to you, rising up early and speaking, but you heard not; and I called you, but you answered not;
14 Ɛno nti, sɛnea meyɛɛ Silo no, mede bɛyɛ ofi a me Din da so no, asɔredan a mode mo ho to so, baabi a mede maa mo ne mo agyanom no.
Therefore will I do to this house, which is called by my name, wherein you trust, and to the place which I gave to you and to your fathers, as I have done to Shiloh.
15 Mɛpam mo afi mʼanim sɛnea meyɛɛ mo nuanom Efraimfo no.’
And I will cast you out of my sight, as I have cast out all your brothers, even the whole seed of Ephraim.
16 “Enti mommmɔ mpae mma saa nnipa yi, monnsrɛ na munni mma wɔn nso; monnsrɛ me, efisɛ merentie mo.
Therefore pray not you for this people, neither lift up cry nor prayer for them, neither make intercession to me: for I will not hear you.
17 Munnhu nea wɔreyɛ wɔ Yuda nkurow no mu ne Yerusalem mmɔnten so no ana?
See you not what they do in the cities of Judah and in the streets of Jerusalem?
18 Mmofra boaboa nnyina ano, na agyanom sɔ ogya no ano, mmea fɔtɔw asikresiam de to brodo ma Ɔsoro Hemmea. Na wogu nsa ma anyame afoforo de hyɛ me abufuw.
The children gather wood, and the fathers kindle the fire, and the women knead their dough, to make cakes to the queen of heaven, and to pour out drink offerings to other gods, that they may provoke me to anger.
19 Na ɛyɛ me na wɔrehyɛ me abufuw ana? Awurade na ose. Na ɛnyɛ wɔn mmom na wɔrehaw wɔn ho, hyɛ wɔn ho aniwu ana?
Do they provoke me to anger? says the LORD: do they not provoke themselves to the confusion of their own faces?
20 “‘Ɛno nti, nea Otumfo Awurade se ni: Wobehwie mʼabufuw ne mʼabufuwhyew agu beae yi so, agu nnipa ne mmoa, mfuw so nnua ne asase no so aba so, na ɛbɛdɛw a ɛrennum.’
Therefore thus says the Lord GOD; Behold, my anger and my fury shall be poured out on this place, on man, and on beast, and on the trees of the field, and on the fruit of the ground; and it shall burn, and shall not be quenched.
21 “‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Monkɔ so, momfa mo ɔhyew afɔrebɔ nka mo afɔrebɔ a aka no ho, na mo ankasa monwe nam no!
Thus says the LORD of hosts, the God of Israel; Put your burnt offerings to your sacrifices, and eat flesh.
22 Na bere a miyii mo agyanom fii Misraim na mekasa kyerɛɛ wɔn no, manhyɛ wɔn mmara a ɛfa ɔhyew afɔrebɔ ne afɔrebɔ ho nko ara,
For I spoke not to your fathers, nor commanded them in the day that I brought them out of the land of Egypt, concerning burnt offerings or sacrifices:
23 mmom mede saa mmara yi kaa ho: Monyɛ osetie mma me, na mɛyɛ mo Nyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfo. Monnantew akwan nyinaa a mɛhyɛ mo no so, na asi mo yiye.
But this thing commanded I them, saying, Obey my voice, and I will be your God, and you shall be my people: and walk you in all the ways that I have commanded you, that it may be well to you.
24 Nanso wɔantie na wɔanyɛ aso; mmom, wofi wɔn koma bɔne mu yɛɛ asoɔden. Wɔsan wɔn akyi na wɔankɔ wɔn anim.
But they listened not, nor inclined their ear, but walked in the counsels and in the imagination of their evil heart, and went backward, and not forward.
25 Efi bere a mo agyanom fii Misraim de besi nnɛ yi, da biara ne bere biara mesomaa me nkoa adiyifo baa mo nkyɛn.
Since the day that your fathers came forth out of the land of Egypt to this day I have even sent to you all my servants the prophets, daily rising up early and sending them:
26 Nanso wɔantie me na wɔanyɛ aso. Wɔde asoɔden yɛɛ bɔne boroo wɔn agyanom de so.’
Yet they listened not to me, nor inclined their ear, but hardened their neck: they did worse than their fathers.
27 “Sɛ moka eyinom nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie mo; sɛ mofrɛ wɔn a wɔrennye so.
Therefore you shall speak all these words to them; but they will not listen to you: you shall also call to them; but they will not answer you.
28 Ɛno nti monka nkyerɛ wɔn se, ‘Eyi ne ɔman a ɔnyɛɛ osetie mmaa Awurade, ne Nyankopɔn, na ɔmfaa nteɛso no. Nokware asa, na afi wɔn ano.
But you shall say to them, This is a nation that obeys not the voice of the LORD their God, nor receives correction: truth is perished, and is cut off from their mouth.
29 Munyi mo tinwi na montow ngu, muntwa agyaadwo wɔ nkoko no so, efisɛ Awurade apo, na wagyaa saa awo ntoatoaso yi a wɔwɔ nʼabufuwhyew no ase akyidi.’”
Cut off your hair, O Jerusalem, and cast it away, and take up a lamentation on high places; for the LORD has rejected and forsaken the generation of his wrath.
30 “‘Yudafo ayɛ bɔne wɔ mʼani so, sɛnea Awurade se ni. Wɔde ahoni a, ɛyɛ akyiwade asisi ofi a me Din da so mu de agu ho fi.
For the children of Judah have done evil in my sight, says the LORD: they have set their abominations in the house which is called by my name, to pollute it.
31 Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea wɔ Ben Hinom bon mu; ɛhɔ na wɔhyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea. Ade a manhyɛ wɔn na amma mʼadwene mu nso.
And they have built the high places of Tophet, which is in the valley of the son of Hinnom, to burn their sons and their daughters in the fire; which I commanded them not, neither came it into my heart.
32 Ɛno nti, monhwɛ yiye na nna no reba, Awurade na ose, a wɔremfrɛ hɔ Tofet anaa Hinom Bon bio, na mmom, wɔbɛfrɛ no Okum Bon, efisɛ wobesie awufo wɔ Tofet kosi sɛ hɔ bɛyɛ ma.
Therefore, behold, the days come, says the LORD, that it shall no more be called Tophet, nor the valley of the son of Hinnom, but the valley of slaughter: for they shall bury in Tophet, till there be no place.
33 Na afei saa nnipa yi afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa, na ɛrenka obiara wɔ hɔ a ɔbɛpam wɔn.
And the carcasses of this people shall be meat for the fowls of the heaven, and for the beasts of the earth; and none shall fray them away.
34 Mede ahosɛpɛw ne anigye nnyigyei, ayeforo ne ayeforokunu nne a ɛwɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so no bɛba awiei, efisɛ asase no bɛda mpan.’”
Then will I cause to cease from the cities of Judah, and from the streets of Jerusalem, the voice of mirth, and the voice of gladness, the voice of the bridegroom, and the voice of the bride: for the land shall be desolate.

< Yeremia 7 >