< Yeremia 37 >

1 Babiloniahene Nebukadnessar de Yosia babarima Sedekia dii Yudahene; osii Yehoiakim babarima Yehoiakin anan mu.
וימלך מלך--צדקיהו בן יאשיהו תחת כניהו בן יהויקים אשר המליך נבוכדראצר מלך בבל בארץ יהודה
2 Ɔno, nʼasomfo ne nnipa a wɔwɔ asase no so antie Awurade asɛm a ɔnam odiyifo Yeremia so kae no.
ולא שמע הוא ועבדיו ועם הארץ אל דברי יהוה--אשר דבר ביד ירמיהו הנביא
3 Ɔhene Sedekia somaa Selemia babarima Yehukal ne Maaseia babarima ɔsɔfo Sefania se, wɔnkɔka nkyerɛ Yeremia se, “Yɛsrɛ wo, bɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn, mpae ma yɛn.”
וישלח המלך צדקיהו את יהוכל בן שלמיה ואת צפניהו בן מעשיה הכהן אל ירמיהו הנביא לאמר התפלל נא בעדנו אל יהוה אלהינו
4 Na Yeremia de ne ho a otumi di nnipa no mu akɔneaba, efisɛ na wɔmfaa no ntoo afiase ɛ.
וירמיהו בא ויצא בתוך העם ולא נתנו אתו בית הכליא (הכלוא)
5 Na Farao asraafo afi Misraim reba, na Babiloniafo a wɔatua Yerusalem no tee wɔn nka no, wofii Yerusalem.
וחיל פרעה יצא ממצרים וישמעו הכשדים הצרים על ירושלם את שמעם ויעלו מעל ירושלם
6 Na Awurade asɛm baa odiyifo Yeremia nkyɛn se,
ויהי דבר יהוה אל ירמיהו הנביא לאמר
7 “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Monka nkyerɛ Yudahene a, ɔsomaa mo se mummebisa me hɔ biribi no se, ‘Farao asraafo a wofii adi sɛ wɔrebɛboa mo no bɛsan akɔ wɔn ankasa asase, Misraim so.
כה אמר יהוה אלהי ישראל כה תאמרו אל מלך יהודה השלח אתכם אלי לדרשני הנה חיל פרעה היצא לכם לעזרה שב לארצו מצרים
8 Na Babiloniafo no bɛsan abɛtow ahyɛ saa kuropɔn yi so; wobegye na wɔahyew kurow no dwerɛbee.’
ושבו הכשדים ונלחמו על העיר הזאת ולכדה ושרפה באש
9 “Sɛ Awurade se ni: Monnnaadaa mo ho nsusuw sɛ, ‘Ampa ara Babiloniafo no befi yɛn so akɔ.’ Wɔrenkɔ!
כה אמר יהוה אל תשאו נפשתיכם לאמר הלך ילכו מעלינו הכשדים כי לא ילכו
10 Sɛ mudi Babiloniafo asraafo a wɔatow ahyɛ mo so no so ma ɛka apirafo wɔ wɔn ntamadan mu mpo a, wobefi adi abɛhyew kuropɔn yi dwerɛbee.”
כי אם הכיתם כל חיל כשדים הנלחמים אתכם ונשארו בם אנשים מדקרים--איש באהלו יקומו ושרפו את העיר הזאת באש
11 Babilonia asraafo no fii Yerusalem, esiane Farao asraafo no nti akyiri no,
והיה בהעלות חיל הכשדים מעל ירושלם--מפני חיל פרעה
12 Yeremia yɛɛ ahoboa sɛ ɔrefi kuropɔn no mu, akɔ Benyamin mantam mu akogye nʼagyapade mu kyɛfa wɔ nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no nkyɛn.
ויצא ירמיהו מירושלם ללכת ארץ בנימן לחלק משם בתוך העם
13 Nanso okoduu Benyamin Pon ano no, awɛmfo no so panyin a wɔfrɛ no Yiria a ɔyɛ Selemia babarima ne Hanania nena kyeree no kae se, “Woreguan agya yɛn akɔ Babiloniafo afa!”
ויהי הוא בשער בנימן ושם בעל פקדת ושמו יראייה בן שלמיה בן חנניה ויתפש את ירמיהו הנביא לאמר אל הכשדים אתה נפל
14 Yeremia buae se, “Ɛnyɛ nokware. Merenguan nkɔ Babiloniafo afa.” Nanso Yiria antie, na mmom ɔkyeree Yeremia de no kɔmaa ne mpanyimfo.
ויאמר ירמיהו שקר אינני נפל על הכשדים--ולא שמע אליו ויתפש יראייה בירמיהו ויבאהו אל השרים
15 Wɔn bo fuw Yeremia, na wɔma wɔboroo no de no too afiase wɔ ɔkyerɛwfo Yonatan fi a na wɔde ayɛ afiase no.
ויקצפו השרים על ירמיהו והכו אתו ונתנו אותו בית האסור בית יהונתן הספר--כי אתו עשו לבית הכלא
16 Wɔde Yeremia too asase ase afiase, ma odii nna bebree wɔ hɔ.
כי בא ירמיהו אל בית הבור ואל החניות וישב שם ירמיהו ימים רבים
17 Akyiri no, ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no baa ahemfi, ɛhɔ na obisaa no wɔ kokoa mu se, “Woanya asɛm bi afi Awurade nkyɛn ana?” Yeremia buae se, “Yiw, wɔde wo bɛma Babiloniahene.”
וישלח המלך צדקיהו ויקחהו וישאלהו המלך בביתו בסתר ויאמר היש דבר מאת יהוה ויאמר ירמיהו יש ויאמר ביד מלך בבל תנתן
18 Afei Yeremia bisaa ɔhene no se, “Dɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfo anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi?
ויאמר ירמיהו אל המלך צדקיהו מה חטאתי לך ולעבדיך ולעם הזה כי נתתם אותי אל בית הכלא
19 Ɛhe na wʼadiyifo a wɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ wo se, ‘Babiloniahene rentow nhyɛ wo so anaa asase yi so’ no wɔ?
ואיו (ואיה) נביאיכם אשר נבאו לכם לאמר לא יבא מלך בבל עליכם ועל הארץ הזאת
20 Na afei, ɔdɛɛfo, mesrɛ wo tie. Ma memfa me nkotosrɛ nto wʼanim: Mfa me nkɔto ɔkyerɛwfo Yonatan fi hɔ bio, anyɛ saa a mewu wɔ hɔ.”
ועתה שמע נא אדני המלך תפל נא תחנתי לפניך ואל תשבני בית יהונתן הספר ולא אמות שם
21 Ɔhene Sedekia hyɛɛ sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto awɛmfo adiwo hɔ, na wɔmma no brodo a efi brodotofo borɔn so da biara nkosi sɛ kuropɔn no mu brodo nyinaa bɛsa. Enti Yeremia kaa awɛmfo adiwo hɔ.
ויצוה המלך צדקיהו ויפקדו את ירמיהו בחצר המטרה ונתן לו ככר לחם ליום מחוץ האפים עד תם כל הלחם מן העיר וישב ירמיהו בחצר המטרה

< Yeremia 37 >