< Yeremia 51 >
1 Sɛɛ na Awurade se: “Monhwɛ, mɛkanyan ɔsɛefo bi honhom atia Babilonia ne nnipa a wɔwɔ Leb Kamai.
This is what the LORD says: “Behold, I will stir up against Babylon and against the people of Leb-kamai the spirit of a destroyer.
2 Mɛsoma ananafo akɔ Babilonia sɛ wonkohuhuw ne so na wɔnsɛe nʼasase; wobetia no wɔ afanan nyinaa wɔ nʼamanehunu da no.
I will send strangers to Babylon to winnow her and empty her land; for they will come against her from every side in her day of disaster.
3 Mma agyantowni pema nʼagyan, mma ɔnhyɛ ne nkatabo. Mma ne mmerante mfa wɔn ho nni; sɛe nʼasraafo no pasaa.
Do not let the archer bend his bow or put on his armor. Do not spare her young men; devote all her army to destruction!
4 Wɔbɛhwehwe ase a wɔatotɔ wɔ Babilonia, a wɔapirapira yiye wɔ ne mmɔnten so.
And they will fall slain in the land of the Chaldeans, and pierced through in her streets.
5 Na Israel Nyankopɔn, Asafo Awurade no, nnyaw Israel ne Yuda hɔ ɛ, ɛwɔ mu, afɔdi ahyɛ wɔn asase no so ma wɔ Israel Ɔkronkronni no anim.
For Israel and Judah have not been abandoned by their God, the LORD of Hosts, though their land is full of guilt before the Holy One of Israel.”
6 “Munguan mfi Babilonia! Muntu mmirika mpere mo nkwa! Mommma wɔnnsɛe mo esiane ne bɔne nti. Awurade aweretɔbere aso; ɔde nea ɛfata no betua no ka.
Flee from Babylon! Escape with your lives! Do not be destroyed in her punishment. For this is the time of the LORD’s vengeance; He will pay her what she deserves.
7 Na Babilonia yɛ sikakɔkɔɔ kuruwa wɔ Awurade nsam; ɔmaa asase nyinaa bow nsa. Aman no nom ne nsa; ɛno nti, afei wɔabobɔ adam.
Babylon was a gold cup in the hand of the LORD, making the whole earth drunk. The nations drank her wine; therefore the nations have gone mad.
8 Babilonia bɛhwe ase abubu mpofirim. Muntwa ne ho agyaadwo! Mompɛ ne yaw no ano aduru; ebia ne ho bɛtɔ no.
Suddenly Babylon has fallen and been shattered. Wail for her; get her balm for her pain; perhaps she can be healed.
9 “‘Anka yɛbɛsa Babilonia yare, nanso wontumi nsa no yare; momma yennyaw no hɔ na obiara nkɔ nʼankasa asase so, efisɛ nʼatemmu du sorosoro; ɛforo soro te sɛ omununkum.’
“We tried to heal Babylon, but she could not be healed. Abandon her! Let each of us go to his own land, for her judgment extends to the sky and reaches to the clouds.”
10 “‘Awurade abu yɛn bem. Mommra, momma yɛnka wɔ Sion, nea Awurade, yɛn Nyankopɔn ayɛ.’
“The LORD has brought forth our vindication; come, let us tell in Zion what the LORD our God has accomplished.”
11 “Monsew agyan no ano! Momfa nkatabo no! Awurade ahwanyan Mede ahemfo no, efisɛ ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe Babilonia. Awurade bɛtɔ were, ɔbɛtɔ were ama nʼasɔrefi no.
Sharpen the arrows! Fill the quivers! The LORD has aroused the spirit of the kings of the Medes, because His plan is aimed at Babylon to destroy her, for it is the vengeance of the LORD— vengeance for His temple.
12 Mompagyaw frankaa bi ntia Babilonia afasu! Mummia bammɔ mu, momma awɛmfo no nnyinagyina. Munsiesie ahintawee! Awurade bɛma nʼatirimpɔw aba mu, nea wahyɛ atia Babilonia no.
Raise a banner against the walls of Babylon; post the guard; station the watchmen; prepare the ambush. For the LORD has both devised and accomplished what He spoke against the people of Babylon.
