< Yeremia 47 >
1 Ansa na Farao bɛtow ahyɛ Gasa so no, eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifo ho a ɛbaa odiyifo Yeremia nkyɛn:
Dette er Herrens ord som kom til profeten Jeremias om filistrene, før Farao slo Gasa.
2 Sɛɛ na Awurade se: “Monhwɛ sɛnea nsu rebobɔ ba wɔ atifi fam; ɛbɛyɛ ɔhweam a abu afa so. Ebebu afa asase no ne biribiara ɛwɔ so no so, nkurow no ne nnipa a wɔtete mu. Nnipa no bɛteɛteɛ mu; wɔn a wɔte asase no so nyinaa betwa adwo
Så sier Herren: Se, vann stiger op fra nord, og det blir til en flommende elv, og det flommer utover landene og alt som i dem er, byene og dem som bor i dem. Menneskene skriker, og alle som bor på jorden, jamrer sig;
3 bere a wɔate apɔnkɔ a wotu mmirika no anan ase nnyigyei, na wɔate atamfo no nteaseɛnam gyegyeegye ne wɔn ntwahonan nnyigyei no. Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma; wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.
når hans veldige hesters hovslag drønner, når hans vogner ramler, når hans hjul dundrer, da ser ikke fedrene sig om efter barna, så motfalne er de
4 Na da no aba sɛ wɔsɛe Filistifo no nyinaa na wotwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu, wɔn a anka wotumi boa Tiro ne Sidon no. Awurade rebɛsɛe Filistifo no, nkae a wofi Kreta mpoano no.
for den dags skyld som kommer for å ødelegge alle filistrene, for å utrydde for Tyrus og Sidon alle som er undsloppet og kunde hjelpe; for Herren ødelegger filistrene, dem som er blitt igjen fra øen Kaftor.
5 Gasa bɛbɔ tikwaw bere a ɔretwa adwo; wɔbɛma Askelon atɔ mum. Mo nkae a mowɔ tataw so, mobɛbobɔ mo ho akam akosi da bɛn?
Gasa er blitt skallet, Askalon er blitt målløst, det som er blitt igjen av deres lavland; hvor lenge vil du skjære i ditt kjøtt?
6 “‘Aa, Awurade afoa,’ ‘da bɛn na wobɛhome? San kɔhyɛ wo boha mu; gyae na da komm.’
Ve! Du Herrens sverd, hvor lenge vil du være urolig? Far i din skjede, hvil dig og vær stille!
7 Na ɛbɛyɛ dɛn na ada komm bere a Awurade ahyɛ no bere a wahyɛ no se ɔnkɔtow nhyɛ Askelon ne mpoano asase no so?”
Hvorledes skulde du holde dig rolig, når Herren har gitt dig befaling? Til Askalon og til havets strand, dit har han stevnet det.