< Yeremia 36 >

1 Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛto so anan mu, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ:
et factum est in anno quarto Ioachim filii Iosiae regis Iuda factum est verbum hoc ad Hieremiam a Domino dicens
2 “Fa nhoma mmobɔwee, na kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, efi bere a mifii ase kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedi bere so de besi nnɛ no gu so.
tolle volumen libri et scribes in eo omnia verba quae locutus sum tibi adversum Israhel et Iudam et adversum omnes gentes a die qua locutus sum ad te ex diebus Iosiae usque ad diem hanc
3 Ebia, sɛ Yudafo te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so no a, wɔn mu biara bɛdan afi nʼamumɔyɛ ho na afei mede wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”
si forte audiente domo Iuda universa mala quae ego cogito facere eis revertatur unusquisque a via sua pessima et propitius ero iniquitati et peccato eorum
4 Enti Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na bere a ɔreka nsɛm a Awurade aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk kyerɛw guu nhoma mmobɔwee no mu.
vocavit ergo Hieremias Baruch filium Neriae et scripsit Baruch ex ore Hieremiae omnes sermones Domini quos locutus est ad eum in volumine libri
5 Afei Yeremia ka kyerɛɛ Baruk se, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu.
et praecepit Hieremias Baruch dicens ego clausus sum nec valeo ingredi domum Domini
6 Enti kɔ Awurade fi mmuadadi da bi na kenkan nsɛm a efi Awurade nkyɛn a meka ma wokyerɛw guu nhoma mmobɔwee no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafo a wofi wɔn nkurow so aba no.
ingredere ergo tu et lege de volumine in quo scripsisti ex ore meo verba Domini audiente populo in domo Domini in die ieiunii insuper et audiente universo Iuda qui veniunt de civitatibus suis leges eis
7 Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba Awurade anim na wɔn mu biara adan afi nʼamumɔyɛ akwan no so, efisɛ abufuw ne abufuwhyew nsɛm a Awurade aka atia saa nnipa yi so.”
si forte cadat oratio eorum in conspectu Domini et revertatur unusquisque a via sua pessima quoniam magnus furor et indignatio quam locutus est Dominus adversum populum hunc
8 Neria babarima Baruk yɛɛ biribiara a odiyifo Yeremia kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔkenkan Awurade nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu wɔ Awurade asɔredan no mu.
et fecit Baruch filius Neriae iuxta omnia quae praeceperat ei Hieremias propheta legens ex volumine sermones Domini in domo Domini
9 Ɔsram a ɛto so akron wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anum so no, wɔpaee Awurade anim mmuadadi maa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne wɔn a wofi Yuda nkurow so aba no.
factum est autem in anno quinto Ioachim filii Iosiae regis Iuda in mense nono praedicaverunt ieiunium in conspectu Domini omni populo in Hierusalem et universae multitudini quae confluxerat de civitatibus Iuda in Hierusalem
10 Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Awurade asɔredan no mu nyinaa; fii Safan babarima Gemaria a ɔyɛ ɔkyerɛwfo no pia a ɛwɔ asɔredan no atifi adiwo na ɛbɛn Ɔpon Foforo no mu.
legitque Baruch ex volumine sermones Hieremiae in domo Domini in gazofilacio Gamariae filii Saphan scribae in vestibulo superiori in introitu portae novae domus Domini audiente omni populo
11 Bere a Safan babarima Gemaria babarima Mikaia tee Awurade nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no,
cumque audisset Micheas filius Gamariae filii Saphan omnes sermones Domini ex libro
12 ɔkɔɔ ɔkyerɛwfo no dan a ɛwɔ ahemfi hɔ no mu, faako a na adwumayɛfo no nyinaa: ɔkyerɛwfo Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa tete.
descendit in domum regis ad gazofilacium scribae et ecce ibi omnes principes sedebant Elisama scriba et Dalaias filius Semeiae et Elnathan filius Achobor et Gamarias filius Saphan et Sedecias filius Ananiae et universi principes
13 Mikaia kaa nsɛm a Baruk kenkan fii nhoma mmobɔwee no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn no akyi no,
et nuntiavit eis Micheas omnia verba quae audivit legente Baruch ex volumine in auribus populi
14 adwumayɛfo no nyinaa somaa Kusi babarima Selemia babarima Netania babarima Yehudi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Baruk se, “Fa nhoma mmobɔwee a wokenkan fii mu kyerɛɛ nnipa no bra, na bra.” Enti Neria babarima Baruk kɔɔ wɔn hɔ a na okura nhoma mmobɔwee no.
miserunt itaque omnes principes ad Baruch Iudi filium Nathaniae filii Selemiae filii Chusi dicentes volumen ex quo legisti audiente populo sume in manu tua et veni tulit ergo Baruch filius Neriae volumen in manu sua et venit ad eos
15 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo tena ase, na kenkan kyerɛ yɛn.” Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn.
et dixerunt ad eum sede et lege haec in auribus nostris et legit Baruch in auribus eorum
16 Wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no, wɔde ehu hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔka kyerɛɛ Baruk se, “Ɛsɛ sɛ yɛka saa nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.”
igitur cum audissent omnia verba obstipuerunt unusquisque ad proximum suum et dixerunt ad Baruch nuntiare debemus regi omnes sermones istos
17 Afei wobisaa Baruk se, “Ka kyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wokyerɛw eyinom nyinaa? Yeremia na ɔka ma wokyerɛw ana?”
