< Yeremia 34 >

1 Bere a Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakofo ne nʼahenni nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ahemman a odi so no mu reko tia Yerusalem ne nkurow a atwa ne ho ahyia no, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ se,
The word which came to Jeremiah from the LORD, when Nebuchadnezzar king of Babylon, with all his army, all the kingdoms of the earth that were under his dominion, and all the peoples, were fighting against Jerusalem and against all its cities, saying:
2 “Nea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni: Kɔ Yudahene Sedekia nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔbɛhyew no dwerɛbee.
“The LORD, the God of Israel, says, ‘Go, and speak to Zedekiah king of Judah, and tell him, the LORD says, “Behold, I will give this city into the hand of the king of Babylon and he will burn it with fire.
3 Worenguan mfi ne nsam na nokware, wɔbɛkyere wo de wo akɔma no. Wode wʼani behu Babiloniahene na ɔne wo bɛkasa anim ne anim. Na wobɛkɔ Babilonia.
You won’t escape out of his hand, but will surely be taken and delivered into his hand. Your eyes will see the eyes of the king of Babylon, and he will speak with you mouth to mouth. You will go to Babylon.”’
4 “‘Nanso tie Awurade bɔhyɛ, Yudahene Sedekia. Sɛɛ na Awurade ka fa wo ho: Worennwu wɔ afoa ano;
“Yet hear the LORD’s word, O Zedekiah king of Judah. The LORD says concerning you, ‘You won’t die by the sword.
5 na wubewu asomdwoe mu. Sɛnea nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatannaa de hyɛɛ wʼagyanom anuonyam, ahemfo dedaw a wodii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatannaa ahyɛ wo anuonyam na wɔadi awerɛhow se, “Ao, owura!” Mʼankasa na mehyɛ saa bɔ yi, Awurade na ose.’”
You will die in peace; and with the burnings of your fathers, the former kings who were before you, so they will make a burning for you. They will lament you, saying, “Ah Lord!” for I have spoken the word,’ says the LORD.”
6 Na odiyifo Yeremia kaa eyinom nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem,
Then Jeremiah the prophet spoke all these words to Zedekiah king of Judah in Jerusalem,
7 bere a Babiloniahene asraafo reko atia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka a na wogu so reko wɔ hɔ. Eyinom ne nkuropɔn a na aka wɔ Yuda a wɔwɔ bammɔ.
when the king of Babylon’s army was fighting against Jerusalem and against all the cities of Judah that were left, against Lachish and against Azekah; for these alone remained of the cities of Judah as fortified cities.
8 Asɛm no fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ bere a ɔhene Sedekia ne Yerusalemfo ayɛ apam sɛ wɔbɛma nkoa ahofadi no akyi.
The word came to Jeremiah from the LORD, after King Zedekiah had made a covenant with all the people who were at Jerusalem, to proclaim liberty to them,
9 Ɛsɛ sɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifo; na obiara nni ho kwan sɛ ɔde ne yɔnko Yudani yɛ akoa.
that every man should let his male servant, and every man his female servant, who is a Hebrew or a Hebrewess, go free, that no one should make bondservants of them, of a Jew his brother.
10 Enti adwumayɛfo no nyinaa ne nnipa a wɔyɛɛ saa apam yi penee so sɛ wobegyaa wɔn nkoa ne mfenaa, na wɔremfa wɔn nyɛ nkoa bio. Wɔpenee so, na wogyaa wɔn.
All the princes and all the people obeyed who had entered into the covenant, that everyone should let his male servant and everyone his female servant go free, that no one should make bondservants of them any more. They obeyed and let them go,
11 Nanso akyiri no, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsan faa nnipa a wogyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio.
but afterwards they turned, and caused the servants and the handmaids whom they had let go free to return, and brought them into subjection for servants and for handmaids.
12 Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se,
Therefore the LORD’s word came to Jeremiah from the LORD, saying,
13 “Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Me ne mo agyanom yɛɛ apam bere a miyii wɔn fii Misraim, nkoasom asase so no. Mekae se,
“The LORD, the God of Israel, says: ‘I made a covenant with your fathers in the day that I brought them out of the land of Egypt, out of the house of bondage, saying:
14 ‘Mfe ason biara no, ɛsɛ sɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. Sɛ wasom mfe asia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.’ Nanso mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm.
At the end of seven years, every man of you shall release his brother who is a Hebrew, who has been sold to you, and has served you six years. You shall let him go free from you. But your fathers didn’t listen to me, and didn’t incline their ear.
15 Ɛnkyɛe koraa, nanso munuu mo ho na moyɛɛ nea eye wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadi maa ne manmma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ ofi a me Din da so no mu.
You had now turned, and had done that which is right in my eyes, in every man proclaiming liberty to his neighbor. You had made a covenant before me in the house which is called by my name;
16 Nanso mprempren, moadan mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asan akɔfa nkoa ne mfenaa a mugyaa wɔn sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio.
but you turned and profaned my name, and every man caused his servant and every man his handmaid, whom you had let go free at their pleasure, to return. You brought them into subjection, to be to you for servants and for handmaids.’”
17 “Afei nea Awurade se ni: Muntiee me na mompaee ahofadi mmaa mo ankasa nkurɔfo. Enti afei mepae ‘ahofadi’ ma mo, Awurade na ose. ‘Ahofadi’ a ebegyaa mo ama afoa, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma moayɛ akyiwade ama asase so ahenni ahorow nyinaa.
Therefore the LORD says: “You have not listened to me, to proclaim liberty, every man to his brother, and every man to his neighbor. Behold, I proclaim to you a liberty,” says the LORD, “to the sword, to the pestilence, and to the famine. I will make you be tossed back and forth among all the kingdoms of the earth.
18 Nnipa a wɔabu mʼapam so, na wɔanni nhyehyɛe a ɛwɔ apam a wɔayɛ wɔ mʼanim no so no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwi ba a wɔpae ne mu abien na wɔnantew nʼafaafa no ntam no.
I will give the men who have transgressed my covenant, who have not performed the words of the covenant which they made before me when they cut the calf in two and passed between its parts:
19 Yuda ne Yerusalem ntuanofo, asennii adwumayɛfo, asɔfo ne asase no so nnipa no nyinaa a monantew faa nantwi ba no afaafa no ntam no,
the princes of Judah, the princes of Jerusalem, the eunuchs, the priests, and all the people of the land, who passed between the parts of the calf.
20 mede wɔn bɛma wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.
I will even give them into the hand of their enemies and into the hand of those who seek their life. Their dead bodies will be food for the birds of the sky and for the animals of the earth.
21 “Mede Yudahene Sedekia ne nʼadwumayɛfo bɛhyɛ wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa, Babiloniahene asraafo a wɔatwe wɔn ho no nsa.
“I will give Zedekiah king of Judah and his princes into the hands of their enemies, into the hands of those who seek their life and into the hands of the king of Babylon’s army, who has gone away from you.
22 Merebɛhyɛ, Awurade asɛm ni, na mɛsan de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahyew no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkurow ada mpan a obiara rentumi ntena hɔ.”
Behold, I will command,” says the LORD, “and cause them to return to this city. They will fight against it, take it, and burn it with fire. I will make the cities of Judah a desolation, without inhabitant.”

< Yeremia 34 >