< Yeremia 22 >

1 Sɛɛ na Awurade se, “Sian kɔ Yudahene ahemfi na kɔpae mu ka saa asɛm yi:
Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Siane kɔ Yudahene ahemfie na kɔpae mu ka saa asɛm yi:
2 ‘Tie Awurade asɛm, Yudahene, wo a wote Dawid ahengua so, wo, wʼakannifo ne wo nkurɔfo a wɔfa apon yi mu.
‘Tie Awurade asɛm, Ao, Yudahene, wo a wote Dawid ahennwa so, wo, wʼadwumayɛfoɔ ne wo nkurɔfoɔ a wɔfa apono yi mu.
3 Sɛɛ na Awurade se: Monyɛ nea ɛteɛ na ɛnam kwan mu. Munnye nea wɔabɔ no korɔn mfi ne hyɛsofo nsam. Monnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na munnhwie mogya a edi bem ngu wɔ ha.
Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monyɛ deɛ ɛtene na ɛda ɛkwan mu. Monnye deɛ wɔabɔ no korɔno mfiri ne hyɛsofoɔ nsam. Monnyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na monnhwie mogya a ɛdi bem ngu wɔ ha.
4 Sɛ moyɛ ahwɛyie na mudi saa ahyɛde yi so a, ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo ne wɔn nkurɔfo bɛfa saa ahemfi apon yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.
Sɛ moyɛ ahwɛyie na modi saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ ne wɔn nkurɔfoɔ bɛfa saa ahemfie apono yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.
5 Enti sɛ moanni saa nhyehyɛe yi so a, Awurade na ose, “Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfi yi bɛdan ofituw.”’”
Enti sɛ moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade na ɔseɛ, Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfie yi bɛdane fituo.’”
6 Nea Awurade ka fa Yudahene ahemfi ho ni: “Ɛwɔ mu wote sɛ Gilead ma me, te sɛ Lebanon mmepɔw atifi, nokware, mɛyɛ wo sɛ nweatam, sɛ nkurow a obiara nte mu.
Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie: “Ɛwom sɛ medɔ wo te sɛ Gilead na wote sɛ Lebanon mmepɔ atifi, nanso, mɛyɛ wo sɛ anweatam, sɛ nkuro a obiara nte mu.
7 Mɛsoma asɛefo abɛtoa mo, obiara ne nʼakode, wobetwitwa mo sida mpuran fɛfɛ no mu na wɔatow agu ogya no mu.
Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo, obiara ne nʼakodeɛ, wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu na wɔato agu ogya no mu.
8 “Nnipa a wofifi aman bebree so betwa mu wɔ kuropɔn yi so, na wobebisabisa wɔn ho wɔn ho se, ‘Adɛn nti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛse yi sɛɛ?’
“Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’
9 Na mmuae no bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ wɔagyaw Awurade, wɔn Nyankopɔn apam no akɔsɔre anyame afoforo asom wɔn.’”
Na mmuaeɛ no bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’”
10 Munnsu ɔhene a wafi mu, na munni ne ho awerɛhow; mmom, munsu dennen mma nea ɔkɔ nnommum mu, efisɛ ɔrensan nʼakyi na ɔrenhu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.
Monnsu ɔhene a wafiri mu, na monni ne ho awerɛhoɔ; mmom, monsu denden mma deɛ ɔkɔ nnommumfa mu, ɛfiri sɛ ɔrensane nʼakyi na ɔrenhunu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.
11 Na sɛɛ na Awurade ka faa Yosia babarima Salum a odii nʼagya ade sɛ Yudahene na wafi ha no ho: “Ɔrensan mma bio.
Na yei ne deɛ Awurade ka faa Yosia babarima Salum a ɔdii nʼagya adeɛ sɛ Yudahene na wafiri ha no ho: “Ɔrensane mma bio.
12 Obewu wɔ faako a wɔafa no nnommum kɔ hɔ; na ɔrenhu saa asase yi bio.”
Ɔbɛwu wɔ baabi a wɔafa no nnommum akɔ hɔ; na ɔrenhunu saa asase yi bio.”
13 “Nnome nka nea ɔmfa ɔkwan trenee so nsi nʼahemfi, ɔde asisi si nʼabansoro, ɔma ne manfo yɛ adwuma kwa, ontua wɔn apaade so ka.
“Nnome nka deɛ ɔmfa ɛkwan tenenee so nsi nʼahemfie, na ɔde nsisie si nʼabansoro. Nnome nka deɛ ɔma ne ɔmanfoɔ yɛ adwuma kwa, na ɔntua wɔn apaadie so ka.
14 Ɔka se, ‘Mesi ahemfi kɛse ama me ho nea ɛwɔ abansoro adan a mu soso.’ Enti ɔyɛ mfɛnsere akɛse wɔ mu, ɔde sida dura mu na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.
Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’ Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu; ɔde ntweneduro dura mu na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.
15 “Wowɔ sida bebree a na ɛma woyɛ ɔhene ana? Na wʼagya nni aduan ne nsa ana? Ɔyɛɛ nea ɛfa ne kwan mu na ɛteɛ, enti esii no yiye.
