< Yeremia 42 >
1 Afei asraafo mpanyimfo no nyinaa a Karea babarima Yohanan ne Hosaia babarima Yesania ka ho, ne nnipa no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so kɔɔ
Afei, asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa a Karea babarima Yohanan ne Hosaia babarima Yesania ka ho ne nnipa no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so kɔɔ
2 odiyifo Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na bɔ Awurade, wo Nyankopɔn mpae ma wɔn a wɔaka yi nyinaa. Sɛnea wuhu no, kan no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi.
odiyifoɔ Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na bɔ Awurade wo Onyankopɔn mpaeɛ ma saa nkaeɛfoɔ yi nyinaa. Sɛdeɛ wohunu no, kane no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi.
3 Bɔ mpae sɛnea Awurade, wo Nyankopɔn bɛkyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”
Bɔ mpaeɛ sɛdeɛ Awurade wo Onyankopɔn bɛkyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”
4 Yeremia buaa wɔn se, “Mate mo asɛm no, na ɔkwan biara so mɛbɔ Awurade, mo Nyankopɔn mpae sɛnea moasrɛ no; mɛka nea Awurade bɛka biara akyerɛ mo na meremfa hwee nsie mo.”
Yeremia buaa wɔn sɛ, “Mate mo asɛm no, na ɛkwan biara so mɛbɔ Awurade mo Onyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ mo asrɛ no; mɛka deɛ Awurade bɛka biara akyerɛ mo na meremfa hwee nsie mo.”
5 Na afei, wɔka kyerɛɛ Yeremia se, “Sɛ yɛanyɛ nea Awurade, wo Nyankopɔn soma wo se ka kyerɛ yɛn no a, ma ɔnyɛ ɔdanseni nokwafo ntia yɛn.
Na afei, wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Sɛ yɛanyɛ deɛ Awurade wo Onyankopɔn soma wo sɛ ka kyerɛ yɛn no a, ma ɔnyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ntia yɛn.
6 Sɛ yɛpɛ o, sɛ yɛmpɛ o, yɛbɛyɛ osetie ama Awurade, yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo wɔ ne nkyɛn no, sɛnea ebesi yɛn yiye, na yebedi Awurade, yɛn Nyankopɔn asɛm so.”
Sɛ yɛpɛ o, sɛ yɛmpɛ o, yɛbɛyɛ ɔsetie ama Awurade yɛn Onyankopɔn a yɛresoma wo wɔ ne nkyɛn no, sɛdeɛ ɛbɛsi yɛn yie, na yɛbɛdi Awurade yɛn Onyankopɔn asɛm so.”
7 Nna du akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia hɔ.
Dadu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia hɔ.
8 Enti ɔfrɛɛ Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho ne nnipa no nyinaa; efi akumaa so kosi ɔkɛse so.
Enti, ɔfrɛɛ Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho ne nnipa no nyinaa; ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so.
9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto nʼanim no se:
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto nʼanim no seɛ:
10 ‘Sɛ motena asase yi so a, mesiesie mo na merensɛe mo, medua mo na merentu mo ase, efisɛ me werɛ ahow wɔ amanehunu a mama aba mo so no ho.
‘Sɛ motena asase yi so a, mɛsiesie mo na merensɛe mo, mɛdua mo na merentu mo ase, ɛfiri sɛ me werɛ aho wɔ amanehunu a mama aba mo so no ho.
11 Munnsuro Babiloniahene a mprempren musuro no no. Munnsuro no, Awurade na ose, efisɛ mene mo wɔ hɔ, megye mo, na mayi mo afi ne tumi ase.
Monnsuro Babiloniahene a seesei mosuro noɔ no. Monnsuro no, Awurade na ɔseɛ, ɛfiri sɛ, me ne mo wɔ hɔ, mɛgye mo, na mayi mo afiri ne tumi ase.
12 Mehu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na ɔde mo asan aba mo asase so.’
Mɛhu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na ɔde mo asane aba mo asase so.’
