< Yeremia 38 >

1 Matan babarima Sefatia, Pashur babarima Gedalia, Selemia babarima Yukal ne Malkia babarima Pashur tee nsɛm a na Yeremia reka akyerɛ nnipa no nyinaa se,
And Shephatyah the son of Matthan, and Gedalyahu the son of Pashchur, and Juchal the son of Shelemyahu, and Pashchur the son of Malkiyah, heard the words that Jeremiah was speaking unto all the people, saying,
2 “Sɛɛ na Awurade se: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu no bewu wɔ afoa, ɔkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafo afa no benya nkwa. Obenya ne ti adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu.
Thus hath said the Lord, He that remaineth in this city shall die by the sword, by the famine, and by the pestilence; but he that goeth forth to the Chaldeans shall live; and he shall have his life as a booty, and shall live.
3 Na sɛɛ na Awurade se, ‘Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene asraafo nsa, na wɔn na wobedi so.’”
Thus hath said the Lord, This city shall surely be given up into the hand of the army of the king of Babylon, and he shall capture it.
4 Ɛno nti adwumayɛfo no ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɛsɛ sɛ wokum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafo a wɔaka wɔ kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiyedi na mmom wɔn sɛe.”
Thereupon said the princes unto the king, We beseech thee, let this man be put to death; for the cause that he weakeneth the hands of the men of war that are yet left in this city, and the hands of all the people, by speaking such words unto them; for this man seeketh not the welfare of this people, but their hurt.
5 Ɔhene Sedekia buae se, “Ɔwɔ mo nsam, ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.”
Then said king Zedekiah, Behold, he is in your hand; for the king is not able to do any thing against you.
6 Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfo adiwo no mu. Wɔde ntampehama gyaagyaa no too abura no mu; na nsu nni mu, mmom dontori na na ɛwɔ mu, enti Yeremia kɔhyɛɛ dontori no mu.
Then did they take Jeremiah, and cast him into the pit of Malkiyahu the son of the king, that was in the court of the prison: and they let Jeremiah down with cords; but in the pit there was no water, but mire; so that Jeremiah sunk into the mire.
7 Na Ebed-Melek Kusni odwumayɛni a ɔwɔ ahemfi hɔ tee sɛ wɔde Yeremia akɔto abura no mu. Bere a ɔhene no te Benyamin Pon hɔ no,
Now when 'Ebed-melech the Cushi, a eunuch who was in the king's house, heard that they had placed Jeremiah into the pit; while the king was sitting in the gate of Benjamin:
8 Ebed-Melek fii ahemfi hɔ kɔka kyerɛɛ no se,
'Ebed-melech went forth out of the king's house, and spoke to the king, saying,
9 “Ɔdɛɛfo, nea saa nnipa yi ayɛ nyinaa yɛ amumɔyɛsɛm a etia odiyifo Yeremia. Wɔatow no akyene abura mu, baabi a ɔkɔm bekum no wɔ bere a brodo asa wɔ kuropɔn yi mu.”
My lord, O king, these men have done wrong in all that they have done to Jeremiah the prophet, whom they have cast into the pit; and he would have had to die [as it is] in the place where he was for hunger; for there is no more bread in the city.
10 Na ɔhene hyɛɛ Kusni, Ebed-Melek se, “Fa mmarima aduasa fi ha ka wo ho, na munkoyi odiyifo Yeremia mfi abura no mu, ansa na wawu.”
The king then commanded 'Ebed-melech the Cushi, saying, Take with thee from here thirty men, and bring up Jeremiah the prophet out of the pit, before he die.
11 Ɛno nti Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, wɔ ahemfi hɔ. Ɔkɔsesaw ntamagow ne ntade dedaw de kyekyeree ntampehama ho, gyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu.
So 'Ebed-melech took the men with him, and went into the house of the king under the treasury, and took thence cast-off clothes and old rags, and let them down into the pit to Jeremiah by cords.
12 Na Kusni, Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia se, “Fa ntamagow ne ntade dedaw no hyehyɛ wo mmotuam, na ntampehama no ammia wo.” Na Yeremia yɛɛ saa,
And Ebed-melech the Cushi said unto Jeremiah, Put, I pray, these cast-off clothes and old rags under thy arm-pits beneath the cords. And Jeremiah did so.
13 Wɔde ntampehama no twetwee no yii no fii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfo adiwo hɔ.
So they drew up Jeremiah with cords, and brought him up out of the pit: and Jeremiah remained in the court of the prison.
14 Na Ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifo Yeremia baa Awurade asɔredan ano kwan a ɛto so abiɛsa hɔ. Ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia se, “Merebebisa wo asɛm bi, mfa biribiara nsie me.”
Then sent king Zedekiah, and took Jeremiah the prophet unto him into the third entry that was in the house of the Lord; and the king said unto Jeremiah, I will ask thee something: conceal nothing from me.
15 Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia se, “Sɛ mema wo mmuae a, worenkum me ana? Mpo sɛ mitu wo fo a, worentie me.”
Then said Jeremiah unto Zedekiah, If I should tell it unto thee, behold, thou wilt surely put me to death; and if I should give thee counsel, thou wilt not hearken unto me.