13 Mo a motete nsuwansuwa bebree ho na nnwetɛbona abu mo so, mo awiei aba, bere a ɛsɛ sɛ wotwa mo kyene no.
You who dwell by many waters, rich in treasures, your end has come; the thread of your life is cut.
14 Asafo Awurade, aka ne ho ntam sɛ: mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ tɛwtɛw, na wɔabɔ ose wɔ wo so.
The LORD of Hosts has sworn by Himself: “Surely I will fill you up with men as with locusts, and they will shout in triumph over you.”
15 “Ɔde ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo wiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhumu trɛw ɔsorosoro mu.
The LORD made the earth by His power; He established the world by His wisdom and stretched out the heavens by His understanding.
16 Sɛ ɔbobɔ mu a, ɔsoro nsu woro so; ɔma omununkum ma ne ho so fi nsase ano. Ɔsoma anyinam ka osu ho na ɔma mframa bɔ fi ne koradan mu.
When He thunders, the waters in the heavens roar; He causes the clouds to rise from the ends of the earth. He generates the lightning with the rain and brings forth the wind from His storehouses.
17 “Onipa biara nnim nyansa, na onni nimdeɛ; sikadwumfo biara anim gu ase, esiane nʼahoni nti. Ne nsɛsode yɛ atoro; wonni ɔhome biara wɔ wɔn mu.
Every man is senseless and devoid of knowledge; every goldsmith is put to shame by his idols. For his molten images are a fraud, and there is no breath in them.
18 Wɔn so nni mfaso, wɔn ho yɛ serew; sɛ wɔn atemmu du so a, wɔbɛyera.
They are worthless, a work to be mocked. In the time of their punishment they will perish.
19 Nea ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ eyinom, efisɛ ɔno ne ade nyinaa Yɛfo a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapade nso ka ho. Asafo Awurade ne ne din.
The Portion of Jacob is not like these, for He is the Maker of all things, and of the tribe of His inheritance— the LORD of Hosts is His name.
20 “Woyɛ me ko abaa, mʼakode a mede kɔ sa mede wo dwerɛw amanaman, mede wo sɛe ahenni bebree,
“You are My war club, My weapon for battle. With you I shatter nations; with you I bring kingdoms to ruin.
21 mede wo bobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefo, teaseɛnam ne ne kafo,
With you I shatter the horse and rider; with you I shatter the chariot and driver.
22 mede wo dwerɛw ɔbarima ne ɔbea, mede wo dwerɛw akwakoraa ne ɔbabun, mede wo dwerɛw aberante ne ababaa,
With you I shatter man and woman; with you I shatter the old man and the youth; with you I shatter the young man and the maiden.
23 mede wo dwerɛw oguanhwɛfo ne nguankuw, mede wo dwerɛw okuafo ne anantwi, mede wo dwerɛw amradofo ne adwumayɛfo.
With you I shatter the shepherd and his flock; with you I shatter the farmer and his oxen; with you I shatter the governors and officials.
24 “Metua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomso a, wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ose.
Before your very eyes I will repay Babylon and all the dwellers of Chaldea for all the evil they have done in Zion,”
25 “Bepɔw sɛefo, me ne wo anya, wo a wosɛe asase nyinaa no,” Awurade na ose. “Mɛteɛ me nsa wɔ wo so mepia wo afi abotan no so, na mayɛ wo sɛ bepɔw a ɛnka hwee.
“Behold, I am against you, O destroying mountain, you who devastate the whole earth, declares the LORD. I will stretch out My hand against you; I will roll you over the cliffs and turn you into a charred mountain.
26 Wɔremfa ɔbo biara mfi wo so nyɛ tweatibo anaasɛ fapem mpo, efisɛ wobɛda mpan afebɔɔ,” Awurade na ose.
No one shall retrieve from you a cornerstone or a foundation stone, because you will become desolate forever,”
27 “Momma frankaa so wɔ asase no so! Monhyɛn torobɛnto no wɔ amanaman no mu! Munsiesie amanaman no mma wontu no so sa; Momfrɛfrɛ saa ahenni ahorow yi mma wɔnko ntia no: Ararat, Mini ne Askenas. Munnyi ɔsahene ntia no; momfa apɔnkɔ manyamanya te sɛ tɛwtɛw mmra.
