< Yeremia 44 >
1 Saa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn; ɛfa Yudafo a wɔtete Misraim anafo fam wɔ Migdol, Tapanhes, Memfis ne Misraim atifi fam no ho.
Mısır'ın Migdol, Tahpanhes, Nof kentlerinde ve Patros bölgesinde yaşayan Yahudiler'e ilişkin RAB Yeremya'ya şöyle seslendi:
2 “Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Muhuu amanehunu kɛse a mede baa Yerusalem ne Yuda nkurow nyinaa so no. Nnɛ wɔayeyɛ amamfo na wɔasɛesɛe
“İsrail'in Tanrısı, Her Şeye Egemen RAB diyor ki, Yeruşalim ve Yahuda kentlerine getirdiğim bütün felaketleri gördünüz. İşte yaptıkları kötülük yüzünden kentler bugün yıkık; içlerinde oturan yok. Sizin de kendilerinin ve atalarının da önceden tanımadığınız başka ilahlara buhur yakıp taparak beni öfkelendirdiler.
3 esiane bɔne a wɔayɛ no nti. Wɔhyew nnuhuam, som anyame foforo a, wɔn anaa mo anaa mo agyanom nnim wɔn de hyɛɛ me abufuw.
4 Mesomaa mʼasomfo adiyifo mpɛn pii a wɔkae se, ‘Monnyɛ saa atantanne a mikyi no!’
Peygamber kullarımı defalarca gönderip, ‘Nefret ettiğim bu iğrençlikleri yapmayın!’ diyerek onları uyardım.
5 Nanso wɔantie, wɔamfa anyɛ asɛm, na wɔannan amfi wɔn amumɔyɛsɛm no ho na wɔannyae hyew a wɔhyew nnuhuam ma anyame foforo no.
Ama dinlemediler, kulak asmadılar. Kötülüklerinden dönmediler, başka ilahlara buhur yakmaktan vazgeçmediler.
6 Enti mihwiee mʼabufuw gui, na ɛdɛw kɔɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so ma ɛsɛesɛe na ɛdedaa mpan sɛnea ɛtete nnɛ yi.
Bu yüzden kızgın öfkemi döktüm; Yahuda kentlerine, Yeruşalim sokaklarına karşı öfkem giderek şiddetlendi. Onlar bugün olduğu gibi yıkık ve ıssız bırakıldı.
7 “Na mprempren, nea Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn se ni: Adɛn nti na mode amanehunu kɛse aba mo ho so, sɛ muyii mmarima ne mmea, mmofra ne mmotafowa fii Yuda a moannyaw nkae biara amma mo ho.
“İsrail'in Tanrısı RAB, Her Şeye Egemen Tanrı şöyle diyor: Neden bu büyük felaketi başınıza getiriyorsunuz? Kadın erkek, çoluk çocuk Yahuda halkından kesilip atılacak, sizden sağ kalan olmayacak.
8 Adɛn nti na mode nea mo nsa ayɛ hyɛ me abufuw, na mohyew nnuhuam ma anyame foforo wɔ Misraim, baabi a moabɛtena hɔ no? Mobɛsɛe mo ho, na moayɛ nnome ne nsopa wɔ asase so amanaman nyinaa mu.
Yerleşmek üzere geldiğiniz Mısır'da ellerinizin yaptıklarıyla, başka ilahlara buhur yakmakla beni öfkelendiriyorsunuz. Başınıza felaket getiriyorsunuz. Dünyadaki uluslarca aşağılanacak, yerileceksiniz.
9 Mo werɛ afi amumɔyɛsɛm a mo agyanom, Yuda ahemfo ne ahemmea yɛe, na mo ne mo yerenom nso yɛɛ wɔ Yuda asase ne Yerusalem mmɔnten so no ana?
Yahuda'da, Yeruşalim sokaklarında atalarınızın, Yahuda krallarıyla karılarının, kendinizin, karılarınızın yaptığı kötülükleri unuttunuz mu?
10 Ebesi nnɛ yi, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase, wɔnnaa nidi adi na wonnii me mmara ne ahyɛde a mede maa mo ne mo agyanom no so.
Bugüne dek pişmanlık duymadılar, benden korkmadılar. Size ve atalarınıza verdiğim yasa ve kurallar uyarınca yaşamadılar.
11 “Enti nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Masi mʼadwene pi sɛ mede amanehunu bɛba mo so na masɛe Yuda nyinaa.
“Bu yüzden İsrail'in Tanrısı, Her Şeye Egemen RAB diyor ki: Başınıza yıkım getirmeye, bütün Yahuda halkını yok etmeye kararlıyım.
12 Mɛfa Yuda nkae a wosii wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no. Wɔn nyinaa bewuwu wɔ Misraim; wɔbɛtotɔ wɔ afoa ano anaa ɔkɔm bekum wɔn. Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, afoa ne ɔkɔm bekunkum wɔn. Wɔbɛyɛ nnome, ahodwiriwde, afɔbude ne ahohora.
