< Yeremia 50 >
1 Asɛm a Awurade nam odiyifo Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafo asase ho ni:
Asɛm a Awurade nam odiyifoɔ Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafoɔ asase ho nie:
2 “Mommɔ no dawuru na mompae mu nka wɔ amanaman mu. Momma frankaa so na mompae mu nka; na momma wɔnte sɛ, ‘Wɔbɛfa Babilonia; wobegu Bel anim ase, na ehu bɛhyɛ Merodak ma. Wobegu ne nsɛsode anim ase na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’
“Mommɔ no dawuro na mompae mu nka wɔ amanaman mu. Mompagya frankaa na mompae mu nka; na momma wɔnte sɛ, ‘Wɔbɛfa Babilonia; wɔbɛgu Bel anim ase, na ehu bɛhyɛ Merodak ma. Wɔbɛgu ne nsɛsodeɛ anim ase na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’
3 Ɔman bi fi atifi fam bɛtow ahyɛ ne so na wɔbɛyɛ nʼasase amamfo. Obiara rentena so; nnipa ne mmoa beguan afi so.
Ɔman bi firi atifi fam bɛto ahyɛ ne so na wɔbɛyɛ nʼasase amanfo. Obiara rentena so; nnipa ne mmoa bɛdwane afiri so.
4 “Nna no mu ne saa bere no,” Awurade na ose, “Israelfo ne Yudafo bɛka abɔ mu de nusu akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Nyankopɔn.
“Nna no mu ne saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛka abom de nisuo akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Onyankopɔn.
5 Wobebisa ɔkwan a ɛkɔ Sion na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ. Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade wɔ daa apam a werɛ remfi mu.
Wɔbɛbisa ɛkwan a ɛkɔ Sion na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ. Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade wɔ daa apam a wɔn werɛ remfiri mu.
6 “Me nkurɔfo ayɛ nguan a wɔayera; wɔn nguanhwɛfo ama wɔafom ɔkwan ma wokyinkyin mmepɔw so. Wokyinkyin bepɔw ne koko so na wɔn werɛ fii wɔn ankasa homebea.
“Me nkurɔfoɔ ayɛ nnwan a wɔayera; wɔn nnwanhwɛfoɔ ama wɔafom ɛkwan ma wɔkyinkyinii mmepɔ so. Wɔkyinkyinii bɛpɔ ne kokoɔ so na wɔn werɛ firii wɔn ankasa homebea.
7 Obiara a ohuu wɔn no tetew wɔn mu: wɔn atamfo kae se, ‘Yenni fɔ, efisɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokware didibea no, Awurade wɔn agyanom anidaso no.’
Obiara a ɔhunuu wɔn no tetee wɔn mu; wɔn atamfoɔ kaa sɛ, ‘Yɛn nni fɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokorɛ didibea no, Awurade wɔn agyanom anidasoɔ no.’
8 “Munguan mfi Babilonia; mumfi Babiloniafo asase so, na monyɛ sɛ mpapo a wodi nguankuw anim.
“Monnwane mfiri Babilonia; momfiri Babiloniafoɔ asase so, na monyɛ sɛ mpapo a wɔdi nnwankuo anim.
9 Mɛkanyan amanaman akɛse nkabom afi atifi fam asase so de wɔn abɛko atia Babilonia. Wobegyinagyina wɔn afa atia no, wobefi atifi fam ako afa no. Wɔn agyan bɛyɛ sɛ dɔmmarima a wɔakwadaw akodi mu, wɔn a wɔmmfa nsapan nsan wɔn akyi.
Mɛkanyane amanaman akɛseɛ nkabom afiri atifi fam asase so de wɔn abɛtia Babilonia. Wɔbɛgyinagyina wɔn afa atia no, wɔbɛfiri atifi fam ako afa no. Wɔn agyan bɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wɔakwadare akodie mu, wɔn a wɔmmfa nsapan nsane wɔn akyi.
10 Enti wɔbɛfow Babilonia; wɔn a wɔfow no nyinaa benya asade bebree,” Awurade na ose.
Enti wɔbɛfom Babilonia; wɔn a wɔfom no nyinaa bɛnya afodeɛ bebree,” Awurade na ɔseɛ.
11 “Esiane sɛ mo ani gye na mudi ahurusi, mo a mofow mʼagyapade, sɛ muhuruhuruw anigye so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ sare frɔmfrɔm mu na musu te sɛ apɔnkɔnini nti,
“Esiane sɛ mo ani gye na modi ahurisie, mo a mofom mʼagyapadeɛ, sɛ mohurihuri anigyeɛ so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ ɛserɛ frɔmm mu na mosu te sɛ apɔnkɔnini enti,
12 wo na ani bewu pa ara; nea ɔwoo wo anim begu ase. Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu, sare, asase wosee ne nweatam.
