< Yeremia 5 >

1 “Munni akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔnten so, monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ, monhwehwɛ guabɔbea nyinaa. Sɛ muhu onipa baako mpo a ɔyɛ pɛ na odi nokware a, mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no.
RUN ye to and fro through the streets of Jerusalem, and see now, and know, and seek in the broad places thereof, if ye can find a man, if there be any that executeth judgment, that seeketh the truth; and I will pardon it.
2 Ɛwɔ mu wɔka se, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’ nanso wɔda so ka ntam hunu.”
And though they say, The Lord liveth; surely they swear falsely.
3 Awurade, wʼani mpɛ nokware ahu ana? Wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yaw biara; wodwerɛw wɔn, nanso wɔpoo nteɛso. Wɔyɛɛ wɔn anim dennen sen ɔbo na wɔansakra wɔn adwene.
O Lord, are not thine eyes upon the truth? thou hast stricken them, but they have not grieved; thou hast consumed them, but they have refused to receive correction: they have made their faces harder than a rock; they have refused to return.
4 Misusuw se, “Eyinom nko ara ne ahiafo no; wɔyɛ nkwaseafo nso, efisɛ wonnim Awurade akwan, nea wɔn Nyankopɔn hwehwɛ.
Therefore I said, Surely these are poor; they are foolish: for they know not the way of the Lord, nor the judgment of their God.
5 Enti mɛkɔ ntuanofo no nkyɛn akɔkasa akyerɛ wɔn; ampa ara wonim Awurade akwan nea wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.” Nanso wɔn nso de adwene koro abubu konnua no atetew nkyehama no mu.
I will get me unto the great men, and will speak unto them; for they have known the way of the Lord, and the judgment of their God: but these have altogether broken the yoke, and burst the bonds.
6 Ɛno nti gyata bi a ofi kwae mu bɛtow ahyɛ wɔn so, pataku bi a ofi nweatam so bɛtetew wɔn mu. Ɔsebɔ bi bɛtɛw abɛn wɔn nkurow, na obiara a obeyi ne ti no ɔbɛtetew ne mu nketenkete, efisɛ wɔn atuatew no ano yɛ den na wɔn akyirisan aboro so.
Wherefore a lion out of the forest shall slay them, and a wolf of the evenings shall spoil them, a leopard shall watch over their cities: every one that goeth out thence shall be torn in pieces: because their transgressions are many, and their backslidings are increased.
7 “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo? Mo mma apo me, wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam. Memaa wɔn nea wohia nyinaa, nanso wɔbɔɔ aguaman na wɔbɔɔ yuu kɔɔ nguamanfo afi mu.
How shall I pardon thee for this? thy children have forsaken me, and sworn by them that are no gods: when I had fed them to the full, they then committed adultery, and assembled themselves by troops in the harlots’ houses.
8 Mpɔnkɔnini aniberefo a wɔhwɛ wɔn yiye, wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi.
They were as fed horses in the morning: every one neighed after his neighbour’s wife.
9 Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyi ho?” Sɛɛ na Awurade se. “Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?
Shall I not visit for these things? saith the Lord: and shall not my soul be avenged on such a nation as this?
10 “Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no, nanso monnsɛe no koraa. Mompempan ne mman no, efisɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.
Go ye up upon her walls, and destroy; but make not a full end: take away her battlements; for they are not the Lord’s.
11 Israelfi ne Yudafi anni me nokware koraa,” Awurade na ose.
For the house of Israel and the house of Judah have dealt very treacherously against me, saith the Lord.
12 Wɔadi atoro afa Awurade ho, wɔkae se, “Ɔrenyɛ hwee! Ɔhaw biara remma yɛn so; yɛrenhu afoa anaa ɔkɔm da.
They have belied the Lord, and said, It is not he; neither shall evil come upon us; neither shall we see sword nor famine:
13 Adiyifo no yɛ mframa bi kɛkɛ na asɛm no nte wɔn mu; enti momma nea wɔka no mmra wɔn so.”
And the prophets shall become wind, and the word is not in them: thus shall it be done unto them.
14 Enti eyi ne nea Asafo Awurade, Nyankopɔn se: “Esiane sɛ, nnipa no aka saa nsɛm yi nti, mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanom no ogya na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhyew.
Wherefore thus saith the Lord God of hosts, Because ye speak this word, behold, I will make my words in thy mouth fire, and this people wood, and it shall devour them.
15 Israelfi,” Awurade na ose, “Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebetia wo, tete man a ɛyɛ ɔmantease, nnipa a munnim wɔn kasa, na monnte wɔn kasa ase.
Lo, I will bring a nation upon you from far, O house of Israel, saith the Lord: it is a mighty nation, it is an ancient nation, a nation whose language thou knowest not, neither understandest what they say.