Yerleşmek üzere Mısır'a gelmeye kararlı olan Yahuda'nın sağ kalanlarını ele alacağım. Hepsi Mısır'da yok olacak; kılıçtan geçirilecek ya da kıtlıktan ölecek. Küçük büyük hepsi kılıçtan, kıtlıktan ölecek. Lanetlenecek, dehşet konusu olacak, aşağılanacak, yerilecekler.
13 Mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe wɔn a wɔtete Misraim no aso, sɛnea metwee Yerusalem aso no.
Yeruşalim'i cezalandırdığım gibi, Mısır'da yaşayanları da kılıçla, kıtlıkla, salgın hastalıkla cezalandıracağım.
14 Yuda nkae a wɔakɔtena Misraim no mu biara renguan, na wɔremfa wɔn ho nni na wɔasan aba Yuda, asase a wɔpɛ sɛ wɔsan bɛtena so no so; wɔn mu biara remma, gye aguanfo kakraa bi.”
Yerleşmek için Mısır'a gelen Yahuda halkının sağ kalanlarından hiçbiri kurtulmayacak, hiç kimse sağ kalıp Yahuda'ya dönmeyecek. Yerleşmek üzere oraya dönmek isteseler de, kaçıp kurtulan birkaç kişi dışında dönen olmayacak.”
15 Afei mmarima a na wonim sɛ wɔn yerenom hyew nnuhuam ma anyame foforo, wɔne mmea a wɔwɔ hɔ no nyinaa, nnipadɔm no, ne nnipa a wɔwɔ Misraim Atifi fam ne Anafo fam ka kyerɛɛ Yeremia se,
Karılarının başka ilahlara buhur yaktığını bilen erkekler, orada duran kadınlar, Mısır'ın Patros bölgesinde yaşayan bütün halk –ki büyük bir topluluktu– Yeremya'ya şu karşılığı verdi:
16 “Yɛrentie asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ Awurade din mu no!
“RAB'bin adıyla bize söylediklerini dinlemeyeceğiz!
17 Ampa ara yɛbɛyɛ biribiara a yɛkae se yɛbɛyɛ: Yɛbɛhyew nnuhuam ama Ɔsoro Hemmea na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛnea yɛne yɛn agyanom, ahemfo ne adwumayɛfo yɛɛ wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so no pɛpɛɛpɛ. Saa bere no na yɛwɔ aduan, na yedi yiye a yenni ɔhaw biara nso.
Tersine, yapacağımızı söylediğimiz her şeyi kesinlikle yapacağız: Gök Kraliçesi'ne buhur yakacak, atalarımızın, krallarımızın, önderlerimizin ve kendimizin Yahuda kentlerinde, Yeruşalim sokaklarında yaptığımız gibi ona dökmelik sunular dökeceğiz. O zamanlar bol yiyeceğimiz vardı, her işimiz yolundaydı, sıkıntı çekmiyorduk.
18 Nanso efi bere a yegyaee nnuhuam a yɛhyew ma Ɔsoro Hemmea, na yegyaee ahwiesa a yɛde ma no no, biribiara abɔ yɛn na yɛrewuwu wɔ afoa ne ɔkɔm ano.”
Oysa Gök Kraliçesi'ne buhur yakmayı, dökmelik sunular dökmeyi bıraktığımız günden bu yana her yönden yokluk çekiyoruz; kılıçtan, kıtlıktan yok oluyoruz.”
19 Na mmea no ka kaa ho se, “Bere a yɛhyew nnuhuam maa Ɔsoro Hemmea, na yehwiee ahwiesa maa no no, na yɛn kununom nnim sɛ yɛto ɔfam a ɛyɛ ne sɛso, hwie ahwiesa ma no ana?”
Kadınlar, “Evet, Gök Kraliçesi'ne buhur yakıp dökmelik sunular dökeceğiz! Ona benzer pideler pişirip kendisine dökmelik sunular döktüğümüzü kocalarımız bilmiyor muydu sanki?” diye eklediler.
20 Na Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa; mmarima ne mmea a wɔrebua no no se,
Bunun üzerine Yeremya ona karşılık veren kadın erkek bütün halka şöyle dedi:
21 “Mususuw sɛ, Awurade nnim sɛ, na mo ne mo agyanom, mo ahemfo, adwumayɛfo ne ɔmanfo no hyew nnuhuam ma ahoni wɔ Yuda nkurow so ne Yerusalem mmɔnten so ana?
“Sizin, atalarınızın, krallarınızın, önderlerinizin, ülke halkının Yahuda kentlerinde, Yeruşalim sokaklarında yaktığınız buhuru RAB unuttu mu? Haberi yok muydu?