Wo maame ani bɛwu pa ara; deɛ ɔwoo woɔ anim bɛgu ase. Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu, ɛserɛ, asase wesee ne anweatam.
13 Awurade abufuw nti, obiara rentena hɔ na ɛbɛda mpan korakora. Wɔn a wotwa mu wɔ Babilonia nyinaa ho bedwiriw wɔn na wɔadi ne ho fɛw esiane nʼapirakuru nyinaa nti.
Awurade abufuo enti, obiara rentena hɔ na ɛbɛda mpan korakora. Wɔn a wɔtwam wɔ Babilonia nyinaa ho bɛdwiri wɔn na wɔadi ne ho fɛ ɛsiane nʼapirakuro nyinaa enti.
14 “Munnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia, mo a motow agyan nyinaa. Montow no! Munnyaw bɛmma biara, efisɛ wayɛ bɔne atia Awurade.
“Monnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia, mo a moto agyan nyinaa. Monto no! Monnnya bɛmma biara, ɛfiri sɛ wayɛ bɔne atia Awurade.
15 Monteɛ mu ntia no wɔ afanan nyinaa! Ɔma ne nsa so, nʼabandennen bubu, wodwiriw nʼafasu gu fam. Esiane sɛ eyi yɛ Awurade aweretɔ no nti, montɔ ne so were; monyɛ no sɛnea wayɛ afoforo no.
Monteam ntia no wɔ afanan nyinaa! Ɔma ne nsa so, nʼaban denden bubu, wɔdwiri nʼafasuo gu fam. Esiane sɛ yei yɛ Awurade aweretɔ no enti, montɔ ne so were; monyɛ no sɛdeɛ wayɛ afoforɔ no.
16 Munyi ogufo mfi Babilonia, ɔne otwafo a okura ne kantankrankyi wɔ otwabere mu no. Esiane nhyɛsofo no afoa nti obiara nsan nkɔ ne nkurɔfo mu, obiara nguan nkɔ nʼankasa asase so.
Monyi ogufoɔ mfiri Babilonia, ɔne ɔtwafoɔ a ɔkura ne kantankrankyi wɔ ɔtwa berɛ mu no. Esiane ɔhyɛsofoɔ no akofena enti obiara nsane nkɔ ne nkurɔfoɔ mu, obiara nnwane nkɔ nʼankasa asase so.
17 “Israel yɛ nguankuw a wɔahwete a gyata apam wɔn. Nea odii kan tetew ne mu yɛ Asiriahene; na nea ɔdwerɛwee ne nnompe akyiri no yɛ Babiloniahene Nebukadnessar.”
“Israel yɛ nnwankuo a wɔahwete a agyata apam wɔn. Deɛ ɔdii ɛkan tetee ne mu yɛ Asiriahene; na deɛ ɔdwerɛɛ ne nnompe akyire no yɛ Babiloniahene Nebukadnessar.”
18 Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: “Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase aso sɛnea metwee Asiriahene aso no.
Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase aso sɛdeɛ metwee Asiriahene aso no.
19 Na mede Israel bɛsan aba nʼankasa didibea, na obedidi wɔ Karmel ne Basan; ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkoko so.
Na mede Israel bɛsane aba nʼankasa adidibea. Ɔbɛdidi wɔ Karmel ne Basan; ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkokoɔ so.
20 Saa nna no ne saa bere no,” Awurade na ose, “Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbu mu, nanso wɔrennya bi, wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu, nanso wɔrenhu bi, efisɛ, mede nkae a migyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn.
Saa nna no ne saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔsɛ, “Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbuo mu, nanso wɔrennya bi, wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu, nanso wɔrenhunu bi, ɛfiri sɛ, mede nkaeɛfoɔ a megyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn.
21 “Montow nhyɛ Merataim asase so ne nnipa a wɔte Pekod. Montaa wɔn, munkunkum wɔn na monsɛe wɔn korakora,” Awurade na ose. “Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no.
“Monto nhyɛ Merataim asase so ne nnipa a wɔte Pekod. Montaa wɔn, monkunkum wɔn na monsɛe wɔn korakora,” Awurade na ɔseɛ. “Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no.
22 Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so, ɔsɛe kɛse nnyigyei!
Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so, ɔsɛeɛ kɛseɛ nnyegyeɛ!