et interrogaverunt eum dicentes indica nobis quomodo scripsisti omnes sermones istos ex ore eius
18 Baruk buae se, “Yiw, ɔno na ɔkaa saa nsɛm yi nyinaa ma mede adubiri kyerɛw guu nhoma mmobɔwee no mu.”
dixit autem eis Baruch ex ore suo loquebatur quasi legens ad me omnes sermones istos et ego scribebam in volumine atramento
19 Na adwumayɛfo no ka kyerɛɛ Baruk se, “Wo ne Yeremia, munkohintaw. Monnkyerɛ obiara mo akyi kwan.”
et dixerunt principes ad Baruch vade et abscondere tu et Hieremias et nemo sciat ubi sitis
20 Wɔde nhoma mmobɔwee no kosiee ɔkyerɛwfo Elisama dan mu akyiri no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabangua no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no.
et ingressi sunt ad regem in atrium porro volumen commendaverunt in gazofilacio Elisamae scribae et nuntiaverunt audiente rege omnes sermones
21 Ɔhene no somaa Yehudi se, ɔnkɔfa nhoma mmobɔwee no mmra. Yehudi kɔfa fii ɔkyerɛwfo Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfo a wogyinagyina ne ho no nyinaa.
misitque rex Iudi ut sumeret volumen qui tollens illud de gazofilacio Elisamae scribae legit audiente rege et universis principibus qui stabant circa regem
22 Na ɛyɛ ɔsram a ɛto so akron a na ɔhene no te awɔwbere dan mu reto ogya a esi nʼanim.
rex autem sedebat in domo hiemali in mense nono et posita erat arula coram eo plena prunis
23 Bere biara a Yehudi bɛkenkan nhoma mmobɔwee no afaafa bɛyɛ abiɛsa anaa anan no, ɔhene no de ɔkyerɛwfo afoa, twitwa de gu ogya no mu, kosii sɛ nhoma mmobɔwee no nyinaa hyewee.
cumque legisset Iudi tres pagellas vel quattuor scidit illud scalpello scribae et proiecit in igne qui erat super arulam donec consumeretur omne volumen igni qui erat in arula
24 Ɔhene no ne nʼasomfo a wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no ammɔ hu, na wɔansunsuane wɔn ntade mu nso.
et non timuerunt neque sciderunt vestimenta sua rex et omnes servi eius qui audierunt universos sermones istos
25 Ɛwɔ mu sɛ Elnatan, Delaia ne Gemaria srɛɛ ɔhene no sɛ ɔnhyew nhoma mmobɔwee no, nanso wantie wɔn.
verumtamen Elnathan et Dalaias et Gamarias contradixerunt regi ne conbureret librum et non audivit eos
26 Mmom ɔhene no hyɛɛ ne babarima Yerahmeel, Asriel babarima Seraia ne Abdeel babarima Selemia se, wɔnkɔkyere ɔkyerɛwfo Baruk ne odiyifo Yeremia mmra. Nanso na Awurade de wɔn asie.
et praecepit rex Hieremahel filio Ammelech et Saraiae filio Ezrihel et Selemiae filio Abdehel ut conprehenderent Baruch scribam et Hieremiam prophetam abscondit autem eos Dominus
27 Ɔhene no hyew nhoma mmobɔwee a na nsɛm a Baruk akyerɛw afi Yeremia anum wɔ mu no akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se,
et factum est verbum Domini ad Hieremiam postquam conbuserat rex volumen et sermones quos scripserat Baruch ex ore Hieremiae dicens
28 “Fa nhoma mmobɔwee foforo, na kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kan mmobɔwee a Yudahene Yehoiakim hyew no gu mu.
rursum tolle volumen aliud et scribe in eo omnes sermones priores qui erant in volumine primo quod conbusit Ioachim rex Iuda
29 Afei ka kyerɛ Yudahene Yehoiakim se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Wohyew nhoma mmobɔwee no kae se: “Adɛn nti na wokyerɛw wɔ mu se ɔkwan biara so, Babiloniahene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre so nnipa ne mmoa nyinaa ase?”
et ad Ioachim regem Iuda dices haec dicit Dominus tu conbusisti volumen illud dicens quare scripsisti in eo adnuntians festinus veniet rex Babylonis et vastabit terram hanc et cessare faciet ex illa hominem et iumentum
30 Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yehoiakim ho: Ɔrennya obi ntena Dawid ahengua so. Wɔbɛtow ne funu akyene a, wɔrensie no, na wada owia hyew ne anadwo awɔw mu.
propterea haec dicit Dominus contra Ioachim regem Iuda non erit ex eo qui sedeat super solium David et cadaver eius proicietur ad aestum per diem et ad gelu per noctem
31 Mɛtwe ɔno ne ne mma ne nʼasomfo aso wɔ wɔn amumɔyɛ nti; mede amanehunu biara a mahyɛ atia wɔn bɛba wɔn ne wɔn a wɔte Yerusalem ne Yudafo so, efisɛ wɔantie.’”
et visitabo contra eum et contra semen eius et contra servos eius iniquitates suas et adducam super eos et super habitatores Hierusalem et super viros Iuda omne malum quod locutus sum ad eos et non audierunt
32 Na Yeremia faa nhoma mmobɔwee foforo, na ɔka maa ne kyerɛwfo Baruk kyerɛwee. Ɔkaa biribiara a na ɛwɔ nhoma mmobɔwee no a ɔhene Yehoiakim hyew no no so. Na ɔde nsɛm pii kaa ho.
Hieremias autem tulit volumen aliud et dedit illud Baruch filio Neriae scribae qui scripsit in eo ex ore Hieremiae omnes sermones libri quem conbuserat Ioachim rex Iuda igni et insuper additi sunt sermones multo plures quam ante fuerant

< Yeremia 36 >