22 Bere a mo amumɔyɛ ne akyiwade a moyɛɛ no fonoo Awurade no, mo asase dannan nnomede ne amamfo a obiara nte so, sɛnea ɛte nnɛ yi.
RAB yaptığınız kötülüklere, iğrençliklere artık dayanamadığı için, bugün olduğu gibi ülkeniz aşağılanıp yerildi, kimsenin yaşamadığı dehşet verici bir viranelik oldu.
23 Esiane sɛ moahyew nnuhuam, ayɛ bɔne atia Awurade, na moanyɛ osetie amma no, na moanni ne mmara, nʼahyɛde ne nʼadansesɛm so nti, amanehunu aba mo so sɛnea muhu yi.”
Siz başka ilahlara buhur yaktınız, RAB'be karşı günah işlediniz; O'nun sözünü dinlemediniz, yasasına, kurallarına, antlaşma koşullarına uymadınız. Bu yüzden bugün olduğu gibi başınıza felaket geldi.”
24 Afei Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa a mmea no ka ho se, “Mo Yudafo a mowɔ Misraim nyinaa muntie Awurade asɛm.
Yeremya bütün halka, özellikle de kadınlara, “RAB'bin sözüne kulak verin, ey Mısır'da yaşayan Yahudalılar” dedi,
25 Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Mo ne mo yerenom de mo nneyɛe akyerɛ mo bɔ a mohyɛe se, ‘Ampa ara yebedi bɔ a yɛhyɛe sɛ, yɛbɛhyew nnuhuam ahwie ahwiesa ama Ɔsoro Hemmea no,’ no so.” Monkɔ so, munni mo bɔhyɛ ne mo ntam so!
“İsrail'in Tanrısı, Her Şeye Egemen RAB diyor ki, ‘Gök Kraliçesi'ne buhur yakacağız, dökmelik sunular dökeceğiz, adaklarımızı kesinlikle yerine getireceğiz’ diyerek siz de karılarınız da verdiğiniz sözü yerine getirdiniz. “Öyleyse verdiğiniz sözü tutun! Adadığınız adakları tümüyle yerine getirin!
26 Nanso muntie Awurade asɛm, mo Yudafo a mowɔ Misraim nyinaa. Mede me din kɛse no ka ntam se, nea Awurade se ni, obiara a ofi Yuda a ɔte Misraim asase so baabiara remmɔ me din nka ntam bio da se, “Sɛ Otumfo Awurade te ase yi.”
Mısır'da yaşayan Yahudiler, RAB'bin sözünü dinleyin! ‘Büyük adım üzerine ant içiyorum ki’ diyor RAB, ‘Mısır'da yaşayan Yahudiler'den hiçbiri bundan böyle adımı ağzına alıp Egemen RAB'bin varlığı hakkı için diye ant içmeyecek.
27 Na mɛhwɛ ama wɔahu amane na ɛnyɛ yiyedi; Yudafo a wɔwɔ Misraim bewuwu wɔ afoa ne ɔkɔm ano kosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn nyinaa.
Çünkü onların yararını değil, zararını gözlüyorum; Mısır'da yaşayan Yahudiler yok olana dek kılıçtan, kıtlıktan ölecek.
28 Wɔn a wobeguan afi afoa ano na wɔasan afi Misraim akɔ Yuda asase so no bɛyɛ kakraa bi. Afei Yuda nkae a wɔbɛtenaa Misraim no nyinaa behu nea nʼasɛm yɛ nokware; me de anaa wɔn de.
Kılıçtan kurtulup da Mısır'dan Yahuda'ya dönenlerin sayısı pek az olacak. Mısır'a yerleşmeye gelen Yahuda halkından sağ kalanlar o zaman kimin sözünün yerine geldiğini anlayacak: Benim sözümün mü, yoksa onlarınkinin mi?
29 “‘Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha, na moahu sɛ ampa ara mʼahunahuna a ɛfa ɔhaw ho no bɛba mu,’ Awurade na ose.
“‘Başınıza yıkım getireceğim; sözümün yerine geleceğini bilesiniz diye’ diyor RAB, ‘Sizi burada cezalandıracağıma ilişkin belirti şu olacak.’
30 ‘Mede Misraimhene Farao Hofra rebɛhyɛ nʼatamfo a wɔpɛ sɛ wokum no no nsa, sɛnea mede Yudahene Sedekia hyɛɛ Babiloniahene Nebukadnessar, ne tamfo a na ɔrehwehwɛ no akum no no nsa. Sɛɛ na Awurade se.’”
RAB diyor ki, ‘Yahuda Kralı Sidkiya'yı can düşmanı Babil Kralı Nebukadnessar'ın eline nasıl teslim ettimse, Mısır Firavunu Hofra'yı da can düşmanlarının eline öyle teslim edeceğim.’”