< Yeremia 6 >

1 “Benyaminfo, munguan nkɔbɔ mo ho aguaa! Munguan mfi Yerusalem! Monhyɛn torobɛnto no wɔ Tekoa! Munsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem! Efisɛ amanehunu bobɔw fi atifi fam, ɔsɛe bi a ɛyɛ hu.
“Benyaminfoɔ monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa! Monnwane mfiri Yerusalem! Monhyɛne totorobɛnto no wɔ Tekoa! Monsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem! Ɛfiri sɛ amanehunu bobɔ firi atifi fam, ɔsɛeɛ bi a ɛyɛ hu.
2 Mɛsɛe Ɔbabea Sion, ɔhoɔfɛfo sɔɔnɔ no.
Mɛsɛe Ɔbabaa Sion ɔhoɔfɛfoɔ sɔɔnɔ no.
3 Nguanhwɛfo ne wɔn nguankuw bɛba abetia no; wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia, wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”
Atamfoɔ bɛba abɛtwa ne ho ahyia te sɛ nnwanhwɛfoɔ; wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia na wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”
4 “Munsiesie mo ho ne no nkɔko! Monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so owigyinae! Nanso hwɛ, onwini redwo, na anwummere sunsuma reware.
“Monsiesie mo ho ne no nkɔko! Monsɔre, momma yɛnkɔto nhyɛ ne so owigyinaeɛ! Nanso, hwɛ, onwunu redwo, na anwummerɛ sunsumma reyɛ tenten.
5 Enti monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so anadwo na yɛnsɛe nʼaban ahorow!”
Enti, monsɔre momma yɛnkɔto nhyɛ ne so anadwo na yɛnsɛe nʼaban hodoɔ!”
6 Nea Asafo Awurade se ni: “Muntwitwa nnua no ngu fam na muntwa Yerusalem ho dantaban. Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso; nhyɛso ahyɛ no ma.
Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Montwitwa nnua no ngu fam na monsisi epie ntia Yerusalem. Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso; nhyɛsoɔ ahyɛ no ma.
7 Sɛnea abura puw ne nsu no, saa ara na opuw nʼamumɔyɛ. Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛe nka wɔ ne mu; ne yare ne nʼapirakuru wɔ mʼanim daa.
Sɛdeɛ abura pu ne nsuo no, saa ara nso na ɔpu nʼamumuyɛ. Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛeɛ nka wɔ ne mu; ne yadeɛ ne nʼapirakuro wɔ mʼanim daa.
8 Fa kɔkɔbɔ, Yerusalem, anyɛ saa metwe me ho afi wo ho na mama wʼasase ada mpan a obiara ntumi ntena so.”
Fa kɔkɔbɔ, Ao Yerusalem, anyɛ saa a metwe me ho afiri wo ho na mama wʼasase ada mpan a obiara ntumi ntena soɔ.”
9 Nea Asafo Awurade se ni: “Ma wonyiyi Israel nkae no mu yiye sɛnea woyiyi bobe mu yiye no; fa wo nsa fa mman no so bio, sɛ obi a ɔretetew bobe aba.”
Deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Ma wɔnyiyi Israel nkaeɛfoɔ no mu yie sɛdeɛ wɔyiyi bobe mu; fa wo nsa fa mman no so bio, sɛ obi a ɔretete bobe aba.”
10 Hena na metumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ? Hena na obetie me? Wɔn aso asisiw enti wɔnte asɛm. Awurade asɛm yɛ akyiwade ma wɔn, na wɔn ani nnye ho.
Hwan na mɛtumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ? Hwan na ɔbɛtie me? Wɔn aso asisi enti wɔnte asɛm. Awurade asɛm yɛ akyiwadeɛ ma wɔn na wɔn ani nnye ho.
11 Nanso Awurade abufuwhyew ahyɛ me ma, na mintumi nkora so. “Hwie gu mmofra a wɔwɔ mmɔnten so ne mmerante a wɔahyia; ɛbɛka okunu ne ɔyere, mmasiriwa, wɔn a onyin ahunhuan wɔn no so.
Nanso Awurade abufuhyeɛ ahyɛ me ma, na mentumi nkora so. “Hwie gu mmɔfra a wɔwɔ mmɔntene so ne mmaranteɛ a wɔahyia; ɛbɛka okunu ne ɔyere, mmasiriwa ne wɔn a onyini adoko wɔn.
12 Wɔbɛdan wɔn afi ama afoforo, wɔn mfuw ne wɔn yerenom bɛka ho; sɛ meteɛ me nsa wɔ wɔn a wɔte asase no so a,” sɛnea Awurade se ni.
Sɛ metene me nsa wɔ wɔn a wɔte asase no so a wɔbɛdane wɔn afie ama afoforɔ, na wɔn mfuo ne wɔn yerenom bɛka ho,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
13 “Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya; adiyifo ne asɔfo te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifo.
“Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya; adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.
14 Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru te sɛnea ɛnyɛ hu. Wɔka se, ‘Asomdwoe, asomdwoe’ wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.
Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro te sɛ deɛ ɛnyɛ hu. Wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ’ wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.
15 Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana? Dabi da, wɔn ani nnwu koraa; wonnim fɛre mpo. Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu; wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,” sɛnea Awurade se ni.
Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa? Dabi, wɔn ani nnwu koraa; wɔnnim fɛreɛ mpo. Enti sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu; wɔbɛhwehwe ase,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
16 Eyi ne nea Awurade se, “Munnyina nkwantanan no so na monhwɛ; mummisa tete akwan no, mummisa faako a ɔkwan pa no da na monnantew so, na mubenya home ama mo akra. Nanso mokae se, ‘yɛnnantew so.’
Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ; mommisa tete akwan no, mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so, na mobɛnya homeɛ ama mo akra. Nanso mokaa sɛ, ‘yɛnnante so.’
17 Mede awɛmfo sisii mo so na mekae se, ‘Muntie torobɛnto nnyigyei no!’ Nanso mokae se, ‘Yɛrentie.’
Mede awɛmfoɔ sisii mo so na mekaa sɛ, ‘Montie totorobɛnto nnyegyeeɛ no!’ Nanso, mokaa sɛ, ‘Yɛrentie.’
18 Ɛno nti monyɛ aso, mo amanaman; mo a moyɛ nnansefo, monhwɛ, monhwɛ nea ɛbɛto wɔn.
Ɛno enti, monyɛ aso, Ao amanaman; monhwɛ, Ao adansefoɔ, deɛ ɛbɛto wɔn.
19 Tie, wo asase: Mede amanehunu reba saa nnipa yi so, wɔn nneyɛe so aba, efisɛ wɔantie me nsɛm na wɔapo me mmara.
Yɛ aso, Ao asase: Mede amanehunu reba saa nnipa yi so, wɔn nneyɛɛ so aba, ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm na wɔapo me mmara.
20 Nnuhuam a efi Seba anaa ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so fa me ho bɛn? Minnye wo hyew afɔre no nto mu, wʼafɔrebɔ ahorow no nsɔ mʼani.”
Nnuhwam a ɛfiri Seba anaa ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase so fa me ho bɛn? Mennye wo hyeɛ afɔdeɛ no nto mu; wʼafɔrebɔ ahodoɔ no nsɔ mʼani.”
21 Ɛno nti, nea Awurade se ni: “Mede akwanside begu saa nkurɔfo yi anim. Agyanom ne mmabarima nyinaa behintiw wɔ so; yɔnkonom ne nnamfonom bɛyera.”
Ɛno enti, deɛ Awurade seɛ nie: “Mede akwansideɛ bɛgu saa nkurɔfoɔ yi anim. Agyanom ne mmammarima nyinaa bɛsuntisunti wɔ so; ayɔnkofoɔ ne nnamfonom bɛyera.”
22 Sɛnea Awurade se ni: “Monhwɛ, nsraadɔm bi reba, wofi atifi fam asase so; wɔrehwanyan wɔn afi nsase ano.
Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: “Monhwɛ, akodɔm bi reba, wɔfiri atifi fam asase so; wɔrekanyane ɔman kɛseɛ bi afiri nsase ano.
23 Wokurakura bɛmma ne mpeaw; wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ. Wɔn nnyigyei te sɛ po asorɔkye. Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a, wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko. Wɔrebɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Sion.”
Wɔkurakura bɛmma ne pea; wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ. Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo asorɔkye. Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a, wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko. Wɔrebɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Sion.”
24 Yɛate wɔn ho nsɛm, na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ nea awuwu. Awerɛhow akyekyere yɛn yɛte yaw sɛ ɔbea a ɔreko awo.
Yɛate wɔn ho nsɛm, na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ deɛ awu. Ehu akyekyere yɛn ɔyea aba wɔn so, te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.
25 Mfi adi nkɔ wuram na nnantew akwan no so, efisɛ ɔtamfo no wɔ afoa, na baabiara ayɛ hu.
Mfiri adi nkɔ wiram na nnante akwan no so, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no wɔ akofena, na baabiara ayɛ hu.
26 Me nkurɔfo, mumfura atweaatam na mommunummunum wɔ nsõ mu, momfa adwadwotwa yaayaw nni awerɛhow sɛnea wosu ma ɔbabarima koro, efisɛ ɔsɛefo no bɛba yɛn so mpofirim.
Ao me nkurɔfoɔ, monfira ayitoma na mommunimuni nsõ mu. Momfa adwadwotwa yaaya nni awerɛhoɔ sɛdeɛ wɔsu ma ɔbabarima korɔ, ɛfiri sɛ mpofirim ara ɔsɛefoɔ no bɛba yɛn so.
27 “Mayɛ wo obi a ɔsɔ agude hwɛ na me nkurɔfo dadeben, a wobɛhwɛ na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.
“Mayɛ wo obi a ɔsɔ fagudeɛ hwɛ na me nkurɔfoɔ yɛ dadeben, a wobɛhwɛ wɔn na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.
28 Wɔn nyinaa yɛ atuatewfo a wɔyɛ den, wɔnenam di nseku. Wɔyɛ kɔbere ne dade; wɔn nyinaa yɛ wɔn ade wɔ porɔwee kwan so.
Wɔn nyinaa yɛ atuatefoɔ a wɔyɛ den, wɔnenam di nsekuro. Wɔyɛ den sɛ kɔbere ne dadeɛ; wɔn nyinaa yɛ wɔn adeɛ wɔ porɔeɛ ɛkwan so.
29 Afa no bɔ mframa dennen de ogya nan sumpii no, nanso ɔnan no yɛ ɔkwa. Entumi nyiyii bɔne no mfii wɔn mu ɛ.
Afa no bɔ mframa denden de ogya nane sumpii no, nanso ahobereɛ no yɛ ɔkwa. Ɛntumi nyiyii bɔne no mfirii wɔn mu.
30 Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo, efisɛ Awurade apo wɔn.”
Mɛfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo, ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn.”

< Yeremia 6 >