< Yeremia 28 >

1 Ɔsram a ɛto so anum wɔ afe koro a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedi mfiase, afe a ɛto so anan no mu, odiyifo Hanania a ɔyɛ Asur a ofi Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade fi bere a na asɔfo ne nnipa no nyinaa ahyia no se,
And it came to pass in the same year, in the beginning of the reign of Zedekiah, king of Judah, in the fourth year, in the fifth month, that Hananiah, the son of Azur the prophet, who was of Gibeon, spoke to me in the presence of the priests and of all the people, saying,
2 “Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Mebubu Babiloniahene konnua no.
Thus saith Jehovah of hosts, the God of Israel: “I will break the yoke of the king of Babylon.
3 Mfe abien mu no, mede Awurade fi mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa fii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsan aba.
Within two full years will I bring again to this place all the vessels of the house of Jehovah, which Nebuchadnezzar the king of Babylon took from this place, and carried to Babylon.
4 Na mɛsan de Yehoiakyin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommum a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba’ sɛɛ na Awurade se, ‘na mebubu Babiloniahene konnua no.’”
And Jeconiah, the son of Jehoiakim, king of Judah, and all the captives of Judah that went to Babylon, will I bring again to this place, saith Jehovah; for I will break the yoke of the king of Babylon.”
5 Na odiyifo Yeremia buaa odiyifo Hanania wɔ asɔfo ne nnipa a na wogyinagyina Awurade fi no nyinaa anim.
Then Jeremiah the prophet spake to Hananiah the prophet, in the presence of the priests, and in the presence of all the people that stood in the house of Jehovah.
6 Ɔkae se, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade fi nneɛma no nyinaa ne nnommum no befi Babilonia asan aba ha yi no mmra mu.
And Jeremiah the prophet said, Amen! So may Jehovah do! May Jehovah fulfill thy words which thou hast prophesied, and bring back the vessels of the house of Jehovah, and all the captives from Babylon to this place!
7 Nanso tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso te:
Nevertheless, hear now this word, which I speak in thine ears, and in the ears of all the people.
8 Efi tete no, adiyifo a wodii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahenni akɛse.
The prophets who have been before me and before thee from ancient times have also prophesied against many nations, and against great kingdoms, of war, of calamity, and of pestilence.
9 Nanso odiyifo a ɔhyɛ asomdwoe ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wobegye no ato mu sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.”
The prophet who prophesieth of peace, when the word of the prophet shall come to pass, then shall he be known as a prophet whom Jehovah hath truly sent.
10 Na odiyifo Hanania yii konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu, bubuu mu,
Then Hananiah the prophet took the yoke from the prophet Jeremiah's neck, and broke it.
11 na ɔkaa wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Sɛɛ na Awurade se: ‘Saa ara na mebubu Babiloniahene Nebukadnessar konnua no afi amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfe abien mu.’” Odiyifo Yeremia tee eyi no ofii hɔ kɔe.
And Hananiah spake in the presence of all the people, saying, Thus saith Jehovah: In this manner will I break the yoke of Nebuchadnezzar, the king of Babylon, from the neck of all the nations, within the space of two full years. And the prophet Jeremiah went his way.
12 Odiyifo Hanania bubuu konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se:
Then came the word of Jehovah to Jeremiah, after that Hananiah the prophet had broken the yoke from the neck of the prophet Jeremiah, saying:
13 “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Woabubu dua konnua mu, nanso mede dade konnua besi anan mu.
Go and tell Hananiah, saying: Thou hast broken a yoke of wood, but thou shalt make instead of it a yoke of iron.
14 Na sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Mede dade konnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wuram mmoa so.’”
For thus saith Jehovah of hosts, the God of Israel: A yoke of iron do I put upon the neck of all these nations, that they may serve Nebuchadnezzar, king of Babylon; and they shall serve him. The beasts of the field also do I give to him.
15 Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania se, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atoro ato mu.
Jeremiah the prophet said also to Hananiah the prophet: Hear now, Hananiah! Jehovah hath not sent thee; but thou makest this people to trust in a lie.
16 Ɛno nti, sɛ Awurade se ni: ‘Merebeyi wo afi asase so. Afe yi mu ara wubewu, efisɛ woaka atuatew nsɛm atia Awurade.’”
Therefore thus saith Jehovah: Behold, I will cast thee off from the face of the earth. This year thou shalt die; for thou hast spoken rebellion against Jehovah.
17 Ɔsram a ɛto so ason wɔ afe no ara mu no, odiyifo Hanania wui.
And Hananiah the prophet died in the same year, in the seventh month.

< Yeremia 28 >