< Yeremia 46 >
1 Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa odiyifo Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho.
Słowo PANA, które doszło do proroka Jeremiasza przeciw poganom;
2 Nea ɛfa Misraim ho: Eyi ne nsɛm a etia Misraimhene Farao Neko asraafo a Babiloniahene Nebukadnessar dii wɔn so nkonim wɔ Karkemis, Asubɔnten Eufrate ho wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan no:
Przeciw Egiptowi, przeciw wojsku faraona Neko, króla Egiptu, które znajdowało się nad rzeką Eufrat pod Karkemisz, a które pobił Nabuchodonozor, król Babilonu, w czwartym roku Joakima, syna Jozjasza, króla Judy:
3 “Siesie wo nkatabo akɛse ne nketewa nyinaa, na muntu santen nkɔ ɔsa!
Przygotujcie puklerz i tarczę i ruszajcie do walki.
4 Munsiesie apɔnkɔ no, na momforo ntenatena wɔn so. Munnyinagyina mo afa a mohyehyɛ mo nnade kyɛw! Monsew mo mpeaw ano, na monhyɛ mo nkatabo.
Zaprzęgajcie konie i wsiadajcie, jeźdźcy; stańcie w hełmach, ostrzcie włócznie, przywdziejcie pancerze.
5 Dɛn na mihu? Wɔabɔ hu, wɔresan wɔn akyi, wɔn dɔmmarima adi nkogu. Woguan ntɛm so a wɔnhwɛ wɔn akyi, na ehu wɔ baabiara,” Awurade na ose.
Czemu widzę ich zatrwożonych i cofających się? Ich mocarze są pobici i uciekają w popłochu, nie oglądając się. Strach jest wszędzie, mówi PAN.
6 Ɔhoɔharefo ntumi nguan, na ɔhoɔdenfo nso saa ara. Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho wohintihintiw na wɔhwehwe ase.
Prędki nie ucieknie i mocarz nie ujdzie; na północy, nad brzegiem rzeki Eufrat, potkną się i upadną.
7 “Hena, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil, sɛ nsubɔnten a mu nsu woro yi?
Kim jest ten, co się podnosi jak rzeka, a jego wody piętrzą się jak rzeki?
8 Misraim ma ne homene so sɛ Nil, sɛ nsubɔnten a mu nsu woro. Ɔka se, ‘Mɛsɔre akata asase no so; mɛsɛe nkuropɔn ne mu nnipa.’
Egipt podnosi się jak rzeka, a jego wody piętrzą się jak w rzece i mówi: Podnoszę się, pokryję ziemię, zniszczę miasto i jego mieszkańców.
9 Monkɔ mo anim, apɔnkɔ! Monka wɔn anibere so, mo nteaseɛnamkafo! Muntu nteɛ, dɔmmarima, Kus ne Put mmarima a mukura nkatabo, Lidia mmarima a motow agyan.
Nacierajcie, konie, pędźcie, rydwany; niech się ruszą mocarze: Etiopczycy i Libańczycy noszący tarcze, Ludyjczycy, którzy noszą i napinają łuk.
10 Nanso da no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea, aweretɔda, nʼatamfo so aweretɔ. Afoa bekunkum akosi sɛ ɔbɛmee, akosi bere a ɔde mogya bedwudwo ne osukɔm ano. Efisɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔre wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so.
Ten dzień bowiem należy do Pana BOGA zastępów i jest dniem pomsty, aby się zemścił nad swoimi wrogami. Miecz będzie pożerał i nasyci się, i upije się ich krwią, gdyż Pan Bóg zastępów ma ofiarę w ziemi północnej, nad rzeką Eufrat.
11 “Foro kɔ Gilead kogye aduru Misraim Babea Ɔbabun. Nanso nnuru bebrebe a wofa no yɛ ɔkwa, ayaresa biara nni hɔ ma wo.
Wstąp do Gileadu i nabierz balsamu, dziewico, córko Egiptu. Ale daremnie używasz wielu lekarstw, bo nie będziesz uleczona.
12 Amanaman no bɛte wʼanimguase; wʼagyaadwo bɛhyɛ asase so ma. Ɔkofo baako behintiw afa ɔfoforo so; na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.”
Narody słyszały o twojej hańbie i twój lament napełnił ziemię, gdyż mocarz potknął się o mocarza i obaj razem upadli.
13 Eyi ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifo Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛtow ahyɛ Misraim so:
Słowo, które PAN wypowiedział do proroka Jeremiasza, o wyprawie Nabuchodonozora, króla Babilonu, aby uderzyć ziemię Egiptu:
14 “Mommɔ eyi ho dawuru wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol; monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso se, ‘Munnyinagyina na monyɛ krado, efisɛ, afoa rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’
Oznajmijcie w Egipcie i ogłoście w Migdol; opowiadajcie w Nof i w Tachpanches. Powiedzcie: Stań i przygotuj się, bo miecz pożre to, co jest dokoła ciebie.