“Raise a banner in the land! Blow the ram’s horn among the nations! Prepare the nations against her. Summon the kingdoms against her— Ararat, Minni, and Ashkenaz. Appoint a captain against her; bring up horses like swarming locusts.
28 Munsiesie amanaman no mma wontu no so sa, mo Mede ahemfo, wɔn amradofo ne wɔn adwumayɛfo nyinaa, ne aman a wodi so nyinaa.
Prepare the nations for battle against her— the kings of the Medes, their governors and all their officials, and all the lands they rule.
29 Asase no wosow, na onukunuku ne mu, efisɛ Awurade atirimpɔw a etia Babilonia sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a obiara rentumi ntena so no nsakraa ɛ.
The earth quakes and writhes because the LORD’s intentions against Babylon stand: to make the land of Babylon a desolation, without inhabitant.
30 Babilonia dɔmmarima agyae ko wɔhyehyɛ wɔn aban mu. Wɔn ahoɔden asa; wɔayɛ sɛ mmea. Wɔatoto nʼatenae ahorow no mu gya, na wɔabubu nʼapon akyi adaban.
The warriors of Babylon have stopped fighting; they sit in their strongholds. Their strength is exhausted; they have become like women. Babylon’s homes have been set ablaze, the bars of her gates are broken.
31 Abɔfo didi so na asomafo didi so a wɔrekɔbɔ Babiloniahene amanneɛ se, wɔafa ne kuropɔn no,
One courier races to meet another, and messenger follows messenger, to announce to the king of Babylon that his city has been captured from end to end.
32 wɔagye asutwabea ahorow a ɛdeda asubɔnten no ano no afa, na wɔde ogya ato ɔwora no mu, na asraafo no abɔ huboa.”
The fords have been seized, the marshes set on fire, and the soldiers are terrified.”
33 Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: “Babilonia Babea ayɛ sɛ, awiporowbea wɔ bere a wɔretiatia hɔ. Aka kakraa bi, na bere a ɛsɛ sɛ wotwa no sɛ nnɔbae no adu.”
For this is what the LORD of Hosts, the God of Israel, says: “The Daughter of Babylon is like a threshing floor at the time it is trampled. In just a little while her harvest time will come.”
34 “Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛw yɛn, ɔde yɛn ato ɔhaw mu, wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni mu. Wamene yɛn sɛ ɔwɔ no na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma, na wapuw yɛn afi nʼanom agu.
“Nebuchadnezzar king of Babylon has devoured me; he has crushed me. He has set me aside like an empty vessel; he has swallowed me like a monster; he filled his belly with my delicacies and vomited me out.
35 Ma ayakayakade a wɔde dii yɛn honam no mmra Babilonia so,” nnipa a wɔtete Sion na wɔka. “Ma yɛn mogya ngu wɔn a wɔtete Babilonia so,” Yerusalem na ɔka.
May the violence done to me and to my flesh be upon Babylon,” says the dweller of Zion. “May my blood be on the dwellers of Chaldea,” says Jerusalem.
36 Enti sɛɛ na Awurade se: “Hwɛ, medi mo asɛm ama mo na matɔ were ama mo; Mɛma po a ɛyɛ ne de no ayow na mama ne nsubɔnten ayoyow.
Therefore this is what the LORD says: “Behold, I will plead your case and take vengeance on your behalf; I will dry up her sea and make her springs run dry.
37 Babilonia bɛyɛ mmubui siw, sakraman atu ahodwiriwde ne fɛwdi, baabi a obiara nte.
Babylon will become a heap of rubble, a haunt for jackals, an object of horror and scorn, without inhabitant.
38 Ne nkurɔfo nyinaa bobɔ mu sɛ gyata, wɔbobɔ mu te sɛ gyatamma.
They will roar together like young lions; they will growl like lion cubs.
39 Nanso bere a wɔahwanyan wɔn ho no, mɛto pon ama wɔn na mama wɔabobow nsa, sɛnea wɔde nteɛteɛmu bedi ahurusi, na wɔadeda a wɔrennyan bio,” Awurade na ose.
