< Yeremia 21 >
1 Asɛm fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfo Sefania kɔɔ ne nkyɛn no. Wɔkae se,
Ty tsara’ Iehovà am’Iirmeà, ie nirahe’ i Tsidkià ama’e t’i Paskore ana’ i Malkià naho i Tsefanià ana’ i Maaseia mpisoroñe nanao ama’e ty hoe:
2 “Bisa Awurade, ma yɛn efisɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebedi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwonwade ama yɛn, sɛnea ɔyɛɛ mmere bi a atwa mu no na ama wafi yɛn so akɔ.”
Ehe, mihalalia ho anay am’ Iehovà; amy te maname aly aman-tika t’i Nebokadnetsare mpanjaka’ i Bavele; hera hitoloñe ho antika t’Iehovà manahake i hene fitoloña’e fanjaka rezay, hampihakañe aze aman-tika.
3 Na Yeremia buaa wɔn se, “Monka nkyerɛ Sedekia se,
Le hoe t’Iirmeà am’ iereo: Ty hoe ty ho saontsie’ areo amy Tsidkià:
4 ‘Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Merebɛdan mo nsam akode atia mo, nea mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafo a wɔwɔ ɔfasu no akyi na wɔatua mo kuropɔn no ano. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu.
Hoe t’Iehovà Andrianañahare’ Israele: Inao! hafoteko o fialiañe ampità’ areoo, o fialia’ areo amy mpanjaka’ i Baveleio, naho amo nte-Kasdy mamalañe anahareo alafe’ o kijolioo, fa hatontoko an-drova atoy iereo.
5 Me ara mede nsa a mateɛ ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo wɔ abufuw, anibere ne abufuwhyew mu.
Le Izaho avao ty hialy ama’ areo am-pità’ natorakìtsy naho an-tsirañe maozatse, naho an-kaboseke mileveleve, vaho am-pifombo miforoforo.
6 Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bekunkum wɔn.
Le ho lafaeko o mpimone’ ty rova toio, ndra ondaty ndra biby; hampihomahe’ ty angorosy jabajaba.
7 Ɛno akyi, Awurade asɛm ni, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfo ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, afoa ne ɔkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Ɔde afoa bekunkum wɔn; ɔrenhu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehye mma wɔn.’
Ie heneke, hoe t’Iehovà, le haseseko am-pità’ i Nebokadnetsare mpanjaka’ i Bavele naho am-pità’ o rafelahi’eo, naho am-pità’ o mipay ty fiai’eo t’i Tsidkià mpanjaka’Iehodà naho o mpitoro’eo, naho ze ondati’ an-drova atoy sinisa’ i angorosiy naho i fibaray, naho i hasalikoañey; vaho ho lafae’e an-kasiom-pibara, le tsy hihevea’e, tsy hiferenaiña’e, vaho tsy hitretreza’e.
8 “Bio, ka kyerɛ nnipa no se, ‘Eyi ne nea Awurade se: Hwɛ mede nkwa kwan ne owu kwan resi mo anim.
Le hoe ty hatao’o am’ondaty retoa: Hoe ty nafè’ Iehovà: Hehe te apoko aolo’ areo eo ty lalan-kaveloñe naho ty lalam-pikoromahañe.
9 Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bewu wɔ afoa anaa ɔkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara a obepue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafo a wɔabetua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi.
Ze tambatse an-drova atoy ho vonoe’ ty fibara naho ty kerè, vaho ty angorosy; fe ho veloñe ze miakatse, miambane amo nte-Kasdy mañarikatok’ anahareoo, le ho tamben-ali’e ty fiai’e.
10 Mawe ahinam sɛ mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ose. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhyew no.’
Fe nampiatrefeko ami’ty rova toy ty tareheko ho hekoheko fa tsy hasoa, hoe t’Iehovà; ie hatolotse am-pità’ i mpanjaka’ i Baveley, vaho ho forototoe’e amañ’afo.
11 “Nea ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehye se, ‘Muntie Awurade asɛm;
Le i anjombam-panjaka’ Iehodày, janjiño ty tsara’ Iehovà;
12 Dawidfi, sɛɛ na Awurade se: “‘Mummu atɛntrenee anɔpa biara; munnye nea wɔabɔ no korɔn no mfi ne nhyɛsofo nsam, anyɛ saa a, mʼabufuwhyew bɛsɔre na ahyew sɛ ogya esiane bɔne a moayɛ nti, ɛbɛhyew a obiara rennum no.
Ry anjomba’ i Davide, hoe t’Iehovà: Ano ty hatò boak’andro, vaho avotsoro am-pità’ ty mpamorekeke i nikamereñey, tsy mone hionjoñe hoe afo ty habosehako, hamorototoako tsy ho lefe vonoeñe, ty amo haloloam-pitoloña’ areoo.
13 Mene mo anya, Yerusalem Mo a mote obon yi atifi abotan asasetaw so, Awurade na ose, mo a moka se, “Hena na obetumi ako atia yɛn? Hena na obetumi ahyɛn yɛn hintabea?”
Hehe te miatrek’azo raho ry mpimoneñe am-bavatane ao, hoe t’ie vato a montoñe ey, hoe t’Iehovà: amy ty fatao’ areo ty hoe: Ia ty hizotso haname anay? ndra ia ty himoak’ añ-akiba’ay atoa.
14 Mɛtwe mo aso sɛnea ɛfata mo nneyɛe, Awurade na ose. Mɛto mo kwae mu gya, a ɛbɛhyew biribiara a atwa mo ho ahyia no.’”
Toe ho liloveko ty amo vokam-pitoloña’ areoo, hoe t’Iehovà; naho hamiañako afo i ala’ey, vaho fonga ho tomontoñe ze mañohok’ aze.