< Yeremia 23 >

1 “Nnome nka nguanhwɛfo a wɔsɛe na wɔhwete me nguankuw no!” Awurade na ose.
耶和華說:「那些殘害、趕散我草場之羊的牧人有禍了!」
2 Ɛno nti sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfo a wɔhwɛ me nkurɔfo so ni: “Esiane sɛ moabɔ me nguankuw ahwete, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yiye no nti, mede asotwe bɛbrɛ mo, mo bɔne a moayɛ no nti,” nea Awurade se ni.
耶和華-以色列的上帝斥責那些牧養他百姓的牧人,如此說:「你們趕散我的羊群,並沒有看顧他們;我必討你們這行惡的罪。這是耶和華說的。
3 “Mʼankasa mɛboaboa me nguan nkae no afi aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsan aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛw.
我要將我羊群中所餘剩的,從我趕他們到的各國內招聚出來,領他們歸回本圈;他們也必生養眾多。
4 Na meyi nguanhwɛfo a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” Awurade na ose.
我必設立照管他們的牧人,牧養他們。他們不再懼怕,不再驚惶,也不缺少一個;這是耶和華說的。」
5 “Nna bi reba,” Awurade na ose, “sɛ mɛma trenee dubaa bi so ama Dawid ɔhene bi a obedi ade nyansa mu na wayɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ asase yi so.
耶和華說:「日子將到,我要給大衛興起一個公義的苗裔;他必掌王權,行事有智慧,在地上施行公平和公義。
6 Ne mmere so, wobegye Yuda nkwa na Israel bɛtena ase wɔ asomdwoe mu. Eyi ne din a wɔde bɛfrɛ no: Awurade Yɛn Trenee.
在他的日子,猶大必得救,以色列也安然居住。他的名必稱為『耶和華-我們的義』。」
7 Na afei nna bi reba,” Awurade na ose, “a nnipa renka bio se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israelfo fii Misraim,’
耶和華說:「日子將到,人必不再指着那領以色列人從埃及地上來永生的耶和華起誓,
8 na mmom, wɔbɛka se, ‘Nokware sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israel asefo fii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpam wɔn kɔɔ hɔ no so no.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”
卻要指着那領以色列家的後裔從北方和趕他們到的各國中上來、永生的耶和華起誓。他們必住在本地。」
9 Nea ɛfa adiyifo no ho no: Me koma abubu wɔ me mu; me nnompe nyinaa wosow. Mete sɛ ɔsabowfo, mete sɛ obi a nsa abow no, esiane Awurade ne ne nsɛm kronkron no nti.
論到那些先知, 我心在我裏面憂傷, 我骨頭都發顫; 因耶和華和他的聖言, 我像醉酒的人, 像被酒所勝的人。
10 Aguamammɔfo ahyɛ asase no so ma; nnome no nti asase no awo wosee, adidibea a ɛwɔ nweatam no so ahyew. Adiyifo no nam ɔkwan bɔne so de wɔn tumi yɛ nea ɛnteɛ.
地滿了行淫的人! 因妄自賭咒,地就悲哀; 曠野的草場都枯乾了。 他們所行的道乃是惡的; 他們的勇力使得不正。
11 “Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa nsuro Nyankopɔn; mʼasɔredan mu mpo mihu wɔn amumɔyɛsɛm,” Awurade na ose.
連先知帶祭司都是褻瀆的, 就是在我殿中我也看見他們的惡。 這是耶和華說的。
12 “Ɛno nti, wɔn kwan so bɛyɛ torotorootoro; wɔbɛpam wɔn akɔ sum mu na hɔ na wɔbɛhwehwe ase. Mede amanehunu bɛba wɔn so wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,” Awurade na ose.
因此,他們的道路必像黑暗中的滑地, 他們必被追趕,在這路中仆倒; 因為當追討之年, 我必使災禍臨到他們。 這是耶和華說的。
13 “Samaria adiyifo mu no mihuu saa atantanne yi: Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm nam so maa me nkurɔfo Israelfo fom kwan.
