< Yeremia 43 >

1 Bere a Yeremia wiee nsɛm a efi Awurade, wɔn Nyankopɔn nkyɛn no ka no, biribiara a Awurade asoma no sɛ ɔmmɛka nkyerɛ wɔn no,
After Jeremiah finished telling everyone all that the Lord their God had send him to say,
2 Hosaia babarima Asaria, Karea babarima Yohanan ne mmarima ahomasofo no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia se, “Woredi atoro! Awurade, yɛn Nyankopɔn, nsomaa wo se bɛka se, ‘Ɛnsɛ sɛ mokɔ Misraim kɔtena hɔ.’
Azariah son of Hoshaiah, Johanan son of Kareah, and all the proud and rebellious men told Jeremiah, “You're lying! The Lord our God hasn't sent you to tell us, ‘You are not to go and live in Egypt.’
3 Na mmom Neria babarima Baruk na ɔregyigye wo so tia yɛn ama wɔde yɛn ahyɛ Babiloniafo nsa, sɛnea wobekum yɛn anaa wɔbɛsoa yɛn de yɛn akɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.”
No, it's Baruch son of Neriah who's turned you against us in order to hand us over to the Babylonians so they can kill us or exile us to Babylon!”
4 Enti Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo no nyinaa ne nnipa no anni Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ wɔn sɛ, wɔntena Yuda asase so no so.
So Johanan son of Kareah and all the army commanders refused to obey the Lord's command to stay in the land of Judah.
5 Mmom Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo no nyinaa de Yuda nkae a wofi amanaman a wɔbɔɔ wɔn ahwete kɔɔ so no so na wɔaba sɛ wɔrebɛtena Yuda asase so no nyinaa kɔe.
Instead, Johanan son of Kareah and all the army commanders took with them all who were left of the people of Judah, those who had returned to the country from all the nations where they had been scattered.
6 Wɔde mmarima, mmea, mmofra ne ɔhene mmabea a ɔsahene Nebusaradan, a ɔyɛ ɔhene awɛmfo panyin no, de wɔn gyaw Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena, odiyifo Yeremia ne Neria babarima Baruk nso kɔe.
These included men, women, and children, the king's daughters, and everyone Nebuzaradan the commander of the guard had allowed to remain with Gedaliah, as well as Jeremiah and Baruch.
7 Enti wɔhyɛn Misraim a wɔanni Awurade asɛm so, na wokoduu Tapanhes.
They went to Egypt because they refused to obey the Lord's command. They went all the way to Tahpanhes.
8 Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanhes se,
A message from Lord came to Jeremiah at Tahpanhes:
9 “Bere a Yudafo no rehwɛ no, fa abo akɛse, afei tutu fam wɔ birikisi nsɛwee a ɛwɔ Farao ahemfi a ɛwɔ Tapanhes abobow ano hɔ, na fa gu mu kata so.
As the people of Judah watch, get some large stones and set them into the cement of the brick pavement in the entrance way to Pharaoh's palace at Tahpanhes.
10 Afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: Mɛsoma me somfo Babiloniahene Nebukadnessar, na mede nʼahengua besi saa abo a masi wɔ ha no so; na ɔbɛtrɛw nʼadehye kyinii mu wɔ so.
Tell them that this is what the Lord Almighty, the God of Israel, says: I'm going to send for my servant Nebuchadnezzar king of Babylon, and bring him here. I will place his throne over these stones that I have set into the pavement, and he will spread out his royal tent over them.
11 Ɔbɛba abɛtow ahyɛ Misraim so, na obekum wɔn a wɔahyɛ sɛ wonkum wɔn no, ɔbɛfa wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkɔ nnommum mu no nnommum, na wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔmfa wɔn mma afoa no, wɔde wɔn bɛma afoa.
He will come and attack Egypt, bringing death to those destined to die, imprisonment to those destined to be imprisoned, and the sword to those destined to be killed by the sword.
12 Ɔbɛto Misraim anyame asɔredan mu gya, ahyew na wɔafa wɔn anyame no nnommum. Sɛnea oguanhwɛfo de nʼatade kyekyere ne ho no, saa ara na ɔde Misraim bɛkyekyere ne ho na wafi hɔ akɔ a ne ho baabiara renti.
I will set fire to the temples of the gods of Egypt. Nebuchadnezzar will burn them and loot their idols. He will pick the land of Egypt clean like a shepherd picks his cloak clean of fleas, and he will leave unharmed.
13 Owia asɔredan a ɛwɔ Misraim no, obebubu nʼafadum kronkron no, na wahyew Misraim anyame asɔredan no dwerɛbee.’”
He will knock down the sacred pillars of the temple of the sun in Egypt, and he will burn down the temples of the gods of Egypt.

< Yeremia 43 >