23 Hwɛ sɛnea wɔabubu na wɔabobɔ asase nyinaa so asae! Hwɛ sɛnea Babilonia ada mpan wɔ amanaman no mu!
Hwɛ sɛdeɛ wɔabubu na wɔabobɔ asase nyinaa so asaeɛ! Hwɛ sɛdeɛ Babilonia ada mpan wɔ amanaman no mu!
24 Misum wo afiri, Babilonia, na eyii wo ansa na worehu; wohuu wo kyeree wo efisɛ woko tiaa Awurade.
Mesum wo afidie Ao Babilonia, na ɛyii wo ansa na worehunu; wɔhunu wo kyeree wo ɛfiri sɛ woko tiaa Awurade.
25 Otumfo Awurade abue nʼakode adekoradan na wayi nʼabufuwhyew akode de apue, efisɛ Asafo Awurade wɔ adwuma yɛ wɔ Babiloniafo asase so.
Awurade abue nʼakodeɛ akoradan na wayi nʼabufuhyeɛ akodeɛ de apue, ɛfiri sɛ Otumfoɔ Awurade wɔ adwuma yɛ wɔ Babiloniafoɔ asase so.
26 Mumfi akyirikyiri mmra ne so. Mummubu nʼasan no ani; monhɔre no siw sɛ awi akuwakuw. Monsɛe no korakora na munnyaw nkae biara mma no.
Momfiri akyirikyiri mmra ne so. Mommubu nʼasan no ani; monhɔre no sie sɛ ayuo akuakuo. Monsɛe no korakora na monnnya no nkaeɛfoɔ biara.
27 Munkunkum nʼanatwinini nyinaa; momfa wɔn nkɔ mma wonkokum wɔn! Mmusu nka wɔn! Efisɛ wɔn da no adu, bere a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
Monkunkum nʼanantwinini nyinaa; momfa wɔn nkɔ ma wɔnkum wɔn! Musuo nka wɔn! Ɛfiri sɛ wɔn da no aduru, ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
28 Muntie akobɔfo ne aguanfo a wofi Babilonia no sɛ wɔreka wɔ Sion sɛnea Awurade, yɛn Nyankopɔn atɔ were, nʼasɔrefi ho aweretɔ.
Montie akobɔfoɔ ne adwanefoɔ a wɔfiri Babilonia no sɛ wɔreka wɔ Sion sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn atɔ were nʼasɔrefie ho aweretɔ.
29 “Momfrɛ agyantowfo nkɔtoa Babilonia, wɔn a wɔtow agyan nyinaa. Muntwa ne ho nhyia; mommma obiara nguan. Muntua ne nneyɛe so ka; monyɛ no sɛnea wayɛ. Efisɛ wabu Awurade animtiaa, Israel kronkronni no.
“Momfrɛ agyantofoɔ nkɔtoa Babilonia, wɔn a wɔto agyan nyinaa. Montwa ne ho nhyia; momma obiara nnwane. Montua ne nneyɛɛ so ka; monyɛ no sɛdeɛ wayɛ. Ɛfiri sɛ, wabu Awurade animtia, Israel kronkronni no.
30 Enti ne mmerante bɛtotɔ wɔ mmɔnten so; wɔbɛtɔre nʼasraafo nyinaa ase saa da no,” Awurade na ose.
Enti ne mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ mmɔntene so; wɔbɛtɔre nʼasraafoɔ nyinaa ase saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ.
31 “Hwɛ, mikyi wo; ɔhantanni.” Awurade, Asafo Awurade na ose, “efisɛ wo da no adu bere a wɔde bɛtwe wʼaso no.
“Hwɛ, mekyiri wo, Ao ɔhantanni.” Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ, “ɛfiri sɛ wo da no aduru ɛberɛ a wɔde bɛtwe wʼaso no.
32 Ɔhantanni no behintiw na wahwe ase, obiara remmoa no mma ɔnnsɔre; mɛto ne nkurow mu gya na ahyew wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.”
Ɔhantanni no bɛsunti na wahwe ase obiara rempagya no; mɛto ne nkuro mu ogya na ahye wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.”
33 Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Wɔhyɛ Israelfo so, na Yudafo nso saa ara. Wɔn nnommumfafo no kura wɔn dennen a wɔmpɛ sɛ wogyaa wɔn ma wɔkɔ.
Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Wɔhyɛ Israelfoɔ so, na Yudafoɔ nso saa ara. Wɔn nnommumfafoɔ no kura wɔn denden a wɔmpɛ sɛ wɔgyaa wɔn ma wɔkɔ.
34 Nanso wɔn Gyefo yɛ ɔhoɔdenfo; ne din ne Asafo Awurade. Obedi wɔn asɛm ama wɔn anibere so, sɛnea ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so, na wɔn a wɔte Babilonia no nea wahyɛ wɔn ahometew.
