< Yeremia 30 >

1 Asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ni:
This is the word that came to Jeremias from the Lord, saying:
2 “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, se: ‘Kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nhoma mu.
Thus saith the Lord, the God of Israel, saying: Write thee all the words that I have spoken to thee, in a book.
3 Nna bi reba,’ sɛnea Awurade se, ‘a mede me nkurɔfo Israelfo ne Yudafo befi nnommum mu asan aba na mede wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so no so,’ Awurade na ose.”
For behold the days come, saith the Lord, and I will bring again the captivity of my people Israel and Juda, saith the Lord: and I will cause them to return to the land which I gave to their fathers, and they shall possess it.
4 Eyi ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho:
And these are the words that the Lord hath spoken to Israel and to Juda:
5 “Nea Awurade se ni: “‘Akomatu nteɛteɛmu na mete, mete basabasayɛ, na ɛnyɛ asomdwoe.
For thus saith the Lord: We have heard a voice of terror: there is fear and no peace.
6 Mummisa na munhu: Ɔbarima betumi awo mma ana? Afei, adɛn nti na mihu ɔbarima hoɔdenfo biara sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu, na anim biara ayɛ bosaa saa?
Ask ye, and see if a man bear children? why then have I seen every man with his hands on his loins, like a woman in labour, and all faces are turned yellow?
7 Sɛnea da no bɛyɛ hu afa! Da biara renyɛ sɛ ɛno. Ɛbɛyɛ amanehunu bere ama Yakob, nanso wobeyi no afi mu.
Alas, for that day is great, neither is there the like to it; and it Is the time of tribulation to Jacob, but he shall be saved out of it.
8 “‘Saa da no,’ Asafo Awurade na ose, ‘Mebubu konnua no afi wɔn kɔn mu, na matetew wɔn nkyehama no mu; ananafo remfa wɔn nyɛ nkoa bio.
And it shall come to pass in that day, saith the Lord of hosts, that I will break his yoke from off thy neck, and will burst his bands: and strangers shall no more rule over him:
9 Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Nyankopɔn ne Dawid, wɔn hene, a mɛpagyaw no ama wɔn.
But they shall serve the Lord their God, and David their king, whom I will raise up to them.
10 “‘Enti nsuro, Yakob, me somfo; mma wʼaba mu mmu, Israel,’ nea Awurade se ni. ‘Nokware, megye wo afi akyirikyiri, ne wʼasefo afi wɔn nnommum asase so. Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ na obiara renhunahuna no bio.
Therefore fear thou not, my servant Jacob, saith the Lord, neither be dismayed, O Israel: for behold, I will save thee from a country afar off, and thy seed from the land of their captivity: and Jacob shall return, and be at rest, and abound with all good things, and there shall be none whom he may fear:
11 Me ne wo wɔ hɔ na megye wo nkwa,’ Awurade na ose. ‘Ɛwɔ mu, mesɛe amanaman no nyinaa pasaa, emu na mebɔ mo ahwete kɔ, nanso merensɛe mo korakora. Mɛteɛteɛ mo, nanso mɛyɛ no wɔ trenee kwan so; meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’
For I am with thee, saith the Lord, to save thee: for I will utterly consume all the nations, among which I have scattered thee: but I will not utterly consume thee: but I will chastise thee in judgment, that thou mayst not seem to thyself innocent.
12 “Sɛɛ na Awurade se: “‘Wʼapirakuru ayɛ akisikuru, na wontumi nsa.
For thus saith the Lord: Thy bruise is incurable, thy wound is very grievous.
13 Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo, wo kuru no rennya aduru, na worennya ayaresa.
There is none to judge thy judgment to bind it up: thou hast no healing medicines.
14 Wʼapamfo nyinaa werɛ afi wo; wo ho biribiara mfa wɔn ho. Mabɔ wo sɛnea wo tamfo bɛyɛ na matwe wʼaso sɛnea otirimɔdenfo bɛtwe, efisɛ wʼafɔdi so dodo na wʼamumɔyɛ nso dɔɔso.
All thy lovers have forgotten thee, and will not seek after thee: for I have wounded thee with the wound of an enemy, with a cruel chastisement: by reason of the multitude of thy iniquities, thy sins are hardened.
15 Adɛn nti na wusu dennen wɔ wʼapirakuru, wo yawdi a ano nni aduru no ho? Wʼafɔdi kɛse ne wʼamumɔyɛ bebrebe nti na mede saa nneɛma yi ayɛ wo.
Why criest thou for thy affliction? thy sorrow is incurable: for the multitude of thy iniquity, and for thy hardened sins I have done these things to thee.
16 “‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo; mo atamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu. Wɔn a wɔfow mo no wɔbɛfow wɔn wɔn a wɔtow hyɛɛ mo so no, mɛtow ahyɛ wɔn so.
Therefore all they that devour thee shall be devoured: and all thy enemies shall be carried into captivity: and they that waste thee shall be wasted, and all that prey upon thee will I give for a prey.
17 Nanso mɛma wo ahoɔden bio na masa wʼapirakuru,’ Awurade na ose, ‘efisɛ wɔfrɛ wo nea wɔapam no, Sion a wo ho nhia obiara.’”
For I will close up thy scar, and will heal thee of thy wounds, saith the Lord. Because they have called thee, O Sion, an outcast: This is she that hath none to seek after her.
18 Sɛɛ na Awurade se: “‘Mɛsan de Yakob ntamadan mu ahonyade aba na manya ayamhyehye ama nʼatenae ahorow no; wɔbɛkyekye kuropɔn no bio wɔ ne mmubui so, na ahemfi no besi nea ɛsɛ sɛ esi.
Thus saith the Lord: Behold I bring back the captivity of the pavilions of Jacob, and will have pity on his houses, and the city shall be built in her place, and the temple shall be found according to the order thereof.
19 Wɔn mu na aseda nnwom befi aba ne ahosɛpɛw nnyigyei. Mɛma wɔadɔɔso, na wɔn dodow no so rentew; mɛhyɛ wɔn anuonyam, na wɔremmu wɔn abomfiaa.
And out of them shall come forth praise, and the voice of them that play: and I will multiply them, and they shall not be made few: and I will glorify them, and they shall not be lessened.
20 Wɔn mma bedi yiye sɛ kan no, mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim; wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.
And their children shall be as from the beginning, and their assembly be permanent before me: and I will against all that afflict them.
21 Wɔn kannifo bɛyɛ wɔn ankasa nipa; na wɔn sodifo befi wɔn mu. Mɛka no abata me ho na wabɛn me, na hena na ɔde ne ho bɛma sɛ ɔbɛbɛn me?’” Awurade na ose.
And their leader shall be of themselves: and their prince shall come forth from the midst of them: and I will bring him near, and he shall come to me: for who is this that setteth his heart to approach to me, saith the Lord?
22 “‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ mo Nyankopɔn.’”
And you shall be my people: and I will be your God.
23 Hwɛ, Awurade ahum betu abufuwhyew mu, mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ amumɔyɛfo mpampam.
Behold the whirlwind of the Lord, his fury going forth, a violent storm, it shall rest upon the head of the wicked.
24 Awurade abufuw rennwo kosi sɛ obewie ne koma mu nhyehyɛe nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte eyi ase.
The Lord will not turn away the wrath of his indignation, till he have executed and performed the thought o his heart: in the latter days you shall understand these things.

< Yeremia 30 >