< Yeremia 3 >

1 “Sɛ ɔbarima gyaa ne yere na ɔbea no kɔware ɔbarima foforo a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no san kɔ ɔbea no nkyɛn ana? Ɛremma asase no ho ngu fi koraa ana? Nanso wo ne adɔfo bebree abɔ aguaman, na mprempren de wobɛsan aba me nkyɛn ana?” Awurade na ose.
L'Éternel a dit: Si quelqu'un renvoie sa femme, et qu'elle le quitte et se joigne à un autre homme, retournera-t-il encore vers elle? Le pays même n'en serait-il pas vraiment souillé? Or toi, qui t'es prostituée à plusieurs amants, reviens à moi, dit l'Éternel.
2 “Ma wʼani so hwɛ nkoko no so. Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo mmonnaa da ana? Wotenaa kwankyɛn twɛn adɔfo, wotenaa sɛ mmoahwɛfo a wodi atutena wɔ nweatam so. Woagu asase no ho fi, wode wʼaguamammɔ ne wʼamumɔyɛ na ayɛ.
Lève les yeux vers les hauteurs, et regarde: où ne t'es-tu pas prostituée! Tu te tenais sur les chemins comme un Arabe au désert, et tu as souillé le pays par tes prostitutions et par ta malice.
3 Enti wɔatwe obosu asan, na asusowbere su antɔ. Nanso wʼanim ayɛ sɛ oguamanfo a ɔmfɛre hwee; wʼani nwu hwee.
Aussi les pluies ont-elles été retenues, et il n'y a pas eu de pluie de l'arrière-saison. Et tu as eu le front d'une femme débauchée; tu n'as pas voulu avoir honte.
4 Nnansa yi ara, woamfrɛ me se: ‘Mʼagya, me mmabunmmere mu adamfo,
Maintenant tu crieras vers moi: Mon père! tu es l'ami de ma jeunesse!
5 wo bo befuw biribiara ana? Wʼabufuwhyew no bɛkɔ so daa ana?’ Sɛɛ na wokasa, nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛnea wutumi.”
Gardera-t-il à toujours sa colère? la conservera-t-il à jamais? Voilà comment tu parles; et tu fais le mal, et tu l'accomplis!
6 Ɔhene Yosia adedi bere so no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Woahu nea Israel a onni nokware no ayɛ? Wakɔ nkoko nyinaa so ne dua a adennan biara ase akɔsɛe aware wɔ hɔ.
L'Éternel me dit dans les jours du roi Josias: As-tu vu ce qu'a fait Israël, la rebelle? Elle est allée sur toute haute montagne, et sous tout arbre vert, et elle s'est prostituée?
7 Misusuwii sɛ anka wayɛ eyinom nyinaa akyi no, ɔbɛsan aba me nkyɛn nanso wamma, na ne nuabea Yuda a ɔno nso nka nokware no hui.
Et je disais: après avoir fait toutes ces choses, elle reviendra à moi. Mais elle n'est pas revenue. Et sa sœur, Juda, la perfide, l'a vu.
8 Memaa Israel a onni nokware no awaregyae nhoma na mepam no esiane nʼawaresɛe abrabɔ nti. Nanso mihuu sɛ ne nuabea Yuda a onni nokware no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ aguaman bra.
Et j'ai vu que, quoique j'eusse répudié Israël, la rebelle, à cause de tous ses adultères, et que je lui eusse donné sa lettre de divorce, cependant sa sœur, Juda, la perfide, n'en a point eu de crainte; mais elle s'en est allée et s'est aussi prostituée.
9 Esiane sɛ Israel aguamammɔ anyɛ no asɛnhia nti, ɔde fi kaa asase no na ɔne abo ne nnua bɔɔ aguaman.
Par le bruit de sa prostitution, elle a souillé le pays; elle a commis adultère avec la pierre et le bois.
10 Eyinom nyinaa akyi no, ne nuabea Yuda amfi ne koma nyinaa mu ansan amma me nkyɛn, ɔyɛ de kyerɛɛ kɛkɛ,” sɛnea Awurade se ni.
Et, malgré tout cela, sa sœur Juda, la perfide, n'est pas revenue à moi de tout son cœur, mais elle l'a fait avec mensonge, dit l'Éternel.
11 Awurade ka kyerɛɛ me se, “Israel a onni nokware no teɛ sen Yuda okontomponi no.
L'Éternel donc m'a dit: Israël, la rebelle, s'est montrée plus juste que Juda, la perfide.
12 Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn: “‘San wʼakyi, Israel a onni nokware,’ Sɛɛ na Awurade se, ‘Meremmuna nkyerɛ wo bio, efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo,’ sɛɛ na Awurade se, ‘Me bo remfuw afebɔɔ.
Va, et crie ces paroles vers le Nord, et dis: Reviens, Israël, la rebelle! dit l'Éternel. Je ne prendrai point pour vous un visage sévère; car je suis miséricordieux, dit l'Éternel; je ne garde pas ma colère à toujours.
