< Yeremia 45 >

1 Eyi ne nsɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan no mu, bere a na Baruk akyerɛw nsɛm a efi Yeremia anom no agu nhoma mmobɔwee bi mu.
Yei ne nsɛm a odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan so mu, ɛberɛ a na Baruk atwerɛ nsɛm a ɛfiri Yeremia anom no agu nwoma mmobɔeɛ bi mu.
2 “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ wo, Baruk:
“Baruk, yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn ka kyerɛ wo:
3 Wokae se, ‘Nnome nka me! Awurade de awerɛhow aka me yawdi ho; apinisi ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’
Wokaa sɛ, ‘Nnome nka me! Awurade de awerɛhoɔ aka me yeadie ho, na apinisie ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’
4 Awurade kae se, ‘Ka eyi kyerɛ no: Nea Awurade se ni: Mɛsɛe nea makyekyere na matu nea madua no ase wɔ asase no so nyinaa.
Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsɛe deɛ makyekyereɛ na matu deɛ medua no ase wɔ asase no so nyinaa.
5 Enti ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma akɛse ma wo ho ana? Nyɛ saa. Efisɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ose, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’”
Enti ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma akɛseɛ ma wo ho anaa? Ɛnyɛ saa. Ɛfiri sɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ɔseɛ, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’”

< Yeremia 45 >