< Yeremia 31 >

1 “Saa bere no,” Awurade na ose, “Mɛyɛ Israel mmusuakuw no nyinaa Nyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.”
At that time, saith Jehovah, will I be the God of all the families of Israel, And they shall be my people.
2 Nea Awurade se ni: “Nnipa a wotumi gyinaa wɔ afoa ano no benya adom wɔ nweatam so; mede ahomegye bɛbrɛ Israel.”
Thus saith Jehovah: The people, escaped from the sword, hath found favor in the wilderness; I will go and give rest to Israel.
3 Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kan no na ɔkae se, “Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo mede adɔe atwe mo.
Jehovah appeared to me from afar, [[saying, ]] With an everlasting love do I love thee, Therefore have I kept mercy for thee.
4 Mede mo besi hɔ bio na wɔbɛsan de wo, Ɔbabun Israel, asi hɔ. Wobɛfa wʼakasae bio na woafi adi ne anigyefo akɔsaw.
Again will I build thee, and thou shalt be built, O virgin of Israel! Again shalt thou adorn thy tabrets, And go forth in the dance of them that make merry.
5 Bio, mobɛyɛ bobe nturo wɔ Samaria nkoko so; akuafo no bedua na wɔadi so aba.
Thou shalt yet plant vines upon the mountains of Samaria; The planters shall plant, and eat the fruit.
6 Da bi bɛba a, awɛmfo bɛteɛ mu wɔ Efraim nkoko so se, ‘Mommra, momma yɛnforo nkɔ Sion, nkɔ Awurade yɛn Nyankopɔn nkyɛn.’”
For the day is coming when the watchmen shall cry upon Mount Ephraim, Arise ye, and let us go up to Zion, To Jehovah, our God.
7 Nea Awurade se ni: “Momfa ahosɛpɛw nto nnwom mma Yakob; Monteɛ mu mma amanaman mu kannifo. Momma wɔnte mo ayeyi na monka se, ‘Awurade, gye wo nkurɔfo, Israel nkae no.’
For thus saith Jehovah: Sing with gladness for Jacob, And shout for the head of the nations! Publish ye, praise ye, and say: Jehovah, thou hast saved thy people, The remnant of Israel.
8 Hwɛ, mede wɔn befi atifi fam asase so aba na maboa wɔn ano afi nsase ano. Wɔn mu bi bɛyɛ anifuraefo, mpakye, apemfo ne mmea a wɔwɔ awoko mu; dɔm kɛse bɛsan aba.
Behold, I will bring them from the land of the North, And gather them from the extremities of the earth; And with them shall be the blind and the lame, The woman with child, and she that is in travail with child together; A great company shall return thither.
9 Wɔde osu na ɛbɛba; wɔbɛbɔ mpae bere a mede wɔn resan aba no. Mede wɔn bɛfa nsuwa ho; ɔkwan tamaa a wɔrenhintiw wɔ so, efisɛ mɛyɛ Israel agya, na Efraim yɛ me babarima piesie.
They shall come with weeping, And amid supplications will I lead them; I will conduct them to streams of water, In a straight way, in which they shall not stumble. For I have become a father to Israel, And Ephraim is my first-born.
10 “Muntie Awurade asɛm, mo amanaman; mommɔ no dawuru wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so se, ‘Nea ɔbɔɔ Israel petee no bɛboaboa wɔn ano na wahwɛ ne nguankuw so sɛ oguanhwɛfo.’
Hear the word of Jehovah, O ye nations, And proclaim it in the distant coasts, and say: “He that scattered Israel will gather him, And will guard him, as a shepherd his flock.”
11 Na Awurade begyina mu ama Yakob na wagye wɔn afi wɔn a wɔwɔ ahoɔden sen wɔn no nsam.
For Jehovah hath redeemed Jacob, And ransomed him from the hand of him that was stronger than he.
12 Wɔbɛba na wɔde ahurusi ateɛ mu wɔ Sion sorɔnsorɔmmea; wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ akyɛde bebrebe a efi Awurade hɔ mu, atoko, nsa foforo ne ngo, nguantenmma ne anantwi. Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsu yiye, na wɔrenni awerɛhow bio.
And they shall come and sing upon the height of Zion; They shall exult in the bounty of Jehovah, The corn, and the new wine, and the oil, And the young of the flock, and of the herd; And they shall be as a well-watered garden, And they shall languish no more.
13 Afei mmabaa bɛsaw na wɔn ani agye, mmerante ne nkwakoraa nso ka ho. Mɛma wɔn awerɛhow adan anigye; mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛw de asi awerɛhow anan mu.