While they are flushed with heat, I will serve them a feast, and I will make them drunk so that they may revel; then they will fall asleep forever and never wake up, declares the LORD.
40 “Mede wɔn bɛba te sɛ nguantenmma a wɔrekokum wɔn, te sɛ adwennini ne mpapo.
I will bring them down like lambs to the slaughter, like rams with male goats.
41 “Sɛnea wɔbɛfa Sesak, wɔbɛfa asase nyinaa so ahohoahoa! Babilonia bɛyɛ ahodwiriwde wɔ amanaman no mu!
How Sheshach has been captured! The praise of all the earth has been seized. What a horror Babylon has become among the nations!
42 Po bebunkam afa Babilonia so; na nʼasorɔkye bɛkata ne so.
The sea has come up over Babylon; she is covered in turbulent waves.
43 Ne nkurow bɛda mpan, nweatam a so awo, asase a obiara nte so, na obiara ntu kwan mfa so.
Her cities have become a desolation, a dry and arid land, a land where no one lives, where no son of man passes through.
44 Mɛtwe Bel aso wɔ Babilonia na mama wapuw nea wamene agu. Amanaman no rento santen nkɔ ne nkyɛn bio. Na Babilonia fasu bebubu.
I will punish Bel in Babylon. I will make him spew out what he swallowed. The nations will no longer stream to him; even the wall of Babylon will fall.
45 “Me nkurɔfo, mumfi ne mu! Muntu mmirika mpere mo nkwa! Munguan mfi Awurade abufuwhyew ano.
Come out of her, My people! Save your lives, each of you, from the fierce anger of the LORD.
46 Mommma mo koma ntu na munnsuro sɛ mote huhuhuhu wɔ asase no so a; huhuhuhu ba afe yi na foforo ba afe a ɛbɛba, basabasayɛ ho huhuhuhu wɔ asase no so ɛfa ɔhene a ɔsɔre tia ɔfoforo ho.
Do not let your heart grow faint, and do not be afraid when the rumor is heard in the land; for a rumor will come one year— and then another the next year— of violence in the land and of ruler against ruler.
47 Na ampa ara bere no bɛba a mɛtwe Babilonia ahoni aso; nʼasase no nyinaa anim begu ase na nʼatɔfo nyinaa bɛtotɔ ase wɔ ne so.
Therefore, behold, the days are coming when I will punish the idols of Babylon. Her entire land will suffer shame, and all her slain will lie fallen within her.
48 Ɔsoro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa de ahosɛpɛw bɛteɛ mu agu Babilonia so, efisɛ ɔsɛefo befi atifi fam abɛtow ahyɛ ne so,” Awurade na ose.
Then heaven and earth and all that is in them will shout for joy over Babylon because the destroyers from the north will come against her,”
49 “Ɛsɛ sɛ Babilonia hwe ase, esiane Israel atɔfo nti sɛnea atɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ahwehwe ase esiane Babilonia nti no.
“Babylon must fall on account of the slain of Israel, just as the slain of all the earth have fallen because of Babylon.
50 Mo a mo aguan afi afoa ano, monkɔ, na monntwentwɛn mo nan ase! Monkae Awurade wɔ akyirikyiri asase so, na munnwen Yerusalem ho.”
You who have escaped the sword, depart and do not linger! Remember the LORD from far away, and let Jerusalem come to mind.”
51 “Wɔagu yɛn anim ase, efisɛ wayeyaw yɛn na fɛre akata yɛn anim, efisɛ ananafo ahyɛn Awurade fi kronkronbea ahorow hɔ.”
“We are ashamed because we have heard reproach; disgrace has covered our faces, because foreigners have entered the holy places of the LORD’s house.”
52 “Nanso nna bi reba,” Awurade na ose, “a mɛtwe nʼahoni aso, na nʼasase so nyinaa apirafo besi apini.
“Therefore, behold, the days are coming,” declares the LORD, “when I will punish her idols, and throughout her land the wounded will groan.
53 Sɛ Babilonia kɔka soro mpo, na omiamia nʼaban tenten bammɔ mu a, mɛsoma ɔsɛefo ne no abedi asi,” Awurade na ose.
Even if Babylon ascends to the heavens and fortifies her lofty stronghold, the destroyers I send will come against her,” declares the LORD.