13 Gye wo afɔdi to mu, woatew Awurade, wo Nyankopɔn anim atua, woakyekyɛ wʼadɔe mu ama ananafo anyame wɔ dua biara a adennan ase, na woanyɛ osetie amma me,’” sɛnea Awurade se ni.
Mais reconnais ton iniquité: que tu t'es révoltée contre l'Éternel ton Dieu, que tu as tourné çà et là tes pas vers les étrangers, sous tout arbre vert, et que tu n'as point écouté ma voix, dit l'Éternel.
14 “Monsan mo akyi, mo akyirisanfo,” sɛnea Awurade se ni, “efisɛ meyɛ mo kunu. Meyi wo; ɔbaako befi kurow mu na baanu afi abusuakuw mu, na mede mo aba Sion.
Convertissez-vous, enfants rebelles, dit l'Éternel; car je suis votre maître, et je vous prendrai, un d'une ville et deux d'une famille, et je vous ramènerai dans Sion;
15 Afei mɛma mo nguanhwɛfo a wɔda me koma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne ntease bɛkyerɛ mo ɔkwan.
Et je vous donnerai des bergers selon mon cœur, qui vous paîtront avec science et intelligence.
16 Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ose, “nnipa renka bio se, ‘Awurade apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenkae da; wɔn kɔn rennɔ na wɔrenyɛ foforo nso.
Et quand vous aurez multiplié et fructifié sur la terre, en ces jours-là, dit l'Éternel, on ne dira plus: L'arche de l'alliance de l'Éternel! Elle ne reviendra plus à la pensée; on n'en fera plus mention; on ne s'en informera plus, et elle ne sera plus refaite.
17 Saa bere no wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahengua, na amanaman nyinaa behyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn koma bɔne a ɛma wɔyɛ asoɔden no akyi bio.
En ce temps-là, on appellera Jérusalem le trône de l'Éternel, et toutes les nations s'assembleront à Jérusalem, au nom de l'Éternel, et elles ne suivront plus la dureté de leur mauvais cœur.
18 Saa nna no mu, Yuda fi bɛka Israelfi ho, na wɔabɔ mu afi atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapade no so.
En ces jours-là, la maison de Juda marchera avec la maison d'Israël, et elles viendront ensemble, du pays du Nord, au pays que j'ai donné en héritage à vos pères.
19 “Mʼankasa mekae se, ‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma na mama mo asase a eye, agyapade a edi mu ma ɔman biara.’ Misusuwii sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’ na monnan mo ho mfi mʼakyi.
Et moi, j'ai dit: Comment t'admettrai-je au nombre de mes fils, et te donnerai-je la terre désirable, le plus excellent héritage des nations? Et j'ai dit: Tu me crieras: Mon père! et tu ne te détourneras plus de moi.
20 Nanso te sɛ ɔbea a onni ne kunu nokware no, saa ara na moanni me nokware, Israelfi,” sɛnea Awurade se ni.
Mais, comme une femme est infidèle à son compagnon, ainsi vous m'avez été infidèles, maison d'Israël, dit l'Éternel.
21 Wɔte osu bi wɔ nkoko no so, ɛyɛ Israelfo agyaadwotwa ne nkotosrɛ, efisɛ wɔakyeakyea wɔn akwan na wɔn werɛ afi Awurade, wɔn Nyankopɔn.
Une voix se fait entendre sur les lieux élevés: ce sont les pleurs, les supplications des enfants d'Israël; car ils ont perverti leur voie, ils ont oublié l'Éternel leur Dieu.
22 “Monsan mmra, ɔyera mma; mɛsa mo akyirisan yare no.” “Yiw, yɛbɛba wo nkyɛn, efisɛ wo ne Awurade, yɛn Nyankopɔn no.
Convertissez-vous, enfants rebelles! Je guérirai vos infidélités. Dites: Nous venons à toi! car tu es l'Éternel notre Dieu.
23 Ampa, ahoni huuyɛ wɔ nkoko ne mmepɔw so no yɛ nnaadaa; nokware Awurade yɛn Nyankopɔn mu na Israel nkwagye wɔ.
Certainement on s'attend en vain aux collines et à la multitude des montagnes; certainement c'est en l'Éternel notre Dieu qu'est la délivrance d'Israël.
24 Efi yɛn mmofraase, anyame huhuw adi yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba, wɔn nguankuw ne anantwi, wɔn mmabarima ne wɔn mmabea.
Et la honte a dévoré le travail de nos pères, dès notre jeunesse, leurs brebis et leurs bœufs, leurs fils et leurs filles.
25 Momma yɛmfa yɛn aniwu nneda fam na yɛn ahohora nkata yɛn so. Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Nyankopɔn, yɛn ne yɛn agyanom; efi yɛn mmofraase besi nnɛ yɛanyɛ osetie amma Awurade, yɛn Nyankopɔn no.”
Couchons-nous dans notre honte, et que notre ignominie nous couvre! Car nous avons péché contre l'Éternel notre Dieu, nous et nos pères, dès notre jeunesse et jusqu'à ce jour; et nous n'avons point obéi à la voix de l'Éternel notre Dieu.

< Yeremia 3 >