Then shall the virgin rejoice in the dance, And the young men and old men together, For I will change their mourning into joy; I will comfort them, and cheer them after their sorrow.
14 Mɛma asɔfo no nea ehia wɔn ama abu so, na mama mʼakyɛde bebrebe amee me nkurɔfo,” Awurade, na ose.
And I will satisfy the priests with fatness, And my people shall be satisfied with my bounty, saith Jehovah.
15 Sɛɛ na Awurade se: “Wɔte nne bi wɔ Rama, awerɛhow ne agyaadwotwa bebree, Rahel resu ne mma na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ, efisɛ ne mma nni hɔ bio.”
Thus saith Jehovah: A voice hath been heard in Ramah, Lamentation and bitter weeping; Rachel, weeping for her children, Refuseth to be comforted, because they are no more.
16 Sɛɛ na Awurade se: “Hyɛ wo ho so na woansu, mia wʼani na woante nusu, efisɛ wobetua wʼadwumayɛ so ka,” Awurade na ose. “Wɔbɛsan afi atamfo no asase so aba.
Thus saith Jehovah: Refrain thy voice from weeping, And thine eyes from tears, For thy labor shall be rewarded, saith Jehovah; They shall come again from the land of the enemy.
17 Enti anidaso wɔ hɔ ma wo daakye.” Awurade na ose. Wo mma bɛsan aba wɔn ankasa asase so.
There is hope for thy future days, saith Jehovah; Thy children shall come again to their border.
18 “Ampa ara mate sɛ Efraim resu se, ‘Woteɛteɛɛ me so sɛ nantwi ba a nʼani yɛ den, na manya ahohyɛso. Gye me bio, na mɛsan aba, efisɛ wo ne Awurade, me Nyankopɔn.
I have surely heard Ephraim bemoaning himself: “Thou hast chastised me, and I was chastised, Like a steer not broken. Turn thou me, and I shall be turned, For thou, O Jehovah, art my God!
19 Meman akyi no, minyaa adwensakra; na akyiri a minyaa ntease no, mebɔɔ me koko so. Mʼanim guu ase na mefɛree, efisɛ me mmabun mu animguase da so so me.’
Surely, after I returned, I repented, And after I was instructed, I smote upon my thigh; I was ashamed, yea, I was confounded, Because I bore the reproach of my youth.”
20 Efraim nyɛ me babarima dɔfo, ɔba a ɔsɔ mʼani ana? Ɛwɔ mu, metaa kasa tia no de, nanso meda so kae no. Enti me koma pere hwehwɛ no; mewɔ ayamhyehye ma no,” sɛɛ na Awurade se.
Is Ephraim my dear son? Is he a beloved child? For as often as I speak of him, I do earnestly remember him still. My heart beateth for him; I will have mercy upon him, saith Jehovah.
21 “Momfa agyiraehyɛde nsisi akwan ho; munsisi akwankyerɛ afadum. Monhyɛ ɔtempɔn no nsow, ɔkwan a monam so ba. San wʼakyi, Ɔbabun Israel, san bra wo nkurow so.
Set thee up waymarks; Raise thee pillars; Have regard to the highway, the way that thou goest! Return, O virgin of Israel, Return to these thy cities!
22 Wubekyinkyin akosi da bɛn, Ɔbabea Israel sesafo? Awurade bɛyɛ ade foforo wɔ asase so, ɔbea bɛbɔ ɔbarima ho ban.”
How long wilt thou wander about, O rebellious daughter? Behold, Jehovah createth a new thing in the earth: The woman shall protect the man.
23 Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: “Sɛ mesan de wɔn fi nnommum mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkurow so bɛsan aka saa nsɛm yi se, ‘Awurade nhyira wo, wo yiyeyɛ kuropɔn ne bepɔw kronkron.’
Thus saith Jehovah of hosts, the God of Israel: Again shall they say in the land of Judah, And in the cities thereof, when I bring back their captives, “May Jehovah bless thee, O habitation of justice, O holy mountain!”
24 Nnipa bɛbɔ mu atena ase wɔ Yuda ne ne nkurow nyinaa so, akuafo ne wɔn a wɔde wɔn nguankuw nenam.
And Judah shall dwell in it, and all his cities together, Husbandmen, and they that go forth with their flocks.
25 Mɛma nea wabrɛ no anya ahoɔden foforo, na nea watɔ piti no nso mɛma no amee.”
For I will refresh him that is thirsty, And I will satisfy him that languisheth.
26 Minyanee, na mehwɛɛ me ho hyiae. Medaa hatee.
Upon this I awoke, and beheld, And my sleep was sweet to me.
27 “Nna bi reba,” Awurade na ose, “A mede nnipa mma ne mmoa mma bedua Israel ne Yuda fi.