16 Nanso ɔhene Sedekia kaa saa ntam yi kokoa mu kyerɛɛ Yeremia se, “Sɛ Awurade a ɔma yɛn nkwa no te ase yi, merenkum wo na meremfa wo nhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wo no nsa.”
So king Zedekiah swore unto Jeremiah secretly, saying, As the Lord liveth, who hath made for us this soul, I will not put thee to death, nor will I give thee up into the hand of these men that seek thy life.
17 Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia se, “Sɛɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no se: ‘Sɛ wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfo a, wɔrenkum wo na wɔrenhyew kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafo bɛtena nkwa mu.
Then said Jeremiah unto Zedekiah, Thus hath said the Lord, the God of hosts, the God of Israel, If thou wilt indeed go forth unto the princes of the king of Babylon, then shall thy soul live, and this city shall not be burnt with fire; and thou shalt live, thou with thy household;
18 Na sɛ woremfa wo ho mma Babiloniahene adwumayɛfo a, wɔde saa kuropɔn yi bɛma Babiloniafo, na wɔbɛhyew no dwerɛbee; na wo ankasa rentumi nguan mfi wɔn nsam.’”
But if thou wilt not go forth to the princes of the king of Babylon, then shall this city be given up into the hand of the Chaldeans, and they shall burn it with fire, and thou thyself shalt not escape out of their hand.
19 Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia se, “Misuro Yudafo a wɔkɔ Babiloniafo afa no, efisɛ ebia Babiloniafo no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayayade.”
Then said king Zedekiah unto Jeremiah, I am in dread of the Jews that have run away to the Chaldeans, lest these deliver me into their hand, and they might ill-use me.
20 Yeremia buae se, “Wɔremfa wo mma wɔn. Tie Awurade asɛm na yɛ nea meka kyerɛ wo. Ɛno na ɛbɛma asi wo yiye na woanya nkwa.
But Jeremiah said, They will not give [thee] up. Obey, I beseech thee, the voice of the Lord, in that which I speak unto thee; so it shall be well unto thee, and thy soul shall live.
21 Nanso sɛ woamfa wo ho amma Babiloniafo no de a, nea Awurade ayi akyerɛ me ni:
But if thou refuse to go forth, this is the word that the Lord hath shown me:
22 Mmea a wɔaka wɔ Yudahene ahemfi hɔ nyinaa no, wɔde wɔn befi adi abrɛ Babiloniahene adwumayɛfo no. Saa mmea no bɛka akyerɛ wo se, “‘Wɔdaadaa wo na wodii wo so wo nnamfonom a wugye wɔn di no. Wʼanan amem wɔ dontori mu; wo nnamfonom agyaw wo hɔ kɔ.’
And behold, all the women that are left in the house of the king of Judah shall be led forth to the princes of the king of Babylon; and these women shall say, “They have enticed, and have overpersuaded thee—thy men that should have sought thy welfare; thy feet are [now] sunk in the mire, and they have withdrawn themselves backward.”
23 “Wɔde wo yerenom nyinaa ne wo mma bɛbrɛ Babiloniafo no. Wo de, worentumi nguan mfi wɔn nsam, na mmom Babiloniahene bɛkyere wo, na wɔbɛhyew saa kuropɔn yi.”
And all thy wives and thy children shall they bring out to the Chaldeans; and thou thyself shalt not escape out of their hand; for by the hand of the king of Babylon shalt thou be caught; and this city wilt thou cause to be burnt with fire.
24 Na Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia se, “Mma obiara nte saa nkɔmmɔdi yi, anyɛ saa a, wubewu.
Then said Zedekiah unto Jeremiah, Let no man know of these words, that thou mayest not die.
25 Sɛ adwumayɛfo no te sɛ me ne wo kasae, na wobebisa wo se, ‘Ma yɛnte nea woka kyerɛɛ ɔhene ne nea ɔhene nso ka kyerɛɛ wo; mfa nsie yɛn anyɛ saa a yebekum wo a,’
And if the princes should hear that I have spoken with thee, and they come unto thee, and say unto thee, tell us, we pray thee, what thou hast spoken unto the king, conceal it not from us, and we will not put thee to death; also what the king hath spoken unto thee:
26 ɛno de ka kyerɛ wɔn se, ‘Na meresrɛ ɔhene sɛ ɔmmfa me nsan nkɔ Yonatan fi mma me nkowu wɔ hɔ.’”
Then shalt thou say unto them, I presented my humble supplication before the king, that he would not send me back to the house of Jonathan, to die there.
27 Adwumayɛfo no nyinaa baa Yeremia hɔ bebisaa no, na ɔkaa nea ɔhene hyɛɛ no se ɔnka no nyinaa. Enti wɔanka hwee ankyerɛ no bio, efisɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔtwetwe no.
And all the princes came unto Jeremiah, and asked him: and he told them in accordance with all these words that the king had commanded. And they turned away silent from him; for the matter had not been made public.
28 Na Yeremia tenaa ɔwɛmfo adiwo hɔ kosii da a wɔfaa Yerusalem. Sɛnea wɔfaa Yerusalem ni:
And Jeremiah remained in the court of the prison until the day that Jerusalem was taken. And it came to pass when Jerusalem was captured,

< Yeremia 38 >