Nanso, wɔn Gyefoɔ yɛ ɔhoɔdenfoɔ; ne din ne Asafo Awurade. Ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn anibereɛ so sɛdeɛ ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so, na wɔn a wɔte Babilonia no deɛ, wahyɛ wɔn ahometeɛ.
35 “Afoa a etia Babiloniafo!” Awurade na ose, “etia wɔn a wɔte Babilonia na etia nʼadwumayɛfo ne nʼanyansafo!
“Akofena bi bɛsɔre atia Babiloniafoɔ!” Awurade na ɔseɛ. “Ɛbɛtia wɔn a wɔte Babilonia na atia nʼadwumayɛfoɔ ne nʼanyansafoɔ!
36 Afoa a etia nʼatoro adiyifo! Wɔbɛdan nkwaseafo. Afoa a etia nʼakofo! Ehu bɛhyɛ wɔn ma.
Akofena bi bɛsɔre atia nʼadiyifoɔ atorofoɔ! Wɔbɛdane nkwaseafoɔ. Akofena bi bɛsɔre atia nʼakofoɔ! Ehu bɛhyɛ wɔn ma.
37 Afoa a etia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne ananafo a wɔwɔ wɔn mu nyinaa! Wɔbɛdan mmea. Afoa a etia nʼademude! Wɔbɛfom.
Akofena bi bɛsɔre atia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne amanfrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu nyinaa! Wɔbɛdane mmaa. Akofena bi bɛsɔre atia nʼademudeɛ! Wɔbɛfom.
38 Ɔyow wɔ nʼasu ahorow so! Ɛbɛyoyow. Efisɛ ɛyɛ ahoni asase, ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam.
Ɔweɛ wɔ ne nsuo ahodoɔ so! Ɛbɛwewe. Ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase, ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam.
39 “Enti sare so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ, na ɛhɔ na patu bɛtena. Obiara rentena so bio efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.
“Enti ɛserɛ so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ, na ɛhɔ na ɔpatuo bɛtena. Obiara rentena so bio ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ.
40 Sɛnea Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomora ne wɔn nkurow gui no,” Awurade na ose, “saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.
Sɛdeɛ Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomora ne wɔn nkurotoɔ guiɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.
41 “Monhwɛ! Asraafo bi fi atifi fam reba; ɔman kɛse ne ahemfo bebree, wɔrehwanyan wɔn afi nsase ano.
“Monhwɛ! Akodɔm bi firi atifi fam reba; ɔman kɛseɛ ne ahemfo bebree, wɔrehwanyane wɔn afiri nsase ano.
42 Wokurakura bɛmma ne mpeaw; wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ. Wɔn nnyigyei te sɛ po a ɛworo so. Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a, wɔba sɛ mmarima a wɔrekɔ sa abɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Babilonia.
Wɔkurakura bɛmma ne pea; wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ. Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo a ɛrehuru soɔ. Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a, wɔba sɛ mmarima a wɔrekɔ sa abɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Babilonia.
43 Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm, ne nsa sesa ne ho kwa. Ahohiahia akyekyere no ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.
Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm, ne nsa sesa ne ho kwa. Ahohiahia akyekyere no; ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so.
44 Sɛnea gyata a ofi Yordan nkyɛkyerɛ mu rekɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Babilonia fi nʼasase so wɔ bere tiaa bi mu. Hena ne nea mayi no sɛ ɔnyɛ eyi? Hena na ɔte sɛ me, na hena na obetumi ne me adi asi? Na oguanhwɛfo bɛn na obetumi asɔre atia me?”
Sɛdeɛ gyata a ɔfiri Yordan nkyɛkyerɛ mu rekɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Babilonia so afiri nʼasase so wɔ ɛberɛ tiawa bi mu. Hwan ne deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ yei? Hwan na ɔte sɛ me, na hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie? Na odwanhwɛfoɔ bɛn na ɔbɛtumi asɔre atia me?”
45 Enti tie nea Awurade ahyehyɛ atia Babilonia, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafo asase ni: Nguankuw no mu nkumaa no wɔbɛtwe wɔn akɔ; wɔn nti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.
Enti tie deɛ Awurade ahyehyɛ atia Babilonia, deɛ wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafoɔ asase nie: Nnwankuo no mu nkumaa no mpo, wɔbɛtwe wɔn akɔ; wɔn enti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.
46 Babilonia nnommumfa nnyigyei bɛma asase awosow; ne nteɛteɛmu gyegyeegye wɔ amanaman no mu.
Babilonia nnommumfa nnyegyeeɛ bɛma asase awoso; ne nteateam bɛgyegye wɔ amanaman no mu.