13 “Nanso sɛ moka se, ‘Yɛrentena saa asase yi so,’ na ne saa nti moanyɛ osetie amma Awurade mo Nyankopɔn,
“Nanso sɛ moka sɛ, ‘Yɛrentena saa asase yi so,’ na ne saa enti moanyɛ ɔsetie amma Awurade mo Onyankopɔn,
14 na sɛ moka se, ‘Dabi, yɛbɛkɔ akɔtena Misraim, faako a yɛrenhu ɔko, na yɛrente akobɛn nnyigyei na aduankɔm renne yɛn a,’
na moka sɛ, ‘Dabi, yɛbɛkɔ akɔtena Misraim, baabi a yɛrenhunu ɔko, na yɛrente totorobɛnto nnyegyeeɛ na aduanekɔm nne yɛn a,’
15 ɛno de tie Awurade asɛm, mo Yuda nkae. Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛ moawe ahinam sɛ mobɛkɔ akɔtena Misraim, na sɛ munya kɔtena hɔ a,
ɛnneɛ tie Awurade asɛm, Ao Yuda nkaeɛfoɔ. Yei ne deɛ Asafo Awurade Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Sɛ moayɛ mo adwene sɛ mobɛkɔ akɔtena Misraim, na sɛ monya kɔtena hɔ a,
16 ɛno de afoa a musuro no bɛto mo wɔ hɔ na ɔkɔm a, mo koma tu wɔ ho no bedi mo akyi akɔ Misraim na hɔ na mubewuwu.
ɛnneɛ akofena a mosuro no bɛto mo wɔ hɔ na ɛkɔm a mo akoma tu wɔ ho no bɛdi mo akyi akɔ Misraim, na ɛhɔ na mobɛwuwu.
17 Nokware wɔn a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no bewuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano, na wɔn mu baako po renka anaa ɔrenguan mfi amanehunu a mede bɛba wɔn so no mu.’
Nokorɛm, wɔn a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no bɛwuwu wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano, na wɔn mu baako mpo renka anaa ɔrennwane mfiri amanehunu a mede bɛba wɔn so no mu.’
18 Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew hwie guu nnipa a wɔwɔ Yerusalem so no, saa ara na sɛ, mokɔ Misraim a, mʼabufuwhyew behwie agu mo so. Mobɛyɛ nnome, ahodwiriwde, afɔbu ne ahohora; morenhu saa beae yi bio.’
Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Sɛdeɛ mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ hwie guu nnipa a wɔwɔ Yerusalem soɔ no, saa ara na sɛ mokɔ Misraim a, mʼabufuhyeɛ bɛhwie agu mo so. Mobɛyɛ nnomedeɛ, ahodwiredeɛ, afɔbuo ne ahohora; morenhunu saa beaeɛ yi bio.’
19 “Yuda nkae, Awurade aka akyerɛ mo se, ‘Monnkɔ Misraim.’ Mommma mo werɛ mmfi, nnɛ merebɔ mo kɔkɔ
“Ao Yuda nkaeɛfoɔ, Awurade aka akyerɛ mo sɛ, ‘Monnkɔ Misraim.’ Mommma mo werɛ mfiri. Ɛnnɛ merebɔ mo kɔkɔ
20 sɛ moyɛɛ mfomso a ɛyɛ hu yiye, bere a mosomaa me kɔɔ Awurade, mo Nyankopɔn hɔ, na mokae se, ‘Bɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na ka nea ɔka biara kyerɛ yɛn na yɛbɛyɛ,’ no.
sɛ moyɛɛ mfomsoɔ a ɛyɛ hu yie ɛberɛ a mosomaa me kɔɔ Awurade mo Onyankopɔn hɔ, na mokaa sɛ, ‘Bɔ Awurade yɛn Onyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na ka deɛ ɔka biara kyerɛ yɛn, na yɛbɛyɛ,’ no.
21 Nnɛ, maka akyerɛ mo, nanso monyɛɛ osetie mmaa Awurade mo Nyankopɔn ara wɔ biribiara a ɔhyɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no ho.
Ɛnnɛ, maka akyerɛ mo, nanso monyɛɛ ɔsetie mmaa Awurade mo Onyankopɔn ara wɔ biribiara a ɔhyɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no ho.
22 Enti afei mommma mo werɛ mfi sɛ, mubewuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano wɔ faako a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ no.”
Enti, afei mommma mo werɛ mfiri sɛ mobɛwuwu wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano wɔ baabi a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ no.”