我在撒馬利亞的先知中曾見愚妄; 他們藉巴力說預言, 使我的百姓以色列走錯了路。
14 Na Yerusalem adiyifo mu no mahu ade a ɛyɛ hu: Wɔsɛe aware na wodi atoro. Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden, enti obiara ntwe ne ho mfi nʼamumɔyɛsɛm ho. Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me; na Yerusalemfo te sɛ Gomora.”
我在耶路撒冷的先知中曾見可憎惡的事; 他們行姦淫,做事虛妄, 又堅固惡人的手, 甚至無人回頭離開他的惡。 他們在我面前都像所多瑪; 耶路撒冷的居民都像蛾摩拉。
15 Ɛno nti sɛɛ na Asafo Awurade, se fa adiyifo no ho: “Mɛma wɔadi aduan a ɛyɛ nwen na wɔanom nsu a awuduru wɔ mu, efisɛ Yerusalem adiyifo nti, bɔneyɛ ahyɛ asase yi so ma.”
所以萬軍之耶和華論到先知如此說: 我必將茵蔯給他們吃, 又將苦膽水給他們喝; 因為褻瀆的事出於耶路撒冷的先知,流行遍地。
16 Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Munntie nkɔm a adiyifo no hyɛ kyerɛ mo; wɔma mo nya anidaso a enni nnyinaso. Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehu, a emfi Awurade anom.
萬軍之耶和華如此說:「這些先知向你們說預言,你們不要聽他們的話。他們以虛空教訓你們,所說的異象是出於自己的心,不是出於耶和華的口。
17 Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wobu me animtiaa no se, ‘Awurade se: Mubenya asomdwoe.’ Na wɔn a wodi wɔn komaden akyi no nyinaa, wɔka kyerɛ wɔn se, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’
他們常對藐視我的人說:『耶和華說:你們必享平安』;又對一切按自己頑梗之心而行的人說:『必沒有災禍臨到你們。』」
18 Na wɔn mu hena na wasɔre wɔ Awurade agyinatufo mu sɛ ɔbɛhwɛ anaa obetie nʼasɛm? Hena na wayɛ aso ate nʼasɛm?
有誰站在耶和華的會中 得以聽見並會悟他的話呢? 有誰留心聽他的話呢?
19 Hwɛ, Awurade ahum betu abufuwhyew mu, mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ amumɔyɛfo mpampam.
看哪!耶和華的忿怒 好像暴風,已經發出; 是暴烈的旋風, 必轉到惡人的頭上。
20 Awurade abufuw rensan kosi sɛ obewie ne koma mu nhyehyɛe nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte ase yiye.
耶和華的怒氣必不轉消, 直到他心中所擬定的成就了。 末後的日子你們要全然明白。
21 Mansoma saa adiyifo yi, nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyin; mamma wɔn nkra biara, nanso wɔahyɛ nkɔm.
我沒有打發那些先知, 他們竟自奔跑; 我沒有對他們說話, 他們竟自預言。
22 Sɛ wɔkaa mʼagyinatufo ho a, anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfo na ama wɔatwe wɔn ho afi wɔn akwammɔne ne wɔn nneyɛe bɔne ho.
他們若是站在我的會中, 就必使我的百姓聽我的話, 又使他們回頭離開惡道和他們所行的惡。
23 “Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,” Awurade na ose, “na menyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso?
耶和華說:「我豈為近處的上帝呢?不也為遠處的上帝嗎?」
24 Obi betumi de ne ho asie baabi a merentumi nhu no ana?” Awurade na ose. “Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma ana?” Awurade na ose.
耶和華說:「人豈能在隱密處藏身,使我看不見他呢?」耶和華說:「我豈不充滿天地嗎?
25 “Mate nea adiyifo a wɔde me din hyɛ atoro nkɔm no keka. Wɔkeka se, ‘Mesoo dae! Mesoo dae!’
我已聽見那些先知所說的,就是託我名說的假預言,他們說:『我做了夢!我做了夢!』
26 Eyi bɛkɔ so akosi da bɛn wɔ atoro adiyifo yi koma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm?
說假預言的先知,就是預言本心詭詐的先知,他們這樣存心要到幾時呢?
27 Wodwen sɛ dae a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfo werɛ afi me din, sɛnea Baal som nti wɔn agyanom werɛ fii me din no.