54 “Osu nnyigyei bi fi Babilonia, ɔsɛe kɛse bi nnyigyei fi Babiloniafo asase so.
“The sound of a cry comes from Babylon, the sound of great destruction from the land of the Chaldeans!
55 Awurade bɛsɛe Babilonia; ɔbɛma nʼasotuatua nnyigyei no agyae. Atamfo a wɔte sɛ ahum betu sɛ nsu akɛse; wɔn mmubomu bɛyɛ gyegyeegye.
For the LORD will destroy Babylon; He will silence her mighty voice. The waves will roar like great waters; the tumult of their voices will resound.
56 Ɔsɛefo bi bɛsɔre atia Babilonia; wɔbɛfa ne dɔmmarima nnommum na wobebubu wɔn tadua mu. Efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ anan mu; obetua so ka pɛpɛɛpɛ.
For a destroyer is coming against her— against Babylon. Her warriors will be captured, and their bows will be broken, for the LORD is a God of retribution; He will repay in full.
57 Mɛma nʼadwumayɛfo ne nʼanyansafo abow nsa nʼamradonom, ne mpanyimfo ne dɔmmarima nso saa ara; wɔbɛdeda afebɔɔ a wɔrennyan,” sɛɛ na ɔhempɔn a ne din ne Asafo Awurade, no se.
I will make her princes and wise men drunk, along with her governors, officials, and warriors. Then they will fall asleep forever and not wake up,” declares the King, whose name is the LORD of Hosts.
58 Sɛɛ na Asafo Awurade, se: “Wobedwiriw Babilonia afasu a ɛtrɛw no agu fam na wɔbɛto nʼapon atenten no mu gya; nnipa no haw wɔn ho kwa, ɔman no adwumayɛ ma ogya no dɛw mmom.”
This is what the LORD of Hosts says: “Babylon’s thick walls will be leveled, and her high gates consumed by fire. So the labor of the people will be for nothing; the nations will exhaust themselves to fuel the flames.”
59 Eyi ne asɛm a Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Seraia a ɔyɛ adwumayɛfo panyin na ɔyɛ Maseia nena no, bere a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babilonia wɔ nʼadedi afe a ɛto so anan no mu.
This is the message that Jeremiah the prophet gave to the quartermaster Seraiah son of Neriah, the son of Mahseiah, when he went to Babylon with King Zedekiah of Judah in the fourth year of Zedekiah’s reign.
60 Na Yeremia akyerɛw amanehunu a ɛbɛba Babilonia so no nyinaa agu nhoma mmobɔwee so, nea wakyerɛw a ɛfa Babilonia ho nyinaa.
Jeremiah had written on a single scroll about all the disaster that would come upon Babylon—all these words that had been written concerning Babylon.
61 Ɔka kyerɛɛ Seraia se, “Sɛ wudu Babilonia a, hwɛ sɛ wobɛkenkan saa nsɛm yi nyinaa sɛnea obiara bɛte.
And Jeremiah said to Seraiah, “When you get to Babylon, see that you read all these words aloud,
62 Afei ka se, ‘Awurade, woaka se wobɛsɛe beae yi sɛnea onipa anaa aboa biara rentumi ntena so; na ɛbɛda mpan afebɔɔ.’
and say, ‘O LORD, You have promised to cut off this place so that no one will remain—neither man nor beast. Indeed, it will be desolate forever.’
63 Sɛ wokenkan nhoma mmobɔwee yi wie a, kyekyere fam ɔbo ho, na tow kyene Asubɔnten Eufrate mu.
When you finish reading this scroll, tie a stone to it and cast it into the Euphrates.
64 Afei ka se, ‘Sɛɛ na Babilonia ne ne nkurɔfo bɛmem a wɔrensɔre bio, esiane amanehunu a mede bɛba ne so no nti.’” Yeremia nsɛm no awiei ni.
Then you are to say, ‘In the same way Babylon will sink and never rise again, because of the disaster I will bring upon her. And her people will grow weary.’” Here end the words of Jeremiah.