< Yeremia 25 >

1 Asɛm a ɛfa Yudafo nyinaa ho baa Yeremia nkyɛn wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan a ɛyɛ Babiloniahene Nebukadnessar adedi afe a edi kan no mu.
ユダの王ヨシヤの子ヱホヤキムの四年バビロンの王ネブカデネザルの元年にユダのすべての民にかかはる言ヱレミヤにのぞめり
2 Enti odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa se,
預言者ヱレミヤこの言をユダのすべての民とヱルサレムにすめるすべての者に告ていひけるは
3 Mfe aduonu abiɛsa ni, efi Yudahene Amon babarima Yosia adedi afe a ɛto so dumiɛnsa besi nnɛ, Awurade asɛm aba me so na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso muntiei ɛ.
ユダの王アモンの子ヨシヤの十三年より今日にいたるまで二十三年のあひだヱホバの言我にのぞめり我これを汝等に告げ頻にこれを語りしかども汝らきかざりし
4 Mpo Awurade asoma nʼasomfo a wɔyɛ nʼadiyifo aba mo nkyɛn mpɛn bebree, na muntiee wɔn, na monyɛɛ aso mmaa wɔn ɛ.
ヱホバその僕なる預言者を汝らに遣し頻に遣したまひけれども汝らはきかず又きかんとて耳を傾けざりき
5 Wɔkae se, “Mo mu biara mfi nʼakwan bɔne ne ne nneyɛe bɔne ho, na mubetumi atena asase a Awurade de maa mo ne mo agyanom no so afebɔɔ.
彼らいへり汝等おのおのいま其惡き途とその惡き行を棄よ然ばヱホバが汝らと汝らの先祖に與へたまひし地に永遠より永遠にいたるまで住ことをえん
6 Munni anyame foforo akyi nkɔsom wɔn, nsɔre wɔn; mommfa nea mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuw. Afei merenhaw mo.”
汝ら他の神に從ひこれに事へこれを拜み汝らの手にて作りし物をもて我を怒らする勿れ然ば我汝らを害はじ
7 “Nanso moantie me,” Awurade na ose, “na mode nea mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuw, na mode ɔhaw aba mo so.”
然ど汝らは我にきかず汝等の手にて作りし物をもて我を怒らせて自ら害へりとヱホバいひたまふ
8 Afei nea Asafo Awurade se ni: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no nti,
この故に萬軍のヱホバかく云たまふ汝ら我言を聽ざれば
9 mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ose, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sofo, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiriwde ne fɛwdi, ne amamfo afebɔɔ.
視よ我北の諸の族と我僕なるバビロンの王ネブカデネザルを招きよせ此地とその民と其四圍の諸國を攻滅さしめて之を詫異物となし人の嗤笑となし永遠の荒地となさんとヱホバいひたまふ
10 Meyi ahosan ne anigye nnyigyei, ayeforokunu ne ayeforo nne, awiyammo nnyigyei ne kanea hann afi wɔn mu.
またわれ欣喜の聲 歡樂の聲 新夫の聲 新婦の聲 磐磨の音および燈の光を彼らの中にたえしめん
11 Ɔman mu no nyinaa bɛdan asase wosee, na saa amanaman yi bɛsom Babiloniahene mfirihyia aduɔson.
この地はみな空曠となり詫異物とならん又その諸國は七十年の間バビロンの王につかふべし
12 “Na mfirihyia aduɔson awiei no, mɛtwe Babiloniahene ne ne man, Babiloniafo asase aso wɔ wɔn amumɔyɛ ho, mɛdan no amamfo afebɔɔ,” sɛnea Awurade se ni.
ヱホバいひたまふ七十年のをはりし後我バビロンの王と其民とカルデヤの地をその罪のために罰し永遠の空曠となさん
13 “Mɛma asotwe a mahyɛ atia asase no nyinaa aba wɔn so, nea wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu na Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia aman no nyinaa no.
我かの地につきて我かたりし諸の言をその上に臨しめん是ヱレミヤが萬國の事につきて預言したる者にて皆この書に錄さるるなり
14 Wɔn ankasa de, amanaman bebree ne ahempɔn de wɔn bɛyɛ nkoa; na metua wɔn nneyɛe ne wɔn nsa ano adwuma so ka.”
多の國々と大なる王等は彼らをして己につかへしめん我かれらの行爲とその手の所作に循ひてこれに報いん
15 Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuwhyew nsa ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom.
イスラエルの神ヱホバかく我に云たまへり我手より此怒の杯をうけて我汝を遣はすところの國々の民に飮しめよ
16 Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam esiane afoa a mɛsoma akɔ wɔn so no nti.”
彼らは飮てよろめき狂はんこは我かれらの中に劍をつかはすによりてなり
17 Ɛno nti, migyee kuruwa no fii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomee:
是に於てわれヱホバの手より杯をうけヱホバのわれを遣したまふところの國々の民に飮しめたり
18 Yerusalem ne Yuda nkurow, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfo sɛ wɔnyɛ ɔsɛe, aninyanne, animɔharefo ne nnome, sɛnea wɔte nnɛ da yi.