16 Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ ɔda a ano da hɔ; wɔn nyinaa yɛ dɔmmarima.
Their quiver is as an open sepulchre, they are all mighty men.
17 Wɔbɛsɛe mo nnɔbae ne mo nnuan, asɛe mo mmabarima ne mo mmabea; wɔbɛsɛe mo nguankuw ne mo anantwikuw, asɛe mo bobe ne mo mmrɔdɔma. Wɔde afoa bɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no.
And they shall eat up thine harvest, and thy bread, which thy sons and thy daughters should eat: they shall eat up thy flocks and thine herds: they shall eat up thy vines and thy fig trees: they shall impoverish thy fenced cities, wherein thou trustedst, with the sword.
18 “Afei saa nna no mu mpo,” sɛɛ na Awurade se, “Merensɛe mo korakora.
Nevertheless in those days, saith the Lord, I will not make a full end with you.
19 Na sɛ nnipa no bisa se, ‘Adɛn nti na Awurade, yɛn Nyankopɔn, ayɛ yɛn sɛɛ’ a, mobɛka akyerɛ wɔn se, ‘Sɛnea moagyaw me hɔ akɔsom ananafo anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na mprempren mobɛsom ananafo wɔ asase a ɛnyɛ mo dea no so.’
And it shall come to pass, when ye shall say, Wherefore doeth the Lord our God all these things unto us? then shalt thou answer them, Like as ye have forsaken me, and served strange gods in your land, so shall ye serve strangers in a land that is not yours.
20 “Monka eyi nkyerɛ Yakobfi na mo mpae mu nka wɔ Yuda se:
Declare this in the house of Jacob, and publish it in Judah, saying,
21 Muntie, mo nkwaseafo ne nnipa a munni adwene, mowɔ ani nso munhu ade, na mowɔ aso nso monte asɛm:
Hear now this, O foolish people, and without understanding; which have eyes, and see not; which have ears, and hear not:
22 Ɛnsɛ sɛ musuro me ana?” Sɛɛ na Awurade se. “Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim ana? Mede nwea ato ɔhye ama po, ɔhye a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra. Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so; ebehuru so nanso ɛrentumi ntra.
Fear ye not me? saith the Lord: will ye not tremble at my presence, which have placed the sand for the bound of the sea by a perpetual decree, that it cannot pass it: and though the waves thereof toss themselves, yet can they not prevail; though they roar, yet can they not pass over it?
23 Nanso saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuatew koma; wɔatwe wɔn ho afi me ho kɔ.
But this people hath a revolting and a rebellious heart; they are revolted and gone.
24 Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho wɔn ho se, ‘Momma yensuro Awurade yɛn Nyankopɔn, a ɔma osu tɔ wɔ ne mmere mu, nea ɔma yɛn awerehyɛmu wɔ otwabere nnapɛn a wahyɛ no ho.’
Neither say they in their heart, Let us now fear the Lord our God, that giveth rain, both the former and the latter, in his season: he reserveth unto us the appointed weeks of the harvest.
25 Mo amumɔyɛ abɔ eyinom agu; mo bɔne ama ade pa abɔ mo.
Your iniquities have turned away these things, and your sins have withholden good things from you.
26 “Amumɔyɛfo bi wɔ me nkurɔfo yi mu a wɔtɛw sɛ nnipa a wosum nnomaa afiri, na wɔte sɛ wɔn a wosum mfiri yi nnipa.
For among my people are found wicked men: they lay wait, as he that setteth snares; they set a trap, they catch men.
27 Sɛnea nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no saa ara na asisi ahyɛ wɔn afi amaama; wɔayeyɛ adefo anyinya tumi,
As a cage is full of birds, so are their houses full of deceit: therefore they are become great, and waxen rich.
28 na wɔadodɔ srade ama wɔn ho ayɛ hanahana. Wɔn amumɔyɛsɛm no nni awiei; wɔnnka ayisaa asɛm mma wonni bem, na wɔmmɔ ahiafo tumi ho ban.
They are waxen fat, they shine: yea, they overpass the deeds of the wicked: they judge not the cause, the cause of the fatherless, yet they prosper; and the right of the needy do they not judge.
29 Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyinom ho ana?” Sɛɛ na Awurade se. “Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?
Shall I not visit for these things? saith the Lord: shall not my soul be avenged on such a nation as this?
30 “Ade a ɛyɛ hu ne ahodwiriw asi wɔ asase no so:
A wonderful and horrible thing is committed in the land;
31 Adiyifo no hyɛ akɔntoro, asɔfo no de wɔn dibea di tumi, na me nkurɔfo no pɛ no saa ara. Nanso awiei no dɛn na wobɛyɛ?”
The prophets prophesy falsely, and the priests bear rule by their means; and my people love to have it so: and what will ye do in the end thereof?

< Yeremia 5 >