< Yeremia 40 >

1 Ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no gyaa Yeremia wɔ Rama akyi no, asɛm no fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ. Ohuu sɛ wɔagu Yeremia nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ nnommum a wofi Yerusalem ne Yuda a na wɔde wɔn rekɔ Babilonia no mu.
The word came to Jeremiah from Yahweh after Nebuzaradan the commander of the king's bodyguards had released him at Ramah. He had found Jeremiah bound with chains among all the captives of Jerusalem and Judah who were being carried into exile to Babylon.
2 Bere a ɔsahene a otua awɛmfo no ano no huu Yeremia no, ɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔhyɛɛ saa amanehunu yi maa beae yi.
The chief guard took Jeremiah and said to him, “Yahweh your God decreed this disaster for this place.
3 Na afei, Awurade ama aba mu, wayɛ sɛnea ɔkaa se ɔbɛyɛ no. Eyinom nyinaa baa mu, efisɛ mo saa nnipa yi yɛɛ bɔne tiaa Awurade na moanyɛ osetie amma no.
So Yahweh brought it about. He did just as he had decreed, since you people sinned against him and did not obey his voice. That is why this thing has happened to you people.
4 Nanso nnɛ mereyi wo afi nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu wo nsa no mu. Sɛ wopɛ a, ma yɛnkɔ Babilonia na mɛhwɛ wo so, nanso sɛ wompɛ de a, mma. Hwɛ ɔman no nyinaa na ɛda wʼanim no, kɔ baabiara a wopɛ.”
But now look! I have released you today from the chains that were on your hands. If it is good in your eyes to come with me to Babylon, come, and I will take care of you. But if it is not good in your eyes to come with me to Babylon, then do not do so. Look at all the land before you. Go where it is good and right in your eyes to go.”
5 Na ansa na Yeremia bɛdan ne ho akɔ no, Nebusaradan ka kaa ho se, “San kɔ Ahikam babarima Gedalia a, ɔyɛ Safan nena, a Babiloniahene apa no sɛ ɔnhwɛ Yuda nkurow so no nkyɛn na wo ne no nkɔtena wɔ nnipa no mu, anaasɛ kɔ baabi foforo biara a wopɛ.” Na ɔsahene no maa Yeremia aduan ne akyɛde, na ɔmaa no kɔe.
When Jeremiah did not reply, Nebuzaradan said, “Go to Gedaliah son of Ahikam son of Shaphan, whom the king of Babylon has put in charge of the cities of Judah. Stay with him among the people or go wherever it is good in your eyes to go.” The commander of the king's bodyguards gave him food and a gift, and then sent him away.
6 Enti Yeremia kɔɔ Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, na ɔne no tenaa nnipa a wɔkaa wɔ asase no so no mu.
So Jeremiah went to Gedaliah son of Ahikam, at Mizpah. He stayed with him among the people who were left behind in the land.
7 Bere a asraafo mpanyimfo no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wɔ wuram no tee sɛ, Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado wɔ asase no so, na ɔde mmarima, mmea ne mmofra a wɔyɛ ahiafo wɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommum mu wɔ Babilonia ahyɛ ne nsa no,
Now some commanders of Judean soldiers who were still in the countryside—they and their men—heard that the king of Babylon had made Gedaliah son of Ahikam governor over the land. They also heard that he had put him in charge of the men, women, and children who were the poorest people in the land, those who had not been exiled to Babylon.
8 wɔbaa Gedalia hɔ wɔ Mispa: Netania babarima Ismael, Karea mmabarima Yohanan ne Yonatan, Tanhumet babarima Seraia, Efai a ofi Netofa mmabarima, Yesania a ɔyɛ Maakatni babarima ne wɔn mmarima.
So they went to Gedaliah at Mizpah. These men were Ishmael son of Nethaniah; Johanan and Jonathan, sons of Kareah; Seraiah son of Tanhumeth; the sons of Ephai the Netophathite; and Jaazaniah son of the Maakathite—they and their men.
9 Na Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena no kaa ntam de hyɛɛ wɔn ne wɔn mmarima den se, “Munnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafo. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ebesi mo yiye.
Gedaliah son of Ahikam son of Shaphan took an oath to them and to their men and said to them, “Do not be afraid to serve the Chaldean officials. Live in the land and serve the king of Babylon, and it will go well with you.
10 Me de, mɛtena Mispa, na masi mo anan mu wɔ Babiloniafo a, wɔba yɛn nkyɛn no mu, na mo de, monkɔboaboa nsa, ahohuru bere mu nnuaba ne ngo ano ngu adekora nkuruwa mu wɔ twabere mu, na montenatena nkurow a moafa no so.”
Look, I am living in Mizpah to meet with the Chaldeans who came to us. So harvest wine, summer fruit, and oil and store them in your containers. Live in the cities that you have occupied.”
11 Bere a Yudafo a wɔwɔ Moab, Amon, Edom ne aman ahorow a aka no, tee sɛ Babiloniahene agyaw nkae bi wɔ Yuda na wayi Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena sɛ amrado wɔ wɔn so no,
Then all the Judeans in Moab, among the people of Ammon, and in Edom, and in every land heard that the king of Babylon had allowed a remnant of Judah to stay, that he had appointed Gedaliah son of Ahikam son of Shaphan over them.
12 wɔn nyinaa san baa Yuda asase so fi aman a wɔbɔɔ wɔn petee no so, kɔɔ Gedalia hɔ wɔ Mispa. Na wɔboaboaa nsa ne ahohuru bere mu nnuaba bebree ano wɔ twabere mu.
So all the Judeans returned from every place where they had been scattered. They came back to the land of Judah, to Gedaliah at Mizpah. They harvested wine and summer fruit in great abundance.
13 Na Karea babarima Yohanan ne ntuano asraafo a wɔda so wɔ wuram no baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa
Johanan son of Kareah and all the army commanders in the countryside came to Gedaliah at Mizpah.
14 na wɔka kyerɛɛ no se, “Wunnim sɛ, Amonhene Baalis asoma Netania babarima Ismael se, ommekum wo ana?” Nanso Ahikam babarima Gedalia annye wɔn anni.
They said to him, “Do you realize that Baalis king of the people of Ammon sent Ishmael son of Nethaniah to murder you?” But Gedaliah son of Ahikim did not believe them.
15 Na Karea babarima Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia wɔ kokoa mu wɔ Mispa se, “Ma minkokum Netania babarima Ismael, na obiara rente. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ okum wo na ɔma Yudafo a wɔatwa wo ho ahyia no bɔ ahwete, na Yudafo nkae no yera?”
So Johanan son of Kareah spoke privately to Gedaliah in Mizpah and said, “Allow me to go kill Ishmael son of Nethaniah. No one will suspect me. Why should he kill you? Why allow all of Judah that has been gathered to you to be scattered and the remnant of Judah destroyed?”
16 Nanso Ahikam babarima Gedalia ka kyerɛɛ Karea babarima Yohanan se, “Nyɛ saa ade yi! Nea woka fa Ismael ho no nyɛ nokware.”
But Gedaliah son of Ahikam said to Johanan son of Kareah, “Do not do this thing, for you are telling lies about Ishmael.”

< Yeremia 40 >