即ちヱルサレムとユダの諸の邑とその王等およびその牧伯等に飮せてこれをほろぼし詫異物となし人の嗤笑となし詛るる者となせり今日のごとし
19 Misraimhene Farao, nʼasomfo, nʼadwumayɛfo ne ne manfo nyinaa,
またエジプトの王パロと其臣僕その牧伯等その諸の民と
20 ananafo a wɔwɔ hɔ nyinaa; Us ahemfo; Filistifo ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagyaw wɔn wɔ Asdod);
諸の雜種の民およびウズの諸の王等およびペリシテ人の地の諸の王等アシケロン、ガザ、エクロン、アシドドの遺餘の者
21 Edom, Moab ne Amon;
エドム、モアブ、アンモンの子孫
22 Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa; ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ po agya no;
ツロのすべての王等シドンのすべての王等海のかなたの島々の王等
23 Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no;
デダン、テマ、ブズおよびすべて鬚をそる者
24 Arabia ahemfo ne ananafo ahemfo nyinaa a wɔtete nweatam so no.
アラビヤのすべての王等曠野の雜種の民の諸の王等
25 Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa;
ジムリの諸の王等エラムの諸の王等メデアのすべての王等
26 ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahenni ahorow. Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.
北のすべての王等その彼と此とにおいて或は遠者或は近きもの凡地の面にある世の國々の王等はこの杯を飮んセシヤク王はこれらの後に飮べし
27 “Afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: Monnom, mommobow na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, esiane afoa a mɛsoma aba mo so no nti.’
故に汝かれらに語ていへ萬軍のヱホバ、イスラエルの神かくいひたまふ我汝等の中に劍を遣すによりて汝らは飮みまた醉ひまた吐き又仆て再び起ざれと
28 Na sɛ wɔampɛ sɛ wogye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Ɛsɛ sɛ monom!
彼等もし汝の手より此杯を受て飮ずば汝彼らにいへ萬軍のヱホバかくいひたまふ汝ら必ず飮べし
29 Monhwɛ, merebefi ase de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso ana? Wɔbɛtwe mo aso, efisɛ merefrɛ afoa aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ose.’
視よわれ我名をもて稱へらるるこの邑にすら災を降すなり汝らいかで罰を免るることをえんや汝らは罰を免れじ蓋われ劍をよびて地に住るすべての者を攻べければなりと萬軍のヱホバいひたまふ
30 “Afei hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn se, “‘Awurade befi ɔsoro abobɔ mu; ɔbɛma ne nne so afi ne tenabea kronkron hɔ, na wabobɔ mu dennen atia nʼasase. Ɔbɛteɛ mu te sɛ wɔn a wotiatia bobe aba so, ɔbɛteɛ mu agu wɔn a wɔtete asase no so no so.
汝彼等にこの諸の言を預言していふべしヱホバ高き所より呼號り其聖宮より聲を出し己の住家に向てよばはり地に住る諸の者にむかひて葡萄を踐む者のごとく咷たまはん
31 Huuyɛ begyigye akɔ nsase ano, na Awurade bɛbɔ kwaadu, atia amanaman; obebu adesamma nyinaa atɛn na ɔde amumɔyɛfo ama afoa,’” Awurade na ose.
號咷地の極まで聞ゆ蓋ヱホバ列國と爭ひ萬民を審き惡人を劍に付せば也とヱホバ曰たまへり
32 Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛw fi ɔman so kɔ ɔman foforo so; ahum kɛse bi rema ne ho so afi nsase ano.”
萬軍のヱホバかく曰たまふ視よ災いでて國より國にいたらん大なる暴風地の極よりおこるべし
33 Saa bere no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, fi asase ano kosi ano nohɔ. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam.
其日ヱホバの戮したまふ者は地の此極より地の彼の極に及ばん彼等は哀まれず殮められず葬られずして地の面に糞土とならん
34 Munsu na muntwa adwo, mo nguanhwɛfo; mommunummunum wɔ mfutuma mu, mo nguankuw ntuanofo. Mo kum bere no adu; mobɛhwehwe ase sɛ adwennini a wɔadodɔ.
牧者よ哭き叫べ群の長等よ汝ら灰の中に轉ぶべし蓋汝らの屠らるる日滿れば也我汝らを散すべければ汝らは貴き器のごとく堕べし
35 Nguanhwɛfo no rennya baabiara nguan nkɔ, na nguankuw no ntuanofo no rennya kwan nguan.
牧者は避場なく群の長等は逃る處なし
36 Muntie nguanhwɛfo no su, ne nguankuw no ntuanofo agyaadwotwa, efisɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.
牧者の呼號の聲と群の長等の哀哭きこゆ蓋ヱホバ其牧場を滅したまへば也
37 Sare nsase a asomdwoe wɔ so no bɛda mpan esiane Awurade abufuwhyew no nti.
ヱホバの烈き怒によりて平安なる牧場は滅さる
38 Obefi ne tu mu sɛ gyata, na wɔn asase bɛda mpan esiane nnomumfafo no afoa ne Awurade abufuwhyew no nti.
彼は獅子の如く其巢を出たり滅す者の怒と其烈き忿によりて彼らの地は荒されたり

< Yeremia 25 >