< Yeremia 24 >

1 Babiloniahene Nebukadnessar faa Yudahene Yehoiakyin a ɔyɛ Yehoiakim babarima, nʼadwumayɛfo, nʼadwumfo ne nʼatomfo a wɔwɔ Yuda fii Yerusalem kɔɔ nnommum mu wɔ Babilonia no akyi no, Awurade kyerɛɛ me borɔdɔma nkɛntɛn abien a wɔde asisi Awurade asɔredan no anim.
Jehovah showed me, and look, two baskets of figs set before Jehovah's temple, after that Nebuchadnezzar king of Babylon had carried away captive Jeconiah the son of Jehoiakim, king of Judah, and the officials of Judah, with the craftsmen and smiths, from Jerusalem, and had brought them to Babylon.
2 Kɛntɛn baako mu borɔdɔma no yɛ papa te sɛ nea ɛbere ntɛm; borɔdɔma a ɛwɔ kɛntɛn a ɛka ho no mu no nye sɛ wodi mpo.
One basket had very good figs, like the figs that are first-ripe; and the other basket had very bad figs, which could not be eaten, they were so bad.
3 Na Awurade bisaa me se, “Dɛn na wuhu, Yeremia?” Mibuae se, “Borɔdɔma, nea eye pa ara, ne nea enye mma sɛ wodi mpo.”
Then Jehovah said to me, "What do you see, Jeremiah?" I said, "Figs; the good figs, very good; and the bad, very bad, that can't be eaten, they are so bad."
4 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
The word of Jehovah came to me, saying,
5 “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Borɔdɔma papa no gyina hɔ ma atukɔfo a wofi Yuda, wɔn a mitwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia asase so no.
"Thus says Jehovah, the God of Israel: 'Like these good figs, so will I regard the captives of Judah, whom I have sent out of this place into the land of the Chaldeans, for good.
6 Mɛma mʼani aku wɔn ho, ama wɔn yiyedi, na mɛsan de wɔn aba ha bio. Mesiesie wɔn na merensɛe wɔn. Medua wɔn, na merentu wɔn ase.
For I will set my eyes on them for good, and I will bring them again to this land: and I will build them, and not pull them down; and I will plant them, and not pluck them up.
7 Mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ, me ne Awurade. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.
I will give them a heart to know me, that I am Jehovah: and they shall be my people, and I will be their God; for they shall return to me with their whole heart.'
8 “‘Nanso te sɛ borɔdɔma a enye no, nea enye sɛnea wodi mpo no,’ nea Awurade se ni, ‘saa ara na mɛyɛ Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfo ne Yerusalem nkae no, sɛ wɔte asase yi so anaa wɔte Misraim.
As the bad figs, which can't be eaten, they are so bad, surely thus says Jehovah, 'So will I give up Zedekiah the king of Judah, and his officials, and the remnant of Jerusalem, who remain in this land, and those who dwell in the land of Egypt,
9 Mɛma wɔn ayɛ akyide ne mfomsode ama ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa, wɔbɛyɛ ahohora na wɔabɔ wɔn din bɔne, wɔbɛyɛ akyiwade ne mmusu baabiara a mɛpam wɔn akɔ.
I will make them a horror, an evil thing, to all the kingdoms of the earth, as a reproach and a proverb, a taunt and a curse, in all places where I shall drive them.
10 Mɛsoma afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm akɔ wɔn so kosi sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa afi asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom no so.’”
I will send the sword, the famine, and the pestilence, among them, until they be consumed from off the land that I gave to them and to their fathers.'"

< Yeremia 24 >