15 Adɛn nti na mo dɔmmarima bɛbotow sɛɛ? Wɔrentumi nnyina, efisɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam.
Czemu twoi mocarze zostali powaleni? Nie mogli się ostać, gdyż natarł na nich PAN.
16 Wobehintihintiw atoatoa so; wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so. Wɔbɛka se, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi nkɔ yɛn nkurɔfo nkyɛn ne faako a wɔwoo yɛn, na yemfi nhyɛsofo no afoa ano.’
Wielu potknęło się, a padli jeden na drugiego. Mówili: Wstań, wróćmy do naszego ludu i do ziemi ojczystej przed ostrzem niszczycielskiego miecza.
17 Ɛhɔ na wɔbɛteɛ mu se, ‘Misraimhene Farao tu ne ho kwa; nʼakwannya a ɔwɔ no atwa mu.’
Tam zawołali: Faraon, król Egiptu, [to tylko próżny] trzask; [jego] ustalony czas już minął.
18 “Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a ne din ne Asafo Awurade na ose, “Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔw no mu, sɛ Karmel wɔ mpoano.
Jak żyję ja – mówi Król, a jego imię PAN zastępów – jak Tabor wśród gór i jak Karmel nad morzem, [tak] on przyjdzie.
19 Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa, mo a motete Misraim, efisɛ wɔbɛsɛe Memfis kurow na ɛbɛda mpan a obiara rentena mu.
Córko, która mieszkasz w Egipcie, przygotuj swoje rzeczy na niewolę, bo Nof będzie pustkowiem i spustoszeniem, bez mieszkańców.
20 “Misraim yɛ nantwi ba bere a ne ho yɛ fɛ, nanso ɔtɛn bi fi atifi fam reba ne so.
Egipt [jest jak] piękna jałówka, [ale jej] zniszczenie nadchodzi, idzie z północy.
21 Asraafo apaafo a wɔwɔ wɔn mu no te sɛ nantwimma a wɔadodɔ srade. Wɔn nso bɛdan wɔn ho abɔ mu aguan, wɔrentumi nnyina wɔn anan so, efisɛ amanehunu da no reba wɔn so, bere a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
Najemnicy pośród niego [są] jak tuczone cielęta, bo oni także odwrócili się i uciekli razem. Nie ostali się, bo przyszedł na nich dzień ich porażki, czas ich nawiedzenia.
22 Misraim bɛteɛ mu sɛ ɔwɔ a ɔreguan bere a ɔtamfo de ahoɔden reba ne so no; wɔde mmonnua bɛba ne so te sɛ, mmarima a wobu nnua.
Jego głos jak [głos] węża, bo nadciągną z wojskiem, z siekierami przyjdą przeciw niemu jak rąbiący drzewa.
23 Wɔbɛsɛe ne kwae,” Awurade na ose, “sɛnea ayɛ kusuu yi mpo. Wɔdɔɔso bebree sen mmoadabi, na wɔrentumi nkan wɔn.
Wyrąbią jego las, mówi PAN, choć nie da się [go] policzyć. Są bowiem liczniejsi od szarańczy i niezliczeni.
24 Wobegu Misraim Babea anim ase, wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.”
Zawstydzi się córka Egiptu, będzie wydana w ręce ludu z północy.
25 Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, ka se, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao so no so.
PAN zastępów, Bóg Izraela, mówi: Oto ukarzę cały liczny lud miasta No, także faraona i Egipt, jego bogów i królów, faraona i tych, którzy pokładają w nim ufność.
26 Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfo no nsa. Nanso akyiri no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kan no,” Awurade na ose.
I wydam ich w ręce tych, którzy czyhają na ich życie, w ręce Nabuchodonozora, króla Babilonu, i w ręce jego sług. Lecz potem będzie zamieszkały jak za dawnych dni, mówi PAN.
27 “Nsuro, Yakob me somfo; nni yaw, Israel. Ampa ara megye wo afi beae a ɛwɔ akyirikyiri, ne wʼasefo afi wɔn nnommumfa asase so Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ, na obiara renhunahuna no.
Ale ty się nie bój, mój sługo, Jakubie, i nie lękaj się, Izraelu. Oto bowiem wybawię cię z daleka i twoje potomstwo z ziemi jego niewoli. Jakub powróci i zazna odpoczynku i pokoju, a nikt go nie zatrwoży.
28 Nsuro, Yakob me somfo; na me ne wo wɔ hɔ,” Awurade na ose. “Ɛwɔ mu, mesɛe aman no nyinaa koraa aman a mehwetee mo kɔɔ so no de, nanso merensɛe mo korakora. Mede trenee nko ara na ɛbɛteɛteɛ mo so; meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”
Nie bój się, Jakubie, mój sługo, mówi PAN, bo ja jestem z tobą. Położę kres wszystkim narodom, do których cię wypędziłem. Tobie jednak nie położę kresu, ale będę cię karał sprawiedliwie; nie zostawię cię całkiem bez kary.