他們各人將所做的夢對鄰舍述說,想要使我的百姓忘記我的名,正如他們列祖因巴力忘記我的名一樣。
28 Ma odiyifo a waso dae no nka nʼadaeso, na ma nea ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokware mu. Na dɛn na ntɛtɛ ne awi wɔ yɛ?” Awurade na ose.
得夢的先知可以述說那夢;得我話的人可以誠實講說我的話。糠詷怎能與麥子比較呢?這是耶和華說的。」
29 “Na mʼasɛm nte sɛ ogya,” Awurade na ose, “ɛnte sɛ asae a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete ana?
耶和華說:「我的話豈不像火,又像能打碎磐石的大錘嗎?」
30 “Ɛno nti,” Awurade na ose, “mikyi adiyifo a wɔfa nsɛm a efi wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛnea efi me nkyɛn no.
耶和華說:「那些先知各從鄰舍偷竊我的言語,因此我必與他們反對。」
31 Yiw,” Awurade asɛm ni, “mikyi saa adiyifo a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawo ka se, ‘Awurade na ose.’
耶和華說:「那些先知用舌頭,說是耶和華說的;我必與他們反對。」
32 Nokware, mikyi wɔn a wɔhyɛ adaeso ho atoro nkɔm,” Awurade na ose. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atoro nsɛm daadaa me nkurɔfo ma wɔfom kwan, nso mensomaa wɔn na minnyii wɔn. Wɔn so nni mfaso mma saa nnipa yi koraa,” Awurade na ose.
耶和華說:「那些以幻夢為預言,又述說這夢,以謊言和矜誇使我百姓走錯了路的,我必與他們反對。我沒有打發他們,也沒有吩咐他們。他們與這百姓毫無益處。這是耶和華說的。」
33 “Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bisa mo se, ‘Dɛn ne Awurade adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn se, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, Awurade na ose.’
「無論是百姓,是先知,是祭司,問你說:『耶和華有甚麼默示呢?』你就對他們說:『甚麼默示啊?耶和華說:我要撇棄你們。』
34 Sɛ odiyifo bi, ɔsɔfo bi anaa obi foforo si so dua se, ‘Awurade adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fifo aso.
無論是先知,是祭司,是百姓,說『耶和華的默示』,我必刑罰那人和他的家。
35 Eyi ne nea mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘Awurade mmuae ne dɛn?’ Anaa ‘Dɛn na Awurade aka?’
你們各人要對鄰舍,各人要對弟兄如此說:『耶和華回答甚麼?』『耶和華說了甚麼呢?』
36 Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘Awurade adiyisɛm’ so bio; efisɛ obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa nti modannan nsɛm a efi Onyankopɔn, Ɔteasefo, Asafo Awurade yɛn Nyankopɔn nkyɛn no mu.
『耶和華的默示』你們不可再提,各人所說的話必作自己的重擔,因為你們謬用永生上帝、萬軍之耶和華-我們上帝的言語。
37 Eyi ne nea mokɔ so ka kyerɛ odiyifo: ‘Mmuae bɛn na Awurade de ama mo?’ Anaa ‘Asɛm bɛn na Awurade aka?’
你們要對先知如此說:『耶和華回答你甚麼?』『耶和華說了甚麼呢?』
38 Ɛwɔ mu, musi so dua se, ‘Eyi ne Awurade adiyisɛm’ nanso sɛɛ na Awurade ka: Mokae se, ‘Eyi yɛ Awurade adiyisɛm,’ wɔ bere a maka akyerɛ mo se monnka saa nsɛm yi bio.
你們若說『耶和華的默示』,耶和華就如此說:『因你們說「耶和華的默示」這句話,我也打發人到你們那裏去,告訴你們不可說「耶和華的默示」。』
39 Afei, nokware, me werɛ befi mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afi mʼani so.
所以我必全然忘記你們,將你們和我所賜給你們並你們列祖的城撇棄了;
40 Na mede daa animguase, ne daa ahohora a werɛ remfi da bɛba mo so.”
又必使永遠的凌辱和長久的羞恥臨到你們,是不能忘記的。」

< Yeremia 23 >