“Wowɔ ntweneduro bebree a na ɛma woyɛ ɔhene anaa? Na wʼagya nni aduane ne nsã anaa? Ɔyɛɛ deɛ ɛfa ne ɛkwan mu na ɛtene, enti ɛsii no yie.
16 Odii mmɔborɔfo ne ahiafo nsɛm maa wɔn, enti biribiara yɛɛ yiye maa no. Na ɛnyɛ eyi na ɛkyerɛ sɛ obi nim me ana?” Awurade na ose.
Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn, enti biribiara yɛɛ yie maa no. Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?” Awurade na ɔseɛ.
17 “Mo ani ne mo koma wɔ mfaso bɔne nko ara so, sɛ muhwie mogya a edi bem gu na moyɛ nhyɛso ne asisi nso.”
“Mo ani ne mo akoma wɔ mfasoɔ bɔne nko ara so, sɛ mohwie mogya a ɛdi bem guo na moyɛ nhyɛsoɔ ne nsisie nso.”
18 Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho: “Wɔrensu no: ‘A, me nuabarima! A, me nuabea!’ Wɔrensu no: ‘A, me wura! A, nʼahoɔfɛ!’
Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho: “Wɔrensu no sɛ: ‘Aa, me nuabarima! Aa me nuabaa!’ Wɔrensu no sɛ: ‘Aa, me wura! Aa nʼahoɔfɛ!’
19 Wobesie no sɛ afurum, wɔbɛtwe nʼase na wɔatow no akyene Yerusalem apon akyi.”
Wɔbɛsie no sɛ afunumu. Wɔbɛtwe nʼase na wɔato no atwene Yerusalem apono akyi.”
20 “Monkɔ Lebanon nkosu, momma wɔnte mo nne wɔ Basan, munsu mfi Abarim, efisɛ wɔadwerɛw mo dɔm nyinaa.
“Monkɔ Lebanon nkɔ su, momma wɔnte mo nne wɔ Basan; monsu mfiri Abarim, ɛfiri sɛ wɔadwerɛ mo mpamfoɔ nyinaa.
21 Mebɔɔ wo kɔkɔ, bere a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo no, nanso wokae se, ‘Merentie!’ Eyi ne ɔkwan a wonam so fi wo mmerantebere mu; woanyɛ osetie amma me.
Mebɔɔ wo kɔkɔ, ɛberɛ a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo, nanso wokaa sɛ, ‘Merentie!’ Yei ne ɛkwan a wonam so firi wo mmerante berɛ mu; woanyɛ ɔsetie amma me.
22 Mframa bɛbɔ wo nguanhwɛfo nyinaa akɔ, na wʼapamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu. Afei wʼani bewu na wʼanim agu ase esiane wʼamumɔyɛ nyinaa nti.
Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ, na wʼampamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu. Afei wʼani bɛwu na wʼanim agu ase ɛsiane wʼamumuyɛ nyinaa enti.
23 Mo a mote Lebanon, na modeda sida adan mu, sɛnea mubesi apini wɔ ɔyaw mu, ɔyaw ɛte sɛ ɔbea a ɔreko awo de.
Mo a mote Lebanon, na modeda ntweneduro adan mu, ɛrenkyɛre koraa, sɛ ɔyea ba mo so a, mobɛsi apene te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.
24 “Nokware, sɛ mete ase yi,” Awurade na ose, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛ me nsa nifa so nsɔwano kaa a, anka mɛworɔw wo.
“Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo.
25 Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wusuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafo.
Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ.
26 Mɛpam wo ne ɛna a ɔwoo wo no akogu ɔman foforo so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, hɔ na mo baanu bewuwu.
Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu.
27 Morensan mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsan aba so no so bio.”
Morensane mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsane aba so no bio.”
28 Saa ɔbarima Yehoiakin yi yɛ asɛnka a abɔ ade a obiara mpɛ ana? Adɛn nti na wɔbɛpam ɔne ne mma, akogu asase a wonnim so no so?
Adɛn enti na saa ɔbarima Yehoiakin te sɛ ayowaa a abɔ, adeɛ a obiara mpɛ anaa? Adɛn enti na wɔbɛpam ɔne ne mma, akɔgu asase a wɔnnim soɔ so?
29 Ao, asase, asase, asase! Tie Awurade asɛm!
Ao, asase, asase, asase! Tie Awurade asɛm!
30 Sɛɛ na Awurade se: “Monkyerɛw ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a onni ba, ɔbarima a ɔrennya nkɔso ne nkwa nna nyinaa na nʼasefo mu biara rennya nkɔso, na wɔn mu biara rentena Dawid ahengua so na wɔrenni Yuda so hene bio.”
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Montwerɛ ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a ɔnni ba, ɔbarima a ɔrennya nkɔsoɔ ne nkwa nna nyinaa na nʼasefoɔ mu biara renya nkɔsoɔ, na wɔn mu biara rentena Dawid ahennwa so na wɔrenni Yuda so ɔhene bio.”

< Yeremia 22 >