Behold, the days come, saith Jehovah, That I will sow the house of Israel and the house of Judah. With the seed of man, and with the seed of beast.
28 Sɛnea mehwɛ ma wotutui, wodwiriwii, wobubui, wɔsɛee na wɔde amanehunu bae no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛnea Awurade se ni.
And it shall be that as I have watched over them To pluck up, and to pull down, and to overthrow, And to destroy, and to afflict, So will I watch over them To build, and to plant, saith Jehovah.
29 Saa nna no mu, nnipa renka bio se, “‘Agyanom adi bobe nwennaa, na mma se afem.’
In those days they shall no more say, “The fathers have eaten sour grapes, And the children's teeth are set on edge.”
30 Mmom, obiara bewu wɔ ɔno ara bɔne ho; nea obedi bobe nwennaa no ɔno na ne se bɛfem.
But every one shall die for his own iniquity; Every man that eateth sour grapes, His teeth shall be set on edge.
31 “Bere no reba,” Awurade na ose, “a me ne Israelfi ne Yudafi bɛyɛ apam foforo.
Behold, the days come, saith Jehovah, That I will make with the house of Israel, And with the house of Judah, a new covenant;
32 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛe no bere a misoo wɔn nsa, dii wɔn anim fii Misraim, esiane sɛ wobuu mʼapam so, wɔ bere a na meyɛ okunu ma wɔn no,” Awurade na ose.
Not according to the covenant which I made with their fathers, In the day when I took them by the hand To bring them out of the land of Egypt; Which covenant of mine they broke, And I rejected them, saith Jehovah.
33 “Eyi ne apam a me ne Israelfi bɛyɛ saa bere no akyi,” Awurade na ose. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na makyerɛw wɔ wɔn koma so. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.
But this is the covenant which I will make with the house of Israel: After those days, saith Jehovah, I will put my law into their inward parts, And upon their hearts will I write it; And I will be their God, And they shall be my people.
34 Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio, anaa ne nua se, ‘Hu Awurade,’ Efisɛ, wɔn nyinaa behu me, efi wɔn mu akumaa so, kosi ɔkɛse so,” Sɛnea Awurade se ni. “Na mede wɔn amumɔyɛ bɛkyɛ wɔn, na merenkae wɔn bɔne bio.”
And they shall teach no more, Every man his neighbor, and every man his brother, Saying, “Know ye Jehovah!” For they shall all know me, From the least of them even to the greatest of them, saith Jehovah; For I will forgive their iniquity, And I will remember their sin no more.
35 Sɛɛ na Awurade se, nea ɔma owia hyerɛn adekyee, na ɔhyɛ ɔsram ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo; nea ɔkanyan ɛpo ma nʼasorɔkye bobɔ mu, Asafo Awurade ne ne din.
Thus saith Jehovah, Who made the sun for a light by day, And the ordinances of the moon and stars for a light by night, Who stirreth up the sea, so that the waves thereof roar, Jehovah of hosts is his name:
36 “Saa ahyɛde yi twa mu mʼani so a,” Awurade na ose, “ɛno ansa na Israel begyae ɔmanyɛ wɔ mʼanim.”
If these ordinances shall depart from before me, Then shall the race of Israel also cease from being a nation before me forever.
37 Sɛɛ na Awurade se: “Sɛ wobetumi asusuw wim ntrɛwmu na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mu a ɛno de, mɛpo Israel asefo nyinaa, esiane nea wɔayɛ nyinaa nti,” Awurade na ose.
Thus saith Jehovah: If the heavens above can be measured, Or the foundations of the earth beneath searched out, Then will I cast off all the race of Israel For all which they have done, saith Jehovah.
38 “Nna no reba,” Awurade na ose, “a wɔbɛkyekye kuropɔn yi bio ama me, fi Hananel abantenten kosi Twɔtwɔw so Pon.
Behold, the days come, saith Jehovah, That the city shall be built to Jehovah From the tower of Hananeel to the corner-gate.
39 Wɔbɛtwe susuhama no mu, afi hɔ de akosi Gareb koko so, na akɔntɔn akɔ Goa.
And the measuring line shall go forth over against it even to the hill Gareb, And extend itself to Goath.
40 Obon a wɔtow afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bon mu wɔ apuei fam, kosi apɔnkɔ pon no twɔtwɔw so bɛyɛ kronkron ama Awurade. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”
And the whole valley of the dead bodies and of the ashes, And all the fields to the brook Kidron, Even to the corner of the horsegate toward the East, Shall be holy to Jehovah. No more shall it be plucked up, Or thrown down, forever.